Bible No Nkɛntɛnso A Ɛyɛ Nwonwa—Wɔ Akwan A Pii Bu Ani Gu So So
NIPA ɔpepem pii de emu nsɛm abɔ wɔn bra. Pii awu wɔ ho. Ná eyinom nyinaa ani gye ho. Afoforo nso, esiane nyamesom anaa amammuisɛm nti, wɔakyerɛ sɛ wɔmpɛ koraa na wɔahaw wɔn a wogye di no, ayɛ wɔn ayayade, akunkum wɔn. “Ɛyɛ” nhoma; nnipa pii fam no, NHOMA NO.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible no akanyan nkate a emu dɔ sɛɛ no ara mpo dɔɔso ma akyerɛ sɛ ɛnyɛ nhoma bi ara kwa. Biribi bɛwɔ hɔ a ɛyɛ soronko wɔ nhoma a ne nkratafa boro apem, a wɔakyerɛ nhoma mũ no nyinaa ase akɔ kasa horow 275a mu ne n’afã ahorow ase akɔ kasa horow bɛboro 1,710 mu yi ho.
Bible no ne nhoma a wɔatɔn sen biara wɔ wiase wɔ bere nyinaa mu, wobu akontaa sɛ wɔatintim mfuamfua 2,500,000,000. Afei nso wɔda so ara rekyerɛ ase akɔ kasa afoforo mu, na wɔresan akyerɛ ase akɔ wiase kasa atitiriw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi nsɛm ahorow a asete yɛ den no afi mfitiase de a wɔkyerɛwee wɔ Hebri, Aram ne Hela kasa mu no mu. Dɛn nti na mmɔdenbɔ ahorow yi nyinaa, sɛ Bible no yɛ “nhoma bi ara kwa” a?
Nhoma biara nni asase so a akanyan nnipa pii wɔ wɔn adwumayɛ mu saa. Nneɛma akɛse a wɔayɛ wɔ wiase no mu pii—nnwom ahorow, mfonini ahorow, nnwinne, anwensɛm ahorow, agoru ahorow ne nhoma afoforo—yɛ nea egyina Bible nsɛmti ahorow so. Wɔakyerɛw nhoma ahorow ahorow a ne nyinaa yɛ nea atirimpɔw no ne sɛ wɔde reboa nkurɔfo ma wɔanya nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no mu ntease kɛse. Nhoma foforo bɛn na anya ɛho nhwehwɛmu nhoma ne nneɛma afoforo a ɛfa ho a abenfo akyerɛw saa?
Yebetumi ahu adanse a ɛkyerɛ Bible no nkɛntɛnso a anya wɔ nkurɔfo asetra mu wɔ mfehaha no mu no wɔ kasa mu nso. Nsɛmfua ne kasakoa ahorow a efi Bible mu ayɛ Engiresi kasa no ma. Nnɛyi German kasa no anya pii afi Luther Kyerɛw Kronkron nkyerɛase no mu, na ɛte saa ara wɔ Europa kusuu fam kasa horow no ho. Fransefo nsɛm asekyerɛ nhoma a akyɛ sen biara (afeha a ɛto so 8 Y.B.) no yɛ Bible mu nsɛmfua a wɔakeka abom wɔ Latin ne Franse kasa mu, na wɔakyerɛw nhoma mũ a ɛfa nkɛntɛnso a Bible no anya wɔ Franse kasa so no ho. Nhoma foforo bɛn na akã nnipa kasa ne nsusuwii wɔ kasa horow pii mu saa?
1979 Encyclopaedia Britannica kɔ so ka sɛ: “Bible no de n’adwene wɔ Onyankopɔn, amansan ne adesamma ho no baa Atɔe fam kasa atitiriw no mu na enti ɛbaa Atɔe famni nsusuwii ahorow mu. . . . Nanso nnɛyi nnipa ɔpepem pii a wonsusuw sɛ wɔyɛ nyamesomfo no de nsusuwii ahorow a esi Bible no so dua no tra ase. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobebu tumi a nsusuwii ahorow a ɛte sɛɛ anya wɔ Atɔe Famfo adwene ne su horow a ɛresesa so a ɛfa sɛnea nniso, ahyehyɛde ahorow, ne sikasɛm ho nkyerɛkyerɛ ahorow te ne n’atirimpɔw ho no ho akontaa.”
Napoleon Bonaparte gye toom bere bi sɛ Bible no yɛ nhoma a “ɛwɔ tumi a edi wɔn a wɔsɔre tia nyinaa so.” Akyinnye biara nni ho sɛ esiane sɛ afoforo nso aba abehu nkɛntɛnso kɛse a Bible no betumi anya wɔ nkurɔfo suban so no nti na nnipa binom a wɔwɔ tumi ani nnye Bible no ho na wɔataa wɔn a wɔn ani gye ho na wodi akyi no. Nea ɛyɛ nwonwa no, eyi ayɛ nea ɛte saa wɔ nyamesom ankasa mu nso, sɛnea nsɛm a edidi so yi bɛkyerɛ no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Bɛyɛ sɛ kasa horow 160 yɛ nea nnipa ɔpepem biako anaa nea ɛboro saa ka.