Bible Nnyinasosɛm Ne Bɔhyɛ Ahorow A Ɛde Anigye Ankasa Ba
Bible no nyɛ sikasɛm anaa amammui ho nhoma. Nanso, ɛkasa tia nsisi, na ɛka nnipa nhyehyɛe horow awiei ne nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne yiyedi wom wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase a ebesi ɛnonom ananmu ho asɛm.
HONHOM FAM NNEƐMA YE SEN HONAM FAM YIYEDI:
“Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de . . . N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na anigye ne nea okura mu.”—Mmebusɛm 3:13-18, NW.
ƐKASA TIA AMIMDI:
“Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio.”—Yesaia 5:8. “Kom me koma kɔ w adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so.”—Nnwom 119:36.
KƆKƆBƆ A ETIA HONAM FAM ADE DODOW PƐ:
“Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye . . . mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ.”—1 Timoteo 6:9, 10, NW.
“Ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.”—Luka 12:15.
NHYEHYƐE FOFORO A ƐTEƐ HO BƆHYƐ:
“Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
NHYƐSO NYINAA AWIEI:
“Na opoobɔfo agyae, ɔsɛe to atwa, nhyɛsofo asã asase no so. Na wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so, na obi [Kristo, Mesia Hene no] atra so, nokware mu, wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm.”—Yesaia 16:4, 5.
ASETRA A HONHOM FAM NE HONAM FAM NNEƐMA ABU SO WOM:
“[Yehowa] ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma.”—Yesaia 11:9, NW.
“Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.”—Dwom 67:6.