Sɛ Anka Wone Ofiewura Na Eyinom Te Wo Fi A . . .
WƆ BEPƆW bi a ɛhwɛ po no so so no, woasi ofi fɛfɛ bi wɔ asase a nnua wɔ so a esian nkakrankakra so. Odwumfo a ɔbɔ mmɔden yiye asiesie fie no mu a asɛm biara nni ho. Woaduadua nhwiren ahorow a ɛyɛ fɛ wɔ dan no ho, na afei nso wɔaduadua bi wɔ nnaka mu de asisi mfɛnsere no ano. Nnuaba ne nuadewa aturo ma wonya nnuan pii.
Mmeae ahorow yi akyi na nnua atenten atwa sare asase bi ho ahyia a emu na asuwa bi a ɛworo so nenam. Ɛpo mframa a ɛbɔ nenam nhwiren ahorow no mu ma ɛyɛ fɛ kɛse bere a owia rebɔ. Baabiara a wɔbɛdan w’ani ahwɛ no wunya anigye, na wo hwene home mframa a nhwiren a ɛyɛ huam hua ayɛ no ma, na w’aso te nnomaa ahorow su ne nhaban ahorow a mframa nenam mu. Na akyiri nohoaa nso wɔte ɛpo asorɔkye a ɛrehuru.
Wohwɛ wo nsa ano adwuma na w’ani gye, wote nka sɛ woatumi ayɛ biribi. Wopɛ sɛ afoforo tra mu. Woma abusua kɛse bi bɛtra mu na wodan biribiara ma wɔn a ɛho akwankyerɛ ahorow a ɛfa ɛso hwɛ ho ka ho. Wugyaw hɔ kɔ.
Akyiri yi wosan ba na wo ho dwiri wo! Po nsu no ani ayɛ fĩ, ngo ase fĩ ne nwura gugu mpoano hɔ, wɔabubu nnua ahorow no, sare no ahyew, asuwa no mu nsu aka kakraa bi na ani ayɛ fĩ. Nwura gu baabiara. Nnomaa no kɔ, nhwiren no awuwu, nnua no awuwu na wɔasɛe turo no nyinaa.
Aduru a wɔde aka ɔdan no ho no awaewae. Fie no mu fam hɔ nyinaa ayɛ fĩ, wɔde nneɛma asensan afasu no ho, na nkongua ne nneɛma a ɛtete saa a ɛwɔ hɔ no nso saa ara. Nnuan a wɔadi ma aka gugu mukaase hɔ na nkankyee ne ade a emu ayɛ fĩ nso sisi hɔ. Nnwom ahorow a ano yɛ den fi adan no bi mu ba, wote sɛ wɔreham wɔ afoforo mu, na aguamammɔ ne afideyɛ ahorow nyinaa bi kɔ so wɔ ebinom mu. Abusua a wɔde nneɛma hyɛɛ wɔn nsa ano adɔɔso kɛse, na emufo no ne wɔn ho ham na wɔko na mpo wokunkum wɔn ho wɔn ho.
Bere a wohwɛ sɛnea wɔasɛe wo fi no ne asase a ɛda ho no, na wuhu sɛnea wɔn a wɔte mu no bra asɛe no, dɛn na ɛba w’adwene mu? Ná eyi yɛ wo nsa ano adwuma. Wone ofiewura. Saa nnipa yi te wo fi. Ɛda adi sɛ wɔn ani nsɔ nea woyɛ maa wɔn no. Wɔabu wɔn ani agu wo akwankyerɛ ahorow a ɛfa sɛnea wɔbɛhwɛ w’agyapade no so no so. So wubegyaw wɔn wɔ hɔ? Dɛn na wobɛyɛ?
Saara na “asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa] dea.” (Dwom 24:1) Bere a ɔbɔe akyi no ‘ohuu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ eye papa.’ (Genesis 1:31) Ɔde nnipa traa asase no so na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ so—nnua, mmoa, ɛhɔ nyinaa. Afei mfirihyia 6,000 akyi no, dɛn na ohu? Ɔte nka dɛn wɔ nea ohu no ho? Dɛn na ɔbɛyɛ?