Dadwen Ne Haw Sɛe Mmarima Bebree
Atesɛm krataa kyerɛwfo Jim Sanderson kaa suban ahorow a ɛma mmarima bebree nya adwenemhaw ho asɛm nnansa yi.
“Amerika ɔmanfo akwahosan ho akontaabu kyerɛ sɛ mmarima a wɔnkɔ nnuruyɛfo hɔ te sɛ nea mmea kɔ no yɛ ɔha mu nkyem 25. Bere a awiei koraa no mmarima gye tom sɛ wohia mmoa no, ebia na ɔhaw no akɔ akyiri sen sɛnea ɛsɛ sɛ ɛkɔ.”
Saa kateeyɛ su, a nea adwennwene de ba ka ho no, betumi de nsakrae a ɛyɛ ahodwiriw aba. Wɔ 1920 mfe no mu no, ɛkame ayɛ sɛ na ɔbarima biara wu gya ɔbea afe. Mprempren owu gya ɔbea bɛboro mfe 7. Sanderson kɔ so sɛ:
“Ɛmfa ho sɛ wayɛ adwumaden, ɔnte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔda mpa mu gye n’ahome. Ɛsɛ sɛ ɔbarima sɔre yɛ biribi a ɛso wɔ mfaso. . . . Mmarima bebree te nka sɛ sɛ́ wobɛsrɛ mmoa nso yɛ “mmea adeyɛ’ . . . Sɛ́ wobɛyare kyerɛ wo ho a wode reto obi so. Sɛ́ obi bɛkɔ akɔhwɛ sɛnea ne ho te afe biara no yɛ nea ntease nni mu.
“Obiara nnim nyarewa dodow a ɛka mmarima a adwennwene na ɛde bae kar a wɔka no daa, botae horow a wɔrepere hwehwɛ a bere nyinaa ɛte sɛ nea edi ɔbarima anim. Sɛ biribi haw ɔbea a, onim ɔkwan a ɔfa so dwudwo saa nkate no ano [sɛ ebia ɛdenam osu so]. Nanso sɛ́ ɔbarima bɛyɛ saa no kyerɛ ne ho so a ontumi nni.”
Nea ɛyɛ anigye no, na saa asɛm yi a ɛwɔ “Seattle Times” mu no ti ne sɛ “Mmarimasɛmdi Yɛ Awudi.”