Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 12/8 kr. 12-15
  • So Na “Nnipa A Wɔte Sɛ Mmoa” Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Na “Nnipa A Wɔte Sɛ Mmoa” Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1981
Nyan!—1981
g81 12/8 kr. 12-15

So Na “Nnipa A Wɔte Sɛ Mmoa” Wɔ Hɔ?

NHOMA ahorow, nsɛmma nhoma ahorow, nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ atetede akorae ne mfonini ahorow a ɛyɛ serew mpo anya nkɛntɛnso kɛse ma bere nyinaa nkurɔfo susuw “nnipa a wɔte sɛ akaatia” ne “adanse horow bi a ayera” ho bere biara a obi ka nnipa a wɔte sɛ mmoa a wɔhyehyɛ abodan mu ho asɛm no. So saa na wususuw? Ɛkame ayɛ sɛ din horow yi abɛyɛ nea wɔde gyina hɔ ma abɔde horow bi a wɔkyerɛ sɛ na ɛwɔ hɔ wɔ “adannandi mu,” efi tete nnipa a wɔtete sɛ nkontromfi so besi onipa so, sɛnea ɔte nnɛ no. So eyi yɛ ampa? So na “nnipa a wɔte sɛ mmoa” wɔ hɔ sɛnea adannandi kyerɛ no? So nnɛyi adebɔ ho nyansahu akyerɛ sɛ saa nsusuwii ahorow yi yɛ nokware?

Nnipa a wonni ho nimdeɛ fa no sɛ wiase nyansahu ama ne nyinaa mu ada hɔ, sɛ onipa nam adannandi ahorow so na ɛbae, na enti nkurɔfo susuw sɛ na teteete nnipa a wɔte sɛ nkontromfi a wɔtete abodan mu wɔ hɔ, na mpo wɔne mmoa te sɛ aketere akɛse a wɔn ho yɛ hu traa ase bere koro mu. Dɛn ntia? Wiɛ, esiane mfonini ahorow a wɔahu nti wosusuw sɛ nyansahufo ahu abɔde ankasa, sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi ne ho nhwi bebree, ne mu akõm, ne ade!

Nanso, adanse no mu nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nsonsonoe da nea nyansahufo nim ankasa ne nea wosusuw sɛ ebetumi aba sɛ ɛwɔ hɔ no ntam? Sɛ nhwɛso no, wɔ abakɔsɛm mu atetede akorae bi a agye din mu no, wɔahyehyɛ asoroboa ahorow a wɔkyerɛ sɛ ɛde besi onipa so, a ɛkyerɛ “asoroboa abusua hama” nso. Nanso nkyerɛkyerɛmu titiriw bi ka ho sɛ: “Esiane sɛ abɔde a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho tete adanse a edi mu nni hɔ nti, afã horow no bi yɛ osusuka ara kwa.’” Nneɛma a wɔbɔ tirim ka nyɛ nokwasɛm ankasa. Adanse biara nni abusuabɔ ne bere tenten a adi no ho.

Ɛyɛ nokware sɛ nyansahufo ahu abodan a nsõ a efi ogya mu ne nnuan ne nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛkyerɛ sɛ nnipa atra hɔ wɔ mu de. Nanso saa adanse no nkyerɛ yɛn sɛ tete nnipa nyinaa traa abodan mu, anaasɛ obiara a ɔyɛɛ saa no ne abɔde a wɔhyɛ yɛne “tete nnipa a wɔte sɛ mmoa” no ntam. Nnipa bi wɔ hɔ nnɛ a wɔtete abodan mu, te sɛ Tasadayfo a wofi Mindanao wɔ Philippines no. Bere a ebia ebinom bebu Tasadayfo no sɛ wɔyɛ tete nnipa a wɔn ani mmuei esiane sɛnea wɔn asetra te nti no, wɔn ho nyɛ nhwi te sɛ mmoa, na wɔnnantew te sɛ nkontromfi koraa.

Nanso so nyansahufo nhuu tikoraa ne nnompe ahorow a ɛte sɛ kontromfi de, a edi adanse sɛ na abɔde a wɔte saa wɔ hɔ bere bi a atwam anaa? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa nneɛma yi a wohu no nnɔɔso. Nnompe kakraa bi nyɛ nea wobetumi de ahu eyi. Nea ɛto so abien no, ɔkwan a nnipa fa so kyerɛkyerɛ nea wohu mu ma ɛde ɔhaw no ba. Adanse ketewaa bi a wogyina so kyerɛkyerɛ biribi mu yɛ nea nyansa nnim. Obi a ogye adannandi tom kae sɛ: “Sɛnea ɛte bere nyinaa no, nea wɔatutu wakohu a wɔakora so ho adanse kura nkyerɛkyerɛmu bebree.” Ɔfoforo kaa ho asɛm sɛ: “Nnipa adannandi ho adesua yɛ agodi, mmom sen sɛ ɛyɛ adebɔ ho nyansahu ankasa.” Ɛdefa mfe dodow a saa nneɛma yi adi ho no, ɔfoforo kɔɔ so kae sɛ: “Obiara a ɔte nka sɛ yɛadi asɛm a emu yɛ den ho dwuma awie no redaadaa n’ankasa ho.” Nyansahufo ne wɔn ho wɔn ho nyɛ adwene wɔ nea wɔahu no ho. Wɔsan hyehyɛ nea wɔahu no, wɔkyerɛkyerɛ mu; afei wɔsan kyerɛ nea wɔakyerɛkyerɛ mu no mu bio na wɔsakra wɔn nsusuwii ahorow. Sɛ́ nhwɛso no:

TETE NIPA A ƆWƆ AMEMENE NKETEWA ABIEN yɛ nea wohui wɔ 1980 mfe no mfiase, nanso na ɛnyɛ nnompe ntoatoaso a edi mu. Encyclopedia Americana se “na ekura tikoraa ne srɛ dompe nkutoo.” Ná nea aka no yɛ osusuka, nanso wɔyɛ ne mfonini ahorow te sɛ obi a ne ho wɔ nhwi te sɛ akaatia na ne mu akõm. So wususuw sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔnam nnompe kakraa bi pɛ so betumi akyerɛ nhwi dodow a na abɔde bi wɔ ne sɛnea na ne honam ani hwɛbea te? Onii a ɔhwehwɛ kohui no kae sɛ na wahu “kontromfi-nipa,” nanso nyansahufo ka nnɛ sɛ na ɛyɛ tete nipa. Nkyerɛkyerɛmu asakra!

ONIPA A ƆTRAA ASE KAN TETEETE yɛ nea wɔde bɛboro mfe 40 kyerɛe sɛ ɛyɛ “adannandi” ho adanse biako. Nea ɛnkyɛe biara wɔ 1956 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu sɛ “tete hɔ nnipa a wɔte sɛ mmoa a wɔn ase atɔre.” Nanso wɔ nea wɔyɛɛ no akyiri yi no mu no, nsɛm asekyerɛ nhoma koro no ara frɛɛ no “atoro a wɔahyɛ da adi” ne “nnaadaa kɛse.” Nkyerɛkyerɛmu ahorow no sakrae bio. Dɛn ntia? ‘Wɔ mfe a ɛda ntam no mu no, adanse kyerɛe sɛ na ɛyɛ nnaadaa, a wɔboapa siesiei ma ayɛ te sɛ kontromfi-nipa a wɔatutu akohu a wɔakora so. Bere a na tikoraa no yɛ onipa de no, na abogye no yɛ abɔde foforo bi, a ebetumi aba sɛ ɛyɛ eku de. Obi bɔɔ mmɔden sɛ “obehu” kontromfi-nipa! Dɛn nti na nyansahufo maa adanse a ɛnyɛ nokware daadaa wɔn ntɛm saa? So ɛyɛ anidaso a wonni anaasɛ wɔn ho a ɛyeraw wɔn, ebia nneɛma a ɛso nni mfaso a woregye atom?

ONIPA A NE NSƐSO NE NE SUBAN TE SƐ NEA ƆTRAA ABODAN MU nso yɛ nea wɔfrɛ no adannandi no afã horow a agye din no mu biako. Bere a wohuu tikoraa fã a edi kan no, nyansahufo bi frɛɛ no ogyimfo bi tikoraa. Nkakrankakra, nkyerɛase ahorow sesãe bere a wohuu nnompe pii no. Wɔ tete nneɛma a wɔsan yɛɛ no foforo mu a ɛdaa nnipa a wɔn nsɛso ne wɔn suban te sɛ wɔn a wɔtraa abodan mu adi sɛ wɔn mu akõm na wɔte sɛ kontromfi a wɔwɔ nsa atenten mu no, mprempren yɛwɔ nhoma ahorow a ɛka sɛ “akyinnye biara nni ho sɛ na abɔde a wɔte saa no ne nnipa binom a wɔwɔ hɔ nnɛ di nsɛ.” Encyclopedia bi ka mprempren sɛ na wɔyɛ “nnipa ankasa.” Nsakrae bɛn ni! Sɛ wɔde mfonini ahorow a wɔayeyɛ wɔ nhoma ahorow mu toto ho a, ɛbɛkyerɛ nsakrae horow a wɔayɛ a ɛwɔ onipa a wɔkyerɛ sɛ na ɔte sɛ kontromfi a ɔtraa abodan mu no mu. Na sɛ́ anka ɔyɛ ogyimfo mmom no, mprempren woagye atom sɛ na saa tete nipa no wɔ amemene a ɛsõ sen nnɛyi nnipa de!

Ade biako nti a nyansahufo susuwii sɛ na tete nipa a ɔte abodan mu no kotow fam na ne mu akɔntɔn no yɛ serew kɛse. Na tete ɔhonam nnompe a ɛtoatoam bi a wohui no anan mu akontonkonton na emu akõm. Yiw, esiane sɛ na wɔrehwehwɛ abɔde a wɔte sɛ nkontromfi ma ɛne wɔn adesua ahyia nti, hwɛ yɛ a na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi mfomso! Akyiri yi, bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri no, ɛdaa adi sɛ na ɔhonam nnompe a ɛtoatoam no adi dɛm esiane nnompe mu ɔyare bi nti!

Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Wɔ mmɔden a na wɔrebɔ ama nneɛma a woahu ne abusuabɔ a ɛda nkontromfi ne onipa ntam adi nsɛ mu no, bere a adannandifo dii kan siesiee tete nipa anan nnompe no, nhoma bi se, “wɔma ɛyɛe te sɛ kontromfi de.” Nanso nhoma koro no ara ka sɛ anan no ankasa “te sɛ nnɛyi nipa de.” Hwɛ anan ho mfonini (a ɛwɔ kratafa 13 no.) So wususuw sɛ edi nsɛ yiye ma ɛsɛ sɛ wodi mfomso ka sɛ ne nyinaa yɛ ade koro?

ABƆDE A WOTE SƐ NNIPA A WƆN AMEMENE YƐ NKETEWA wɔ hɔ a wɔasua ho ade, esiane sɛ wɔahu wɔn nnompe no bebree nti. So yegye di yiye sɛ onipa fi wɔn mu? Nhoma ahorow se: “Sɛnea wɔn hwɛbea te no yɛ nea wɔbɔɔ tirim yɛe.” “Nsɛmmisa ahorow da so ara wɔ nimdeɛ a yɛwɔ wɔ yɛn nananom ho no mu, na nneɛma binom a yesusuw sɛ yenim wɔ wɔn ho no nnyina hwee so sɛ nneɛma a wɔatɔ wɔn bo ase asusuw aka.” Nanso nhoma ahorow ma ɛyɛ sɛ ɛyɛ akwan horow a onipa nam so bae.

“ONIPA A NE HO YƐ NHWINHWI” yɛ ade a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye na wannye nea ohu wɔ mfonini ahorow mu nyinaa antom. Nhoma biako bisa sɛ: “So na wɔn ho yɛ nhwinhwi?” Ebua sɛ: “Ɛrenyɛ saa​—anyɛ yiye koraa no na wɔn ho nyɛ nhwi nsen sɛnea nnipa bebree a wɔte ase nnɛ no te. Nanso wɔ kratafa bi a edi kan wɔ nhoma koro no ara mu no, ɛda biako adi sɛ aboa kɛse bi a ne ho wɔ nhwi te sɛ mfonini a ɛwɔ atifi ho no. So ɛno yɛ nokware?

Nokwasɛm ahorow no da adi sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ abusuabɔ da onipa ne mmoa a wɔte sɛ nnipa ntam. Ná “tete nnipa a wɔte sɛ mmoa a wɔtete abodan mu” biara nni hɔ wɔ saa kwan no so. Ɛnyɛ adanse horow nko na ayera​—na mmom biribi a ɛte saa ankasa nni hɔ. Wɔ akwan binom so no, nea wɔaka sɛ ɛyɛ adanse no ayɛ atoro, wɔasakra no, na wɔasiesie no ma ɛne nsusuwii a woadi kan abɔ wɔn tirim anya no ahyia. Wɔ nsɛm afoforo mu no, wɔakyerɛ ase, asan akyerɛ ase, na wɔasɛe nkyerɛase no de adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnyɛ nokware so.

Nanso, onipa yɛ sɛnea Bible kyerɛ sɛ ɔyɛ no ara pɛ​—soronko, abɔde titiriw. (Gen. 1:26, 27, 2:20) Sɛ wɔde no toto mmoa ho a, ɛnyɛ sɛ onipa amemene sen mmoa de koraa, na mmom ne nipadua nso te saa ara. Adannandifo binom de anigye ka sɛ: “Ade a ɛkanyan anigye wɔ nipadua no ho ne sɛ ɛyɛ soronko. Biribiara nte sɛ ɛno wɔ wiase.”

[Kratafa 13 mfoni]

akaatia

onipa

eku

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena