Mmofra a Wobu Bra Pa
Ɔrekyerɛw afi Peking no, New York Times kyerɛwfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amerikafo a wɔkɔsra China kɔ so ara nya anigye, ampa, wɔn ho taa dwiriw wɔn, esiane suban pa a ɛkame ayɛ sɛ Chinafo mmofra nyinaa wɔ no nti. Wodwo, wɔyɛ osetie, na wɔyɛ ntɛm di wɔn akyerɛkyerɛfo akwankyerɛ horow akyi, na wɔntaa nyi basabasayɛ ne pɛsɛmenkominya su a Amerikafo mmofra yi adi no adi. Saa nso na akwantufo no nhu adwennwene ne awerɛhow ankasa a Amerikafo mmofra bebree da no adi no ho sɛnkyerɛnne wɔ hɔ. Chinafo mmofra nso nsũ, wɔnteɛteɛm, wɔn bo mfuw anaasɛ wɔnnom wɔn kokurommeti anaasɛ wɔ nsa.”
Ɔkwan bɛn na Chinafo no fa so ma wɔn mmofra yɛ asoɔmmerɛw saa? Wosusuw sɛ eyi fi nkabom a awofo ne wɔn mmofra nya no. Afei nso bɔ a wɔbom tra bebree no mma abofra no ntew ne ho. Na sukuu mu ntetee a wonya no ntɛm de adwene a ɛfa tumidi a ɛsɛ sɛ wogye tom no hyɛ wɔn mu. Amerika adwene ho animdefo a wɔatu kwan akɔ China no te nka sɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo wɔ ɔdɔ, wɔn yam ye na wɔwɔ obu, nanso wɔtete mmofra no ma wɔyɛ kuw no fõ mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nea ɛho bɛba wɔn ankasa mfaso.