Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 10/8 kr. 3
  • Mmofra—Nhyira Anaasɛ Ɔhaw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Nhyira Anaasɛ Ɔhaw?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 10/8 kr. 3

Mmofra​—Nhyira Anaasɛ Ɔhaw?

AGYA bi a na ɔde ne lɔre abɔ aberantewa bi kae sɛ: “Bere a yeduu fie no, na ma yɛ titirii.” Abofra no de mmirika baa ɔkwan no mu mpofirim na lɔre no bɔɔ no too fam. Na lɔre ahorow a ɛregyina no nnyigyei, mmobom akɛse ne kar a wɔde fa apirafo abɛn no nyinaa regyigye wɔ ɔbarima no tirim bere a akyiri yi ɔne ne mmofra duu fie no.

Agya no kae sɛ: “Mmofra no tumi hui sɛ na ehu aka me.” Ɔkaa sɛnea akyiri yi mmofra no ma ɔdaa fam wɔ dan mu na wɔde wɔn nsa twitwiw n’akyi ho asɛm. Mmofra a na wɔn agya yɛ wɔn mmɔbɔ no kae sɛ: “Woyɛɛ nea wubetumi nyinaa, Papa. Woyɛɛ nea wubetumi nyinaa.” Ɛnyɛ sɛ ɔdɔ mu a mmofra no fi de wɔn nsa twitwiw n’akyi no yii adwenemhaw no fii hɔ nko na mmom, ɛboaa no ma okwatii nkate mu yare a mpɛn pii ɛba wɔ asiane a ɛte saa akyi no.

Anisɔ bɛn ara na agya yi nya maa ne mmofra no sɛɛ yi! So anka wo nso w’ani rennye mmofra a wɔte saa no ho? Yiw mmofra ho betumi ayɛ anika.

Nanso hwɛ biribi soronko a ɛwɔ ofie foforo bi mu. Ná agya no nso da fam a ne babarima ne ne babea butubutu ne so. Nanso na agya yi awu​—owudifo bi a polisifo kae sɛ agya no ankasa babarima ne ne babea abɔ no paa na ɔboapa kum no! Afei de na mmofra baanu no rewia wɔn agya a wawu no Amerika sika dɔla 300 ne ne nkratasin a ɔde firi ade, na wɔde yɛɛ nea wɔpɛ ntɛm ara. Mmofra no kae sɛ: “Ná ɔmma yɛnyɛ biribiara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ, te sɛ wii a yɛbɛnom.”

Nokwarem no, mmofra kakraa bi na wokum wɔn awofo, nanso ɔpepem pii tew atua wɔ akwan afoforo so. Awofo pii ani ku nneɛma a wɔn mmofra ka na wɔyɛ ho kɛse. Ɛtaa ba nso sɛ, nkokoaa a wɔpɛ wɔn asɛm nyinyin bɛyɛ mmerante ne mmabaa a wɔtew awofo ne ɔmamfo anim atua. “Dɛn nti na wɔyɛ saa?” ne asemmisa a ɛkɔ so haw awofo bebree adwene:

Mmuae wɔ hɔ, nanso emu yɛ den. Mmofra a wofi agya ne ɛnã biako mu taa yɛ ade a nsonsonoe wom. Ebinom a wɔn awofo hwɛ wɔn yiye no tumi bɛyɛ mmofra bɔne. Wɔn a wɔannya saa hokwan no nso tumi yɛ yiye. Ɔbarima bi de awerɛhow kae sɛ: Esiane sɛ wɔwoo me a na minni papa nti, me maame de me maa ne nuabaa, na wanna ɔdɔ adi ankyerɛ me, ná ɔhwe me daa na obuu me te sɛ ‘adwinnade’ bi ara kwa a wɔde yɛ ofie adwuma. Mebɛyɛɛ obi a ɔto kyakya bere a midii mfe 14, na me wɔfa dii me ho fɛw sɛ, ‘Wo ho remma mfaso mma hwee!’” Nanso mprempren yi, ɔbarima yi retete mmofra 10 wɔ ɔkwan pa so.

Sɛnea yebehu akyiri yi no, ɔbarima yi asɛm no da biribi a ebetumi ayɛ nsonee kɛse a ɛwɔ sɛnea obi yɛ biribi bere a wanyin no mu adi.

SƐ WOYƐ AWOFO A​—nhumu anaasɛ ntease a wubenya wɔ nneɛma bi a ebetumi ama mmofra ayɛ nneɛma bi mu no betumi akyerɛ nsonsonee a ɛda yiyedi ne huammɔdi ntam sɛ ɔwofo. Nimdeɛ a ɛte saa betumi aboa wo ma woayɛ den wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtete wo mma no mu.

SƐ WOYƐ ABOFRA A​—tumi horow bebree a ano yɛ den wɔ hɔ a ebetumi apia wo ma woayɛ nneɛma bi. Nea tumi horow no yɛ a wubehu ne ɔkwan a wobɛfa so ne wɔn adi sɛnea ɛfata no de anigye bɛbrɛ wo ankasa.

Enti nneɛma ahorow a ɛma mmofra yɛ ade sɛnea wɔyɛ no binom ne dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena