Castor Oil Agye Din
WƆDE castor oil adi dwuma mfe pii sɛ aduru. Nanso ayarefo ani nnyee ho pii biara!
Nanso nnɛ de, bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 1 pɛ na wɔde di dwuma sɛ aduru. Wɔ ɔkwan foforo so no, so wobɛpɛ sɛ wunya atade bi a emu yɛ torotoro a biribiara ntetare wo ho wɔ mu bere a woahyɛ no? Wɔyɛɛ ntade-tam a ɛtete saa fii castor oil mu. Wohu aduru a na kan no nkurɔfo mpɛ sɛ wohua mpo no wɔ nsamina, nnuru ne srade ahorow a onipa de sra ne honam ani huamhuam no pii mu. Esiane sɛ awɔw pii ntumi mma ɛnkyene anaa ɛmmobɔ atɔwatɔw na entumi nnɛw ntɛm gye sɛ edu ɔhyew nurii 518oF nti wɔde yɛ ngo ahorow a wɔde gu mfiri mu, titiriw no eye ma ngo a wɔyɛ de gu wimhyɛn ahorow mu no. Wɔde siw nkanare nso ano wɔ wo kar mu, na wɔde di nnwuma horow pii nso—a ne nyinaa yɛ mmerɛw kyɛn sɛ wobɛmene saa castor oil yi.