Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Wɔ College
Nsɛmma nhoma Parade no kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mma rekɔ college no hwɛ kwan sɛ ennu sɛ wonni mfirihyia abien wɔ hɔ no na wɔn mma no de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu.” Mpɛɛpɛɛmu a wɔayɛ wɔ college ahorow mu no kyerɛ sɛ dodow a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu no akɔ anim oha mu nkyem 50 wɔ mfirihyia ason mu, na mmea no mu wɔn a wɔboro fã nya nna mu kyɛfa mpɛn anum ɔsram biara anaa nea ɛboro saa.