Mitumi Huu Sɛnea Ɔdɔ Te Ankasa
Sɛnea ɔbarima bi a ɔwɔ abusua wɔ Japan kae
TEBEA horow a wɔyɛn me wɔ mu fi me mmofraase no amma mantumi annya ɔdɔ kɛse amma nnipa. M’agya wui na madi asram abien pɛ. Me nã de me hyɛn mpenatwe aware mu nanso ɔde me maa afoforo sɛ wɔnyɛn me. Midii mfirihyia 10 na wɔsan de me brɛɛ me maame. Nanso mannya anigye a ɛwɔ abusua asetra mu no bi da. Nea me nã yɛ ne sɛ ɔto kyakya, na ɔde me kɔɔ kyakyatow pii ase.
Bere a mewaree a na madi mfirihyia 25 no, na me nso mede me ho ahyɛ kyakyatow mu. Nea meyɛ da biara da ara ni. Ɛda mũ no mu no metɔn nneɛma, na ɛma minya hokwan nso kɔ mmeae horow a apɔnkɔ tu mmirika wɔ hɔ a wɔde akorow ahorow a afiri bɔ ho tu mmirika fa nsu so. Mede anadwo biara si hɔ ma Mah-Jongg (kyakyatow bi) , midu fie bɛyɛ anadwo kɔnn. Kyakyatow de me kɔɔ ɔhaw horow a emu yɛ den mu, m’adwuma fii me nsa de ɛka bɛtoo me ne m’abusua no ne me yere so.
Mebɔɔ mmɔden mpɛn bebree sɛ mɛtwe me ho afi eyi ho, nanso mantumi. Metee nka sɛ ɛyɛ me nkrabea anaasɛ biribi a manya afi me nã hɔ. Misuroe sɛ ebia merentumi nnyae kyakyatow me nkwa nna nyinaa. Me bɛyɛɛ obi a m’ahaw kɛse afa me daakye ho, enti misii gyinae sɛ mekum me ho. Nanso bere a meforo kɔɔ ɔdan bi atifi no, me mmabarima nketewa baanu no baa m’adwenem na mantumi anhuruw.
Ɛwom sɛ na m’aware de, nanso minnim sɛ ɔdɔ na ɛkyekyere abusua no bom, na ɛno na ɛma abusua mu yɛ den nya akwahosan pa ne anigye. Esiane sɛ me nsa nkaa ɔdɔ a ɛte sɛɛ bi da mfii m’agya ne me nã hɔ nti, na minnim nea eye ankasa. Enti na mintumi nte m’asɛm a ɛyɛ me yere mmɔbɔ, wɔ me ntetee no nti—pɛ a ɔpɛ sɛ ɔma yɛn abusua no mu yɛ nea anigye wom ne mmɔdenbɔ ne ne boasetɔ wɔ bere a mibu m’ani gu eyinom nyinaa so no ase. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, mɛba abehu ɔdɔ a me yere wɔ yi na ɛnyɛ ɛno nko na mmom ɔdɔ kɛse a ɛkyɛn saa nso.
Esiane sɛ me yere hui sɛ asiane kɛse wɔ akyirikyiri a mɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ hɔ no mu nti, ɔhyɛɛ me nkuran denneennen sɛ mimfi adwuma bi ase wɔ ofie. Ɛno nti mebɔɔ bosea siesiee ofie a yɛwɔ mu no sɛnea ɛbɛyɛ na mafi kyakyatow adwuma no bi ase wɔ ofie. M’ani gyee kyakyatow no ho na mede m’ahoɔden nyinaa hyɛɛ mu. Minyaa nkɔso na mitumi tuaa bosea a mebɔe no bi. Nanso na me yere ani nnye koraa wɔ ɔhaw horow a na m’abusua no hyia nti. Na nea ɛka ho no, na me yere ahaw yiye na osusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ me bere nyinaa na mansan ankɔ me kan asetra no mu bio. Esiane sɛ mewɔ tebea a ɛte sɛɛ mu nti mifii ase bɛyɛɛ obi a wahaw kɛse yiye wɔ adwenem ne nipadua mu.
Wɔ saa abusua mu haw yi mu na da koro bi me yere yii nhoma bi fii beae a yɛn nhoma no wɔ a nhoma no din ne “Did Man Get Here by Evolution or by Creation?” Me nsa kaa saa nhoma yi fii Yehowa Adansefo no mu biako hɔ bɛyɛ mfirihyia asia ni. Nanso me yere ani gye honam fam nneɛma ho na n’adwene ne sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Nanso bere a ɔkenkan nhoma no biribi kanyan no wɔ ne koma mu. Mihui sɛ biribiara nni hɔ a obegyina so aka sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ bi nni hɔ. Ɔtee osuro bi nka. Adom so no, Yehowa Adansefo no mu biako baa yɛn fie ɛno akyi bere tiaa bi na me ne no fii Bible mu adesua ase. Ɔde nhoma “Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu” na efii ase wɔ ti a ɛne ‘Abusua Asetra a Ɛyɛ Anigye ‘a Wobɛhyehyɛ’.” Bere a me yere kaa sɛnea n’ani agye nhoma no ho asɛm kyerɛɛ me no. misii gyinae sɛ me nso mepɛ sɛ misua ade no bi.
Dodow a mekan Bible no saa ara na minya ntease sɛ ɛno ne nokware no. Ɛwom sɛ meyɛ obi a asɛm mfa me ho de, nanso nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 4:12 no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse: “Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wom, na ano yɛ nam sen nkrate anofanu biara.” Nea efii mu bae ne sɛ mebɔɔ mmɔden sɛ merenni atoro bio. Wɔ nneɛma nketewa mpo mu. Mede ahobrɛase tiee afotu: “Monnka ntam koraa! . . . Na momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi.” (Mat. 5:34, 37) Me yere nyaa me mu awerɛhyem ntɛm ara na ɔde anigye gyee me. Asram abien akyi a yɛasua Bible no migyaee tawanom ne kyakyatow. Migyaee koraa. Ɛho nhia sɛ obi wɛn me bio. Yehowa tiee mpae a mifi me koma mu bɔe no na ɔmaa me aboɔden de faa eyinom mu.
Afei de me ne me yere ne yɛn mmabarima baanu no nim nea ɔdɔ ankasa yɛ, yɛwɔ ofie a anigye wom. Yɛabehu ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo yi no adi kyerɛ no, na yɛagye atom sɛ anigye ankasa ba fi pene a yɛbɛpene ɔdɔ yi so no mu.