Sɛnea Ne Nyinaa Fii Ase—So “Ɛbae Ara Kwa”?
NNIPA wɔ adwene horow a ɛfa sɛnea adesamma ne nneɛma horow a nkwa wom ɛwɔ hɔ nnɛ no fii ase ho. Ɛda adi sɛ, wɔkyerɛkyerɛɛ wo eyinom bi wɔ sukuu mu.
Nnipa binom gye di sɛ saa nneɛma yi fii ase fii nkwa a ɛba fam mu denam adannandi so. Afoforo gye di sɛ wɔwɔ Ɔhyehyɛfo ne Ɔyɛfo a ɔsõ kɛse na ɔwɔ nyansa kyɛn nea ɔyɛe no nyinaa.
Dɛn na wususuw? Nea ɛwɔ he na nyansa wom ma wo? So wubetumi aka nea ɛteɛ wɔ nokwarem?
Wɔn a wogye adannandi di no de wɔn nsa kyerɛ nneɛma bi a ɛsesɛ a ɛwɔ mmoa ne nnomaa ho. Wɔkyerɛ sɛ eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛnea biako dan fii biako mu kɔɔ foforo mu. Hwɛ nnompe ho mfonini a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ saa mmoa yi ntaban ahorow no. Wɔsesɛ, ɛnte saa? So ɛno kyerɛ sɛ kuw biako dannan ne ho nkakrankakra na wɔsakra kɔyɛɛ foforo no?
Afei hwɛ saa wimhyɛn ahorow yi. Wuhu nsɛdi bi wom, anaa ɛnte saa? So ɛno bɛma ayɛ nea nyansa wom sɛ wobɛka sɛ nnɛ bere mu wimhyɛn akɛse no dannan nkakrankakra fii nketewa no mu na ɛbɛyɛɛ saa?
Nnomaa tumi tu dedadedaw ansa na onipa reyɛ wimhyɛn. Wotumi yɛ biribi a wimhyɛn ntumi nyɛ saa—wotumi wo wɔn ankasa sɛso. Obiara, nni hɔ a obegye nyansa a wɔde hyehyɛɛ wimhyɛn no ho akyinnye. So ɛyɛ nea nyansa wom sɛ obi begye adi sɛ nnomaa nte saa?
Wɔn a wɔka sɛ ade a nkwa wom biako dii ahodan kɔyɛɛ foforo no de nneɛma a ɛwɔ hɔ dedaw na efi ase. Wɔreka sɛnea wosusuw sɛ nneɛma kɔɔ so dii adannan, na ɛnyɛ sɛnea wofii ase ho asɛm.
Wɔn a wogye adannandi di no mu binom nim sɛ eyi yɛ mmerɛw wɔ wɔn gyidi no mu, enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea nkwa fii ase n’ankasa wɔ tete mmere mu. Wɔfrɛ eyi sɛ “spontaneous generation.” Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔkyerɛ sɛ ɛbae ara kwa denam tebea horow a ɛka boom bae wɔ bere a ɛfata mu pɛpɛɛpɛ no so. Wɔkyerɛ sɛ nkwaboaa biako a ɛwɔ nkwa mu no fii biribi a enni nkwa mu na ɛbae. Mmom, wɔda so ara fi ase wɔ biribi a na ɛwɔ hɔ dedaw mu—ade a wotumi hu na wɔso mu.
Ɛyɛ nokware sɛ nyansahufo a wogye adannandi tom no ayɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɛkyerɛ sɛ wobetumi de anyinam ahoɔden afra mframa horow bi mu de ayɛ nipadua mu nsu horow bi a etumi ma nkwa tra ase. Nanso saa nipadua mu nsu horow yi nyɛ nkwaboaa a nkwa wom a etumi de nkwa ma nkwaboaa foforo. Nanso hwɛ nea wɔreyɛ yi yiye. Nyansahufo no de mframa horow a ɛwɔ hɔ dedaw na ɛyɛ adwuma, na wɔfra eyi sɛnea ɛsɛ sɛ wɔfrafra no no pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde anyinam ahoɔden nso di dwuma. Wɔhwɛ ɔyɛkyerɛ yi so yiye.
Nea efi mu ba ne sɛ akwankyerɛ a nyansa wom ho hia ansa na wɔde ayɛ nneɛma nketenkete a etumi boa nkwa no bi. Ɛmma “kwa” da.
Obi betumi de baesekre afã ahorow a wɔayɛ no nyinaa ama wo na wubetumi ahyehye ma ahyia pɛpɛɛpɛ. Nanso sɛ obi anhyehyɛ a, so wubetumi anya baesekre atra so? Na sɛ wotwɛn bɛyɛ mfirihyia anum ɛ? Mfirihyia du ɛ? Ɛda adi sɛ ɛremma “kwa” da. Ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ nyansa hyehyɛ.
Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ adannandi no pene so sɛ: “Nea nyansahufo tumi yɛ ara ne sɛ wobɔ wɔn tirim susuw sɛnea nneɛma a ɛwɔ nkwa mu no bae fi teteete.” Yiw, nea wɔgye di no yɛ nea wosusuw ara kwa.
Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ne nyinaa fii ase”? Wiɛ, hefa na wufi bae? Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ onni ɛnã anaasɛ agya a, wubegye no adi? Wunim sɛ ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ nkwa mu wo no.
Nanso hefa na awofo a wodi kan fi bae? Bible no ma mmuae sɛ́ Onyankopɔn na ɔyɛɛ wɔn. “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”—1 Mose 1: 27.
Yɛanyɛ yɛn ankasa ho. “Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.” (Dw. 100:3) Saa Ɔbɔadeɛ no ankasa na ɔyɛɛ amansan kɛse a yehu yi ne nneɛma nyinaa a ɛwɔ mu no.
Ɔkwan bɛn so na ɔfaa so yɛɛ eyi? Denam ne tumi kɛse no so. Nea wɔde yɛɛ amansan nyinaa ne ade a wotumi sɔ mu a efi tumi a enni awiei fibea hɔ bae. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ne saa Fibea no. “Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani.” (Yer. 27: 5) Wɔakyerɛkyerɛ mu nso sɛ ɔwɔ “tumi dodow ne ahoɔden kɛse.”—Yes. 40: 26.
Sɛnea yɛahu no, nneɛma pii di adanse sɛ, nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ nea wofi nyansa mu hyehyɛe. Enti Bible ka sɛ: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Nyankopɔn.”—Heb. 3:4.
Nyansahu nim sɛ yɛn amansan yi wɔ mfiase. Ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛwɔ hɔ. Bible no teɛ bere a ɛkae sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (1 Mose 1:1) Ɔkwan yi so na ne nyinaa nam fii ase.
[Kratafa 5 mfoni]
SO OBIAKO DAN YƐ ƆFOFORO?
Anomaa
Bonsu
Onipa
WƆHYƐƐ DA YƐƐ WIMHYƐN AHOROW NA NNOMAA NSO Ɛ?
[Kratafa 6 mfoni]
NNEƐMA HOROW A WƆHWƐ SO NA WƆAYƐ NO YIYE
ƐSƐ SƐ OBI HYEHYƐ NE NYINAA
[Kratafa 7 mfoni]
WUFI AWOFO A WƆWƆ NKWA MU NA ƐBAE
ONYANKOPƆN NA ƆYƐƐ ADESAMMA AWOFO A WODI KAN NO