“Wodi Nea Wɔka No Ho Dwuma”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ ltalia no dodow afi ɔha kakraa bi akodu nea ɛboro 81,000 a wɔde nnam ka asɛm efi Wiase Nyinaa Ko ll akyi reba yi. Saa dodow yi ne honhom mu nkɔso no nyɛ nea ltalia atesɛm nkrataa nhui.
Katolekfo a wɔyɛ katee no mu biako a wonim no yiye Virginio Rotondi kyerɛw wɔ “Il Tempo” mu wɔ October 8, 1978 sɛ: “Yehowa Adansefo nim nea wɔka ho asɛm kyerɛ. . . . wɔbɔ nkyekyem pɔtee bi ne efi pɔtee bi fi Ɔsomafo Paulo, Petro ne Yohane Asɛmpa no mu. . . . Afei nso ɛnkyɛ na wɔn a wɔba wɔn som no mu foforo no de nea wɔasua no di dwuma ‘ka asɛm’ wɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ mepene so wɔ nokwarem sɛ saa Kristofo no renya nkɔso kɛse.”