Sɛnea Asɔre Rekɔ Fam No “Bi Mmae Da”
Wɔ asɛm bi a epuei nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no “Theology Today” mu mu no, Dean R. Hoge, a ɔwɔ Amerika Katolek Sukupɔn no afa a ɛkyerɛ nnipa nneyɛe ne ne suban ho ade no, kyerɛw ɛfam a asɔre horow rekɔ no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Nnipa dodow a wɔwɔ asɔre horow mu no kɔ a ɛrekɔ fam bere nyinaa no yɛ nea ebi mmae da wɔ Amerika abakɔsɛm mu, a ɛkyerɛ sɛ biribi rekɔ so wɔ asɔre horow no ne Amerika man no mu ankasa. Dekode a ama nnipa dodow a wɔwɔ Protestant som mu no dodow rekɔ fam mprempren no yɛ ade foforo, na na enni Amerika man no mu wɔ 1940 ne 1950 mfe no mu.”
Ɔretoa asɛm no so no ɔkae sɛ: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ asɔre no ne ɔman no nyinaa mu no ma ɛdaa adi pefee sɛ asɔre no mufo dodow a ɛrekɔ fam no . . . fi mmofra ne mmerante titiriw. Ne tiaa mu no, mmerante ne mmabaa mma asɔre no mu pii bio te sɛ 1950 mfe no mu no. . . . Asɛm no mu yɛ den, no ɛbɛkɔ so.”
So ebetumi aba sɛ asɔre horow no mma mmerante ne mmabaa nnya honhom mu aduan ne akwankyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm Bible mu a wohia wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no?