Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 8/8 kr. 18
  • Adɔeyɛ Nniso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɔeyɛ Nniso
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Okununom—Munsuasua Kristo Tiyɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mmarima, So Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Kristo Tiyɛ Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 8/8 kr. 18

Adɔeyɛ Nniso

BIBLE no ka nokware a emu da hɔ pefee, wɔ bere a ɛka sɛ: “Ɛbere bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnk. 8:9) Nea ɛne eyi bɔ abira no, woakyerɛkyerɛ Yehowa nniso denam ne Mesia no so no mu wɔ nnwom mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so: “Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu. Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so de afi asubɔnten no so akosi asase ano.”​—Dw. 72:6-8.

Nnipa renni wɔn mfɛfo nnipa so mma ɛnkowie wɔn bɔne wɔ saa nniso no ase. Ɔyɔnko dɔ na ɛbɛyɛ susudua. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa mprempren. Onyankopɔn ahyehyɛ saa wo nhwɛso horow abien yi mu: Wɔ aware mu ne afei wɔ Kristofo asafo no mu.

Ɛsɛ sɛ ɔbarima no yɛ ti wɔ aware no mu, nanso ɛnsɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo wɔ eyi mu. Wɔka kyerɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere sɛnea ɔdɔ n’ankasa ho. Nea ɛkyɛn eyi mpo no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ no te sɛ nea Kristo nso dɔ asafo no​—efisɛ owu maa no! Ɛsɛ sɛ okunnunom kae eyi.

Ɔsoro nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu ne sɛ mpanyimfo bɛhwɛ asafo no so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn so. (Efe. 4:8, 11-16) Yesu kae sɛ: “Na mo de, wɔmmfrɛ mo rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ ɔsoro no.” (Mat. 23:8, 9) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kae eyi.

Yiw, ɛnsɛ sɛ onipa di afoforo so tumi de di wɔn awu. Wɔ Yehowa nniso ase, bere a Onyankopɔn soro nniso no nkutoo na edi asase so no, wɔremma onipa kwan na wayɛ saa!

[Box/Pictures on page 18]

ƆSORO NHYEHYƐE AHOROW ABIEN

AWARE

ABUSUA

“Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monhyɛ asase so ma.”​—Gen. 1:28.

OKUNU, AGYA

“Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” ‘Ne mma hyɛ n’ase. Kyerɛkyerɛ abofra ade.’​—Efe. 5:28; 1 Tim. 3:4; Mmeb. 22:6.

ƆYERE, ƐNA

‘Monnɔ mo kununom, monnɔ mo mma, monyɛ adwumayɛfo wɔ ofie, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.’​—Tito 2:4, 5.

MMOFRA

‘Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. Mmofra, monyɛ osetie mma mo awofonom.’​—Dw. 127:3; Efe. 6:1.

MPANYINNI

ASƐMPAKA

‘Ka asɛm no, di ho dwuma wɔ ahohia so, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma no.’​—2 Tim. 4:2.

ƆKYERƐKYERƐ

‘Ma wani mmra wo kyerɛkyerɛ so. Fa ɔkyerɛkyerɛ pa tu fo.’​—1 Tim. 4:16; 2 Tim. 4:2

AFOTU

‘Sɛ obi fa mfomso kwan bi so a, mommɔ mmɔden nsiesie saa onipa no wɔ odwo honhom mu.’​—Gal. 6:1.

HWƐFODWUMA

‘Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a ɔde wɔn ahyɛ mo nsa no, wɔ ɔpɛ so; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti.’​—1 Pet. 5:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena