Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 7/8 kr. 23
  • “Safe No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Safe No”
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔbɛsom Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nokware Nnamfo a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Dabi Wɔ Nnubɔne Ho?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 7/8 kr. 23

“Safe No”

Mfe bi a atwam ni na New York atesɛm krataa “Sunday Times” no kyerɛw nkɔmmɔ bi a wɔne television so nipa bi wagye din, Art Linkletter bɔe a ɛfa owu bi a ɛyɛ awerɛhow a ɛbaa ne babea, Diane so a ɛfa ne ho a okumii esiane aduru bi a wɔfrɛ no LSD a ɛte sɛ “wee” a ɔde dii dwuma nti. Ɛwom sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nnuru yi mu no tumi sakra wɔ mfe pii akyi de, nanso nnyinasosɛm a wosii so dua wɔ nkɔmmɔbɔ no mu no da so ara yɛ nokware. Na ɛno fa mmofra ho ban a wɔbɛbɔ denam yɔnko a wɔbɔ no sohwɛ so. “Misusuw sɛ, faako a meyɛɛ mfomso kɛse wɔ hɔ ne sɛ: Mitumi hu sɛ Diane nnamfonom mu binom ho yɛ basaa na wɔayɛ wɔn ho huhuuhu, nanso meka kyerɛɛ me ho sɛ saa ara na mmofra no mu binom te mprempren, titiriw wɔ Hollywood.” Nea osua fii saa osuahu no mu no ma ɔpaee mu kae sɛ: “Ade a ɛyɛ den a wobɛka akyerɛ awofo ne sɛ, nea ɛbɛba wɔn ba no so no ano safe ne wɔn a mmofra no hu wɔn, wɔn nnamfonom. Eyi ne ade a edi kan a meka mprempren wɔ bere a afoforo de akomatu frɛ me na wɔka sɛ, ‘Migye di sɛ me ba no de ne ho ahyɛ biribi mu.’ Nea meka ne sɛ, ‘Wiɛ, ɛnde hwɛ wɔn a ne nnamfonom no yɛ. Nnipa bɛn sɛɛ na wɔyɛ? Ɛhefa na wɔkɔ? Dɛn ho nkɔmmɔ na wɔbɔ? So wunim anaa?’ Efisɛ eyi wɔ tumi kyɛn biribiara.”

Enye koraa sɛ akyiri ansa na awofonom sua hu sɛnea wɔn mma ayɔnkobɔ sohwɛ ho hia fa wɔ awerɛhow mu. Nanso safe no ayɛ nea ɛwɔ hɔ ma Bible akenkanfo bere nyinaa: “Ayɔnkobɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”​—1 Kor. 15:33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena