Chad Man Akodi Ano A Yeguan Fi
Efi Ivory Coast Nyan! kyerɛwfo hɔ
YEDUU N’Djamena wɔ August 1978 nna a edi kan no mu. Na yɛagyaw yɛn man a ɛne France aba Chad sɛ yɛrebɛboa Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa no ka ho adwuma a ɛho hia no. Yehui sɛ nsɛm mu yɛ den wɔ ɔman no mu. Eyi ammu yɛn abaw mu, efisɛ na yɛn ho pere yɛn sɛ yebefi yɛn asɛmpatrɛw adwuma no ase. Yɛn a yɛwɔ asɛmpatrɛwfo fie no yɛ awarefo baasa ne onuabarima biako a ɔyɛ ɔhokwafo.
Da a edi kan a yehyiaa ɔman no mufo wɔ bere a yɛde yɛn ho hyɛɛ yɛn Kristofo som adwuma no mu nea edi kan koraa no yɛ nea yɛn werɛ remfi da. Yetumi fi Kyerɛwnsɛm no mu ka asɛm kyerɛ obiara wɔ ofie biara mu, na nkɔmmɔbɔ no ma yɛtee nka sɛ Bible mu kɔm de nnipa no ampa. Yɛdaa Yehowa ase kɛse sɛ yɛanya hokwan aba hɔ reboa nnipa no.
September 1978 ɔsram no mu na yehuu amammui mu ntawtawdi a ɛda ɔmampanyin Malloum a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni no ne ne soafo panyin Hissein Habre a ɔno nso yɛ Kramoni no ntam. Efi August 1978 mu reba no nea ɔmampanyin no yɛe ara ne sɛ ɔde n’ano kasa tia nea ɛrekɔ so no, na ɛno na afei wofii ase tee nsɛm a ɛrekɔ so. Nanso yɛmfa yɛn ho nhyɛ amansɛm mu enti Anna ne me kɔɔ so kaa nea Onyankopɔn bɛfa so adi adesamma haw horow no so nkonim ho asɛm kyerɛɛ nnipa no.
Ɛte sɛ nea FROLINAT (National Liberation Front asraafo a Libya boa wɔn wɔ kusuu fam) afi akodi ase wɔ September 1978 mu. Yehuu asraafo pii a wɔapirapira wɔ kurow no mu a ɛkyerɛ sɛ wofi akono. Nanso nnipa no mu pii ammu saa asɛm yi sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Efisɛ efi 1966 reba yi akodi akɔ so wɔ Chad; na nnipa no mu dodow no ara ammu eyi sɛ ɛyɛ asɛm foforo.
Yɛtaa te atuo akɛse ne nketewa nka anadwo mu no nyinaa a ɛkyerɛ sɛ basabasayɛ rekɔ so wɔ kurow no mu. Yɛtaa ka nea yɛate no ho asɛm wɔ ɔpon ho bere a yɛredidi sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu nsɛm a ɛrekɔ so no mu yiye.
Yɛyɛɛ Yehowa Adansefo ɔman nhyiam wɔ December 1978 wɔ nkonimdi mu wɔ ha, ɛwom sɛ na yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ nhyiam no yiyedi ho wɔ amammui tebea a ɛwɔ ɔman no mu no nti.
Eduu January mu no na ɔhaw no akɔ anim kɛse yiye a afei de nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbrɛ afie afie adansedi adwuma a yɛyɛ wɔ faako a Nkramofo no te no ase, efisɛ ɛhɔ na yehyia ɔhaw horow. Afei yedii yɛn adansedi no ho dwuma wɔ nyansam, na yɛbɔ mmɔden san kɔ fie ntɛm bere a ade reyɛ asa.
Ɔko no mu yɛɛ den wɔ January 27, wɔ gua a wɔtɔn nnuadewa wɔ hɔ no so. Yɛtee atuo ne ɔtopae akɛse nka wɔ hɔ; nnipa wuwui na pii nso pirapirae. Wɔtotoo sukuu ahorow mu maa mmofra no pɔn kɔɔ fie. Yehuu Nkramofo mmerantewa a wɔreteɛteɛm a wokurakura atuo wɔ abɔnten kwan a ɛto so 40 a asɛmpatrɛwfo fie no nso wɔ so no so. Esiane sɛ nnipa a yɛne wɔn sua ade no mu bebree tuu yɛn fo sɛ yɛntra ofie nti, yɛyɛɛ saa a yɛretwɛn nea ɛbɛba.
Saa bere yi mu na yɛn nsa kaa telegram fii Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no a ɛreto nsa afrɛ yɛn sɛ sɛ ehia a yɛnsan mmra Lagos. Esiane sɛ tebea no resɛe nti, yɛde hokwan ho dii dwuma hwehwɛɛ nkrataa a ɛbɛma yɛatumi akɔ Nigeria. Nanso bere a nneɛma yɛɛ yiye kakra no, yegyaee eyi yɛ a yɛretwɛn sɛnea nneɛma besi adan afa. Wɔ ɔhaw yi nyinaa akyi no na yɛpɛ sɛ yɛtra saa ɔman no mu na yɛatoa yɛn asɛnka adwuma no so. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu a na yɛn werɛ afi ɔman no mu ɔhaw no nyinaa.
Kwasida, February 11 yɛ da a yɛn werɛ nso remfi da; saa da no na anuanom no nyinaa ne afei asɛmpatrɛwfo no hyiaa mu wɔ Onuabarima Sarki fie wɔ Farcha a ɛne yɛn ntam kwan bɛyɛ akwansin 3 no na yetiee Bible mu ɔkasa, na ɛno akyi na yɛkɔɔ afie afie asɛnka. France asraafo a wɔn dodow boro 2,500 ne Chad asraafo bi te Farcha. Yɛde nhoma horow pii mae wɔ saa Kwasida no. Bere a eduu awia bere no ná anuanom a wɔyɛ Ahenni adawurubɔfo no nyinaa ani agye a ɔman no mu akodi a ɛkɔ so no mfa ho.
N’jamena, February 12: Sɛnea yɛtaa yɛ daa no, me ne Anna sɔree anɔpa 6:45 na yɛne abusua no dii yɛn anɔpaduan no. Na Max ne Pauline na wɔnoa aduan ma asɛmpatrɛwfo no saa da no. Enti yefii fie bɛyɛ anɔpa 7:30 sɛ yɛrekɔyɛ Bible mu adesua. Yɛtraa yɛn motobaesekre no so faa ɔmampanyin no fie no anim. Bere a yeduu Chad National Radio adwumayɛbea hɔ pɛ na yehui sɛ biribi bɔne rebɛba. Na asraafo pii wɔ hɔ a wɔasiesie wɔn ho a wɔrebɛtotow atuo, na asraafo a ahyɛ hɔ ma no yɛ FAN (Armed Forces of the North) asraafo a Hissein Habre di wɔn anim no.
Ɛno na afei yɛfaa Nkramofo asɔredan kɛse a ɛwɔ General de Gaulle Avenue no so no nkyɛn. Wɔn a wɔwɔ saa abɔntenkwan yi afa abien no nyinaa yɛ asraafo a wokurakura atuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko ne FAT (Tchad Armed Forces) a wɔhyɛ Ɔmampanyin Malloum ase.
Yehui sɛ tebea no yɛ aniberesɛm. Yehui sɛ na kar ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa de wɔn ani akyerɛ Farcha. Wɔ yɛn fam de na yɛpɛ sɛ yɛsan kɔ fie. Ɛsɛ sɛ yɛfa faako a polisifo no te no. Na nnipa de ammirikatu nam akwan horow nyinaa so. Na efi beae a yɛwɔ no kɔ yɛn adamfo a wɔfrɛ no Seraphin a yɛne no sua ade no ntam kwan bɛyɛ anammɔm 325, na yɛbɛn hɔ pɛ na ɔtopae bi paee, na nea edii ayi akyi bae ne atuo a wɔtotow toatoa so. Yɛn koma bɔɔ katirikatiri wɔ yɛn mu. Yɛbɔɔ Yehowa mpae denneennen bisaa n’akwankyerɛ ne mmoa na yɛatumi asi gyinae pa.
Yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ Seraphin adwuma wura no fie akɔhwehwɛ guankɔbea—ɔyɛ Franseni ne ɔkyerɛkyerɛfo a waware Amerikani. Na nnipa reguan fi kurow no kusuu fam apuei kɔ mmeae ahorow nyinaa. Wɔde ayamye gyee yɛn too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ ofie no mu. Ɔbarima no kae sɛ mprempren yi ara na ɔsan fii sukuupɔn no mu bae na ɛhɔ rehyew. Ɔkae sɛ nea akɔ so no yɛ hu yiye!
Ɛno akyi simma kakraa bi pɛ na ɔkyerɛkyerɛfo foforo bi bae a ofi Felix Eboue ntoaso sukuu no mu. Na wahaw yiye wɔ nea wahu no nti. Chad National Radio no fa asɛe; na akodi rekɔ so wɔ FAN ne FAT ntam wɔ ntoaso sukuu hɔ. Wɔakunkum sukuufo pii nso. Ne ti na ayɛ yiye na wanya kwan aguan afi hɔ a afei ɔhwehwɛ guankɔbea wɔ beae a yɛwɔ no, efisɛ na akyerɛkyerɛfo a wofi amannɔne ne wɔn afotufo pii te hɔ.
Ankyɛ na kurow no mu yɛɛ komm kakra. Na bere adu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ fie. Anyɛ yiye koraa no na yɛwɔ akwansin 2 a ɛsɛ sɛ yetwa. Enti mekaa ogya guu motobaesekre no mu a yɛrekɔ fie wɔ ahoɔhare so. Na nnipa reguan kɔ mmeae ahorow nyinaa. Awiei no yeduu asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Na Max ne Pauline wɔ hɔ; nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛtwɛn na yɛde yɛn werɛ hyɛ Yehowa a waboa yɛn wɔ akwan horow pii so no mu.
Eduu saa bere yi de na wimhyɛn retu fa kurow no so. Ɛbɔɔ awia 12:15 pɛ na wofii ase totow atuo akɛse wɔ Kabalai a ɛyɛ mpɔtam a nnipa pii te hɔ no so. Nnyigyei a afei de na efi hɔ ba ne hooyɛ a atuo akɛse ne nketewa ne ɔtopae ahorow repaapae. Ɛyɛ ɔko, akodi a na yesuro no na aba no.
Yefii ase sɛ yɛboaboa yɛn nneɛma ano, efisɛ ebia na ɛho behia sɛ yefi ɔman no mu. Yɛhyɛɛ da yɛɛ aso tiee nsɛm a efi radio so ba no nyinaa (France International, Voice of America, Radio International) . Na yɛahaw yiye wɔ saa nnɔnhwere no mu a yennim sɛnea nneɛma bɛdan. Helicopter tu faa kurow no fa a yɛte hɔ no so totow atuo faa kurow no so, nanso nea ɛyɛ anigye ne sɛ yɛn fie no ho anka.
Ade sae a yɛbɛda no na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛda mpa no ase de abɔ yɛn ho ban afi atuo mmoba ho. Yɛtee atuo totow a etwam nka wɔ mpa no ase, a ebinom mpo bobɔ yɛn apono no nnade no.
Ɔko no kɔɔ so denneennen wɔ Benada, February 13. Na yɛrehaw wɔ tebea a yɛwom no mu, nanso na yɛwɔ Yehowa mu awerɛhyem. Anna ne me hui sɛ sɛ nea enye koraa no mpo to yɛn a, yɛwɔ owusɔre a ɛyɛ nwonwa no mu anidaso. Enti yɛtee nka sɛ yɛanya tumi anaa mmoa bi wɔ saa ɔhaw no mu.
Eduu Wukuda anɔpa, February 14, no, na ɔko no te sɛ nea agyae kakra, gye atuo a wɔtotow no wɔ mmeae ahorow. Yefi yɛn mfɛnsere mu hwɛɛ nea ɛrekɔ so wɔ abɔnten so. Asraafo pii a wokurakura atuo wɔ abɔnten so. Radio no kae sɛ nnipa a wɔawuwu no dɔɔso yiye. Yesii gyinae sɛ ɛnde yɛbɛyɛ ahobammɔbea bi, na nea yɛde bɛyɛ ne yɛn nhoma nnaka no. Esiane sɛ Olaf ne Barbara kɔ “kwae mu” a wɔrekɔsra asafo ahorow no nti yɛkɔtraa wɔn dan no mu, efisɛ na ɛhɔ wɔ kokoam kyɛn yɛn de no a ɛwɔ ofie no ano no.
Enti yesiesiee yɛn ho maa anadwo a ɛto so abiɛsa wɔ saa akodi yi mu no. Eyi bɛyɛɛ nea ɛyɛ hu sen biara; ɔko “no ano yɛɛ den kyɛn anadwo ahorow abien a atwam no. Yɛhyɛɛ mpa no ase de yɛn ho fam yɛn ho denneennen a yɛde yɛn anim abutubutuw fam a nea yɛte ara ne tata-tata-tata a ɛyɛ atuo ne ɔtopae nnyigyei. Ɔtopae yi bi betumi abɛtɔ yɛn fie hɔ, akum yɛn nyinaa prɛko pɛ. Asraafo kuw no bi bɛhyehyɛɛ faako a wobefi hɔ atow ɔtopae yi bi a ɛne yɛn fie no ntam kwan bɛyɛ anammɔn 160 pɛ wɔ abansoro dan bi atifi. Sɛ enya tow ɔsraman yi biako a gyegyeegye a ɛyɛ no yɛ nea etumi siw yɛn aso. Da koro bi koraa de yesusuwii sɛ na yɛawuwu awie—ɔsraman yi biako bɛtɔɔ yɛn fie no nkyɛn pɛɛ na ɛde ahoɔden kɛse paee. Ɛho nneɛma a ɛpaapae no beguu yɛn ɔdan no atifi ne ofie hɔ. Ɛyɛ ogya ankasa! Bɛyɛ anɔpa 7:00 na ɔko no ano brɛɛ ase kakra bio.
Nea yehu wɔ abɔntenkwan no so a wodi akɔneaba ne wɔn a wɔreguan akodi no. Pii na na wokurakura wɔn nneɛma kakraa bi a wɔabobɔw ahyɛ kɛtɛ mu de ato wɔn ti so.
Saa da no Anna ne me kenkan Bible no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkyerɛ yɛn gyinae a ɛsɛ sɛ yesi ma daakye. Yɛkɔdae, na hooyɛ no ansɔre pii anadwo no sɛnea na ayɛ kan no. Na wɔn a wɔne wɔn ho ko no de wɔn nsa ahyɛ krataa ase sɛ wobegyae akodi no kakra.
Ankyɛ na obiara sii gyinae. Max ne Paulina ne afei Patrice de kar bɛkɔ kesee fam de afa Bongor, bɛyɛ sɛ akwansin 155 akodu Cameroon na afei wɔadan wɔn ani akyerɛ Nigeria. Nanso Anna ne me de yɛbɛbɔ mmɔden akɔ wimhyɛn gyinabea no. Efisɛ na yɛwɔ ɔko no mfinimfini pɛɛ a ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so aguan akɔ.
Yɛde saa Fida anadwo mũ no nyinaa bɔɔ mpae maa Yehowa akwankyerɛ a ehia yɛn no. Yentumi nna. Enti na yesusuw nea adekyee de bɛba bio no ho. Me ne Anna sɔree ntɛm na yɛyɛɛ nfrankaa abien, yɛfaa yɛn motobaesekre no siesiee no, na ɛno na afei yetiee radio so nsɛm a ɛfa Abibirim nsɛm ho. Na ɛte sɛ nea wɔagyae atuo no totow ampa. Eyi ne bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛde du faako a France asraafo no wɔ no. Yɛde awerɛhow gyaw yɛn ahokafo baasa no 7:45 anɔpa. Ɛrenkyɛ na wɔn nso wɔde wɔn ani akyerɛ Chagoua twene no.
Bere a yefii adi no na nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ abɔntenkwan no so. Yɛtrãa yɛn motobaesekre no so kɔɔ brɛoo sɛnea ɛbɛyɛ na obi annya adwene no sɛ yɛreguan Bere a yeduu abɔntenkwan kɛse no so no na yesii gyinae faa ɔkwan a yɛbɛfa so no ho. Na asraafo gyinagyina adan no ntweaa so a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow atuo. Yebisaa Nkramofo bi sɛ ɔkwan bɛn na wogye di sɛ eye a yɛbɛfa so de adu wimhyɛn gyinabea hɔ. Wɔkyerɛɛ yɛn ɔkwan tiaa no. Esiane sɛ yehui sɛ obiara nni ɔkwan no so nti, yesii gyinae sɛ yɛbɛfa hɔ ahwɛ nea ɛbɛba. Nanso, oo, hwɛ sɛnea yɛbɔɔ Yehowa mpae wɔ saa akwantu tiaa yi mu a yɛn werɛ remfi da!
Yehu nea afi ɔko no mu aba no wɔ baabiara—afie a nkurɔfo aguan afi mu, atuo mmoba ahorow a ɛdeda hɔ. Yekyiaa nnipa a yehyiaa wɔn a wɔnam ɔkwan so no sɛnea ɛbɛyɛ na yɛde bɛbrɛ ɔhaw no ase. Sɛ yɛbɛn abɔntenkwan no ntweaa bi so a yɛtɔ yɛn bo ase twa ahoɔhare a yɛde tu kwan no so efisɛ wobetumi atew yɛn tuo. Nanso wotumi fi akyirikyiri hu yɛn nfrankaa mfitaamfitaa no. Na wɔasɛe saa mpɔtam yɛnam mu no yiye. Na nnyigyei biara nni ha; ɛte sɛ nea nnipa no nyinaa awuwu. Bere a yetwaam faa wɔn apolisifo no anim pɛ na asraafo (a wɔwɔ ɔsraani panyin Wadal Abdelkader Kamougue ase) no de wɔn atuo no kyerɛɛ yɛn so. Yɛde adamfofa su kyiaa wɔn. Nanso wɔammua yɛn, na wɔmaa yɛn kwan ma yɛtoaa yɛn akwantu no so.
Afei yekoduu afiase adan no anim, a asraafo gyina ɔkwan no afa abien ha ne ha nyinaa, nanso obiara annyina yɛn. Ɛte sɛ nea wɔanhu yɛn. Nea edi hɔ ne sɛ yɛfaa ɔkwan a ɛde kɔ wimhyɛn gyinabea hɔ pɛɛ no so. Nnua a atwa wimhyɛn gyinabea no ho ahyia nyinaa ahyew. Afunu deda mmeae ahorow na afie horow a ɔtopae ahorow no asɛe no no hwɛ yɛ hu yiye.
Bere a yeduu wimhyɛn gyinabea hɔ pɛ na wɔkyerɛɛ yɛn kwan kɔɔ faako a wohyia wɔ hɔ no. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ yefi faako a Nkramofo no te wɔ kuropɔn no mu no na aba hɔ. Asraafo mpanyimfo no kae sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ yɛatumi afa saa asraafo no mu abedu hɔ. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa hɔ aba wimhyɛn gyinabea hɔ nanso wɔantumi. Wokunkum Europa aborɔfo bi a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa no nyinaa.
Saa awia no na wosiee afunu bɛyɛ 800 wɔ ɔdamoa kɛse biako mu. Na afunu ɔhaha pii deda kurow no mmɔnten ahorow te sɛ: Kabalai Moursal, Saaba Ngali, Bobolo, St. Martin’s Basin, National Radio Station ne mmeae ahorow so wɔ kurom. Saa afunu yi ahonhono ayɛ akɛse a ɛreporɔw na nkraman a ɔkɔm de wɔn afi ase redi afunu no, na owu ho hua wɔ kurow no nyinaa mu.
Afei de na wobu ano sɛ nnipa a wɔawuwu wɔ kurow no mu no kɔ mpem mu. Odwumayɛni bi a ɔyɛ adwuma wɔ wɔn ayaresabea no ka kyerɛɛ yɛn sɛ afunu ayɛ ayaresabea a wɔtotow atuo guu mu no nso mu ma. Yehui sɛ wɔde nkyɛnsee akɛse a wɔde sesaw nwura resesaw wɔn a wɔde asekan akunkum wɔn no afunu. Wɔsɛee amannɔne ananmusifo adan anaa wɔn atrae pii na wɔhyew Amanaman Nkabom no dan a ɛwɔ hɔ no nso.
Mpanyimfo no kamfoo yɛn wɔ gyinae a yesii no nti, efisɛ wonim tebea a yɛwom no nanso wɔantumi amfa wɔn ho anhyɛ mu ammegye yɛn. Esiane sɛ nkrataa a yekura no nyinaa yɛ nea mfomso biara nni ho nti, France asraafo mpanyimfo no maa yɛn aduan na wɔde yɛn traa wɔn wimhyɛn bi a ɛbaa hɔ no mu. Bere a yɛde nnɔnhwere pii atwɛm wɔ wimhyɛn no mu no, yɛn wimhyɛn no tui a ɛrekɔ Libreville, Gabon, bɛyɛ sɛ anadwo 6:30. Ɛyɛ yɛn awerɛhow sɛ yɛregyaw N’Djamena wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu. Na yenim sɛ ɛbɛkyɛ ansa na yɛatumi aba saa ɔman a ɛde ne ho ahyɛ akodi mu yi mu.
Yɛn wimhyɛn no beduu Libreville bɛyɛ anadwo 10:00. France aban adwumayɛfo no hwɛɛ yɛn a yɛyɛ Franch man mma no nyinaa so wɔ hɔ. Wɔde yɛn kɔtraa Okoume Palace Hotel hɔ.
Esiane sɛ Asafo no ahyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ Nigeria nti Dwowda anɔpa na yɛkɔɔ wɔn aban adwumayɛbea no sɛ yɛrekɔhwehwɛ visa anaa akwantu akwamma nhoma. Aban nanmusini no powee sɛ ɔbɛma yɛn kwan ama yɛakɔ Nigeria esiane sɛ yɛyɛ French man mma a yɛatu afi Chad nti. Ɔmpɛ sɛ ɔka biribiara kyerɛ yɛn. Sɛ́ ɔbɛma yɛn visa a ɛbɛma yɛatra hɔ nnɔnhwere 24 mpo yɛ nea ɔpowee. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Na sika kakraa bi pɛ na yekura.
Yebetumi afi hɔ ama wɔafa yɛn akɔ Paris bio, nanso na nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Afrika. Wɔ Yehowa mmoa so no yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ Abidjan, wɔ Ivory Coast. Denam nea ɔhwɛ Air Afrique wimhyɛn mu akwantufo no mmoa so, a ɔno nso hwɛ adwumayɛfo a wɔwɔ N’Djamena ne wɔn mmusua a wɔreyi wɔn afi hɔ no so no, ɔmaa yɛn kwan ma yenyaa wimhyɛn tekiti a ɛde yɛn befi Libreville akɔ Abidjan ne Dakar. Wɔtew nea ɛsɛ sɛ yetua no so mpo maa yɛn esiane sɛ yɛyɛ asɛmpatrɛwfo nti—saa ɔman yi abara Yehowa Adansefo som adwuma no. Na ɔkwan abien pɛ na aka wɔ wimhyɛn no mu na yɛn nsa kaa ɛno. Ɛyɛ yɛn anigye yiye sɛ yɛanya hokwan bio sɛ yebetumi asom wɔ Afrika.
Enti, wɔ Beneda, February 20, na yeduu Abidjan bɛyɛ awia 3:45. Wɔhwehwɛɛ yɛn nkrataa mu wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ a yɛammrɛ ho koraa. Yɛn ani agye sɛ yɛabedu ha! Yɛyɛɛ mpɛɛpɛɛmu kakra akyi no yekohuu yɛn Kristofo nuanom no na yɛn werɛ remfi atuu ne ɔdɔ a yɛn mfɛfo asɛmpatrɛwfo no yii no adi kyerɛɛ yɛn no da. Anuanom a yehyiaa wɔn wɔ Abidjan no nyinaa yii wɔn ho adi sɛ woye ma yɛn.
Yɛwɔ Ivory Coast ha na yɛrekɔ so ara tew Yehowa din kronkron no ho, na yɛrenya asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ kurow no fa a aborɔfo te hɔ no mu anigye. Ɔkwan bɛn na yɛanya sɛɛ, sɛ yɛbɛka Yehowa atirimpɔw a ɛfa sɛnea ɔde nokware asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛbrɛ wɔn a wɔdɔ trenee no nyinaa no! (Mika 4:2-4; Dw. 46:8, 9)—Nea wɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
“Yɛtaa te atuo akɛse ne nketewa nka anadwo mũ no nyinaa a ɛkyerɛ sɛ basabasayɛ rekɔ so wɔ kurow no mu”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
“Yɛtee atuo totow a etwam nka wɔ mpa no ase, a ebinom mpo bobɔ yɛn apono no nnade no”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
“Asraafo bebree . . . de wɔn atuo kyerɛɛ yɛn so”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Saa afunu yi ahonhono ayɛ akɛse a ɛreporɔw na nkraman a ɔkɔm de wɔn afi ase redi afunu no, na owu ho hua wɔ kurow no nyinaa mu”