Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 2 Yohane 1-13
  • 2 Yohane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Yohane
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Yohane

YOHANE NHOMA A ƐTO SO ABIEN

1 Me ɔpanyin no, me na merekyerɛw krataa yi. Merekyerɛw abrɛ wo, awuraa a wɔapaw wo, ɛne wo mma. Medɔ mo paa. Ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔabehu nokware no nyinaa nso, 2 efisɛ nokware no te yɛn mu, na ɛne yɛn bɛtena daa. 3 Yebenya adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoe afi Agya Nyankopɔn ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ, na yɛanya nokware ne ɔdɔ aka ho.

4 M’ani agye paa, efisɛ mahu sɛ wo mma no bi nam nokware no mu,+ sɛnea ahyɛde a yenya fii Agya no nkyɛn te no. 5 Enti seesei, awuraa, mesrɛ wo, ma yɛnnodɔ yɛn ho. (Nea merekyerɛw abrɛ wo yi, ɛnyɛ ahyɛde foforo, na mmom nea yenya fii mfiase no.)+ 6 Na nea ɔdɔ kyerɛ ni: Ɛne sɛ yɛbɛkɔ so anantew sɛnea n’ahyɛde te.+ Sɛnea mote fii mfiase no, eyi ne ahyɛde no, sɛ́ monkɔ so nnantew mu. 7 Na nnaadaafo bebree aba wiase.+ Wɔn na wonnye nni sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu+ no. Eyi ne ɔdaadaafo no ne nea ɔsɔre tia Kristo*+ no.

8 Monhwɛ yiye, na nea yɛayɛ adwuma anya no amfi mo nsa. Moyɛ saa a, mubenya akatua mu.+ 9 Obiara a ɔpere di anim, na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn.+ Nea ɔtena nkyerɛkyerɛ yi mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no nyinaa.+ 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi,+ na munnkyia no nso. 11 Na obiara a obekyia no no foa ne bɔne no so.

12 Mewɔ nneɛma pii a anka mɛkyerɛw abrɛ mo, nanso mempɛ sɛ mekyerɛw no krataa so,* na mmom m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn, na me ne mo abɛkasa anim ne anim, na ama mo anigye adi mu.

13 Wo nuabea a wɔapaw no no, ne mma se wokyia wo.

Anaa “antikristo.”

Anaa “mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri kyerɛw.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena