Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 1 Samuel 1:1-31:13
  • 1 Samuel

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Samuel
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Samuel

SAMUEL NHOMA A EDI KAN

1 Ná ɔbarima bi wɔ Ramataim-Sofim,*+ Efraim+ mmepɔw mu, na na ne din de Elkana.+ Ná ɔyɛ Efraimni, na na ne papa ne Yeroham a ɔyɛ Elihu ba, Tohu ba, Suf ba. 2 Ná ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hanah, na ɔbaako nso din de Penina. Ná Penina wɔ mma, na Hanah de, na onni ba. 3 Afe biara, na ɔbarima yi fi ne kurom kɔ Silo kɔsom* na ɔkɔbɔ afɔre ma asafo Yehowa.+ Saa bere no, na Eli mma baanu, Hofni ne Finehas,+ yɛ Yehowa asɔfo+ a wɔsom wɔ hɔ.

4 Da bi, Elkana bɔɔ afɔre, na ɔde ne yere Penina ne ne mma mmarima ne ne mma mmea nyinaa kyɛfa maa wɔn;+ 5 Hanah de, na ne kyɛfa no yɛ soronko, efisɛ Hanah na na ne kunu dɔ no paa, nanso na Yehowa mma ɔnwoo mma.* 6 Afei nso, daa na ne kora no bɔ no akutia de teetee no, efisɛ na Yehowa mma ɔnwoo mma. 7 Saa na na afe biara ɔyɛ; bere biara, sɛ Hanah kɔ Yehowa fi+ a, ne kora no bɔ no akutia ara ma ɛno nti osu, na onnidi. 8 Ɛnna ne kunu Elkana bisaa no sɛ: “Hanah, adɛn nti na woresu na wunnidi? Adɛn nti na woredi awerɛhow saa? Mensom bo mma wo nsen mma mmarima du anaa?”

9 Bere a wodidi nom wiei wɔ Silo no, Hanah sɔree. Saa bere no, na ɔsɔfo Eli te agua so wɔ Yehowa asɔrefi*+ no apongua ho. 10 Ná Hanah werɛ ahow* paa, na ɔbɔɔ Yehowa mpae,+ na osui pii. 11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+

12 Ɔbɔɔ mpae wɔ Yehowa anim kyɛe, na bere a ogu so nyinaa, na Eli rehwɛ n’ano. 13 Hanah kasae wɔ ne koma mu. N’ano kɛkɛ na ɔbesebesee; kasa no ampue. Enti Eli faa no sɛ wabow nsã. 14 Eli ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛbow nsã akosi da bɛn? Gyae nsã no nom.” 15 Na Hanah buae sɛ: “Ɛnte saa, me wura! Meyɛ ɔbea a mabotow;* memfaa bobesa anaa nsã biara nkaa m’ano, na mmom merehwie me koma mu asɛm* agu Yehowa so.+ 16 Mmu w’afenaa sɛ ɔbea huhuni, efisɛ mede ahometew ne awerɛhow na akasa abesi sesɛɛ.” 17 Ɛnna Eli buae sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade a wode too n’anim no.”+ 18 Na ɔno nso kae sɛ: “Ma w’afenaa nnya w’anim dom.” Ɛnna osiim kɔe, na okodidii, na n’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.

19 Na abusua no sɔree anɔpatutuutu kɔkotow Yehowa anim, na ɛno akyi no, wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama.+ Elkana ne ne yere Hanah dae, na Yehowa kaee no.+ 20 Edii afe no,* na Hanah anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo+ no din Samuel,* efisɛ ɔkae sɛ, “Mesrɛɛ no fii Yehowa hɔ.”

21 Akyiri yi, Elkana ne ne fifo nyinaa kɔe sɛ ɔrekɔbɔ afɔre ama Yehowa na ɔde ne bɔhyɛ ade ama sɛnea ɔyɛ no afe afe+ no. 22 Na Hanah de, wankɔ bi,+ na mmom ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Sɛ abofra no twa nufu ara pɛ a, mede no bɛkɔ, na wakopue Yehowa anim, na watena hɔ afebɔɔ.”+ 23 Ɛnna ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ nea wote nka sɛ eye,* na tena fie kosi sɛ wubetwa no nufu. Yehowa mma nea woaka no mmra mu.” Na ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne ba no kosii sɛ otwaa no nufu.

24 Enti bere a otwaa no nufu no, ntɛm ara na ɔde no kɔɔ Silo. Ɔrekɔ no, ɔfaa nantwinini a wadi mfe abiɛsa, esiam efa* baako, ne bobesa ahina kɛse ma,+ na ɔde abofra no baa Yehowa fi wɔ Silo.+ 25 Ɛnna wokum nantwinini no, na wɔde abofra no kɔmaa Eli. 26 Afei ɔbea no kae sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Sɛ́ wote ase* yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn wɔ ha bɔɔ Yehowa mpae no.+ 27 Abofra yi ho mpae na mebɔe no, na Yehowa nso ayɛ m’abisade a mede too n’anim no ama me.+ 28 Na me nso mede no refɛm Yehowa. Ne nna a ɔde bɛtena ase nyinaa, mede no afɛm Yehowa.”

Na ɔkotow* Yehowa wɔ hɔ.

2 Ɛnna Hanah bɔɔ mpae sɛ:

“Me koma di ahurusi wɔ Yehowa mu;+

Yehowa ama m’abɛn* so.

Matumi abue m’ano akasa akyerɛ m’atamfo,

Efisɛ wo nkwagye mu na midi ahurusi.

 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa;

Obiara nte sɛ wo,+

Na ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+

 3 Mommfa ahomaso nnkasa bio,

Mommma asɛm a obu nnim biara mmpue mmfi mo anom,

Efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn nimdefo,+

Na nneyɛe nyinaa, ɔno na otumi kari no yiye.

 4 Akatakyi agyan sɛe,

Nanso wɔn a wɔyɛ mmerɛw no nya ahoɔden foforo.+

 5 Nea na aduan abu no so no, ɔbɛyɛ ɔpaani ansa na wanya aduan* adi,

Nanso nea na odi kɔm no, ɔkɔm renne no bio.+

Obonin awo mma baason,+

Nanso ɔbea a ɔwɔ mma bebree no bɛyɛ ankonam.*

 6 Yehowa na okum, na ɔno na ɔkora nkwa so,*

Ɔno na ɔma nnipa sian kɔ Ɔdamoa* mu, na ɔno na ɔma wɔn so fi hɔ.+

 7 Yehowa na ɔma onipa di hia, na ɔma onipa di yiye;+

Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.+

 8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfuturu mu,

Na ɔma ohiani so fi sumina* so;+

Ɔde no tena adehye mu,

Na ɔhyɛ no anuonyam.

Yehowa na asaase nnyinaso wɔ no,+

Na ɔde asaase asi so.

 9 Ɔwɛn n’anokwafo anammɔn,+

Na nnebɔneyɛfo de, ɔbɛma wɔayera wɔ sum mu,+

Efisɛ ɛnyɛ onipa ahoɔden na ɛma odi nkonim.+

10 Wɔn a wɔne Yehowa di asi no, ɔbɛsɛe wɔn;*+

Ɔbɛma aprannaa afi soro abobom agu wɔn so.+

Yehowa bebu atɛn akodu asaase ano.+

Ɔde tumi bɛma ne hene,+

Na nea wasra no no, ɔbɛma n’abɛn so.”*+

11 Afei Elkana kɔɔ ne fi wɔ Rama. Abofra no de, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo+ wɔ ɔsɔfo Eli anim.

12 Saa bere no, na Eli mma no yɛ nnipabɔnefo,+ na na wommu Yehowa koraa. 13 Asɔfo kyɛfa a ɔman no de ma wɔn no,+ nea na wɔyɛ wɔn de ni: Sɛ obi bɛbɔ afɔre na sɛ wɔrenoa nam no a, asɔfo no asomfo de adinam a ano yɛ abiɛsa ba, 14 na wɔde bɛbɔ ɔsɛn, kwansɛn, dadesɛn anaa kuku no mu. Nea adinam no beyi aba biara, asɔfo no fa. Israelfo a wɔbaa Silo nyinaa, saa na wɔde yɛɛ wɔn. 15 Bio nso, bere a wonnya nhyew srade+ no, asɔfo no asomfo ba, na wɔbɛka kyerɛ nea ɔrebɔ afɔre no sɛ: “Ma me nam na wɔntoto mma ɔsɔfo; ɔmpɛ nam a wɔanoa, nammono mmom na ɔpɛ.” 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma yenni kan nhyew srade+ no ansa, na ɛno akyi no wubetumi afa nea wopɛ* biara” a, ɔka sɛ: “Daabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, me ara mɛfa!” 17 Enti, na wɔn* bɔne so paa wɔ Yehowa ani so,+ efisɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔde animtiaa.

18 Saa bere no nyinaa na Samuel hyɛ efɔd* a wɔde nwera ayɛ+ resom+ wɔ Yehowa anim, ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abofra no. 19 Afei nso, na ne maame taa pam nwera ataade nsasin ketewa bi ma no, na afe biara sɛ ɔne ne kunu rebɛbɔ afe afe afɔre no+ a, na ɔde abrɛ no. 20 Eli hyiraa Elkana ne ne yere sɛ: “Yehowa mma wunnya asefo mfi ɔbea yi mu mfa nhyɛ nea wode no afɛm Yehowa no ananmu.”+ Afei wosiim kɔɔ wɔn kurom. 21 Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Hanah, na onyinsɛnee,+ na ɔwoo mma mmarima baasa ne mma mmea baanu kaa ho. Na abofra Samuel nyinii wɔ Yehowa anim.+

22 Ná Eli abɔ akwakoraa posoposo, nanso nea na ne mma mmarima no de yɛ Israelfo nyinaa no, na wate ho asɛm.+ Afei nso, na wate sɛ mmea a wɔsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no, ne mma no ne wɔn da.+ 23 Nea na daa ɔka kyerɛ wɔn ne sɛ: “Adɛn nti na moyɛ saa? Mo ho nsɛm a mete fi ɔmanfo no nyinaa hɔ nye. 24 Daabi, me mma, mo ho nsɛm a meretete wɔ Yehowa man mu no nye. 25 Sɛ onipa yɛ ne yɔnko nipa bɔne a, obi betumi asrɛ Yehowa ama no, nanso sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ a, hena na obetumi abɔ mpae ama no?” Ne nyinaa akyi no, wɔantie wɔn papa, efisɛ na Yehowa ayɛ n’adwene sɛ obekunkum wɔn.+ 26 Saa bere no nyinaa na abofra Samuel gu so renyin, na na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛ n’asɛm.+

27 Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Bere a wo papa fifo wɔ Egypt a wɔyɛ nkoa wɔ Farao fi no, manyi me ho adi ankyerɛ wɔn anaa?+ 28 Mepaw wo nana fii Israel mmusuakuw nyinaa mu+ sɛ ɔnsom sɛ me sɔfo na ɔmforo m’afɔremuka+ nkɔbɔ afɔre, ɔnhyew aduhuam,* na ɔnhyɛ efɔd wɔ m’anim; mede nea Israelfo* de bɔ afɔre wɔ ogya so nyinaa maa wo nana fifo.+ 29 M’afɔrebɔde ne m’ayɛyɛde a maka sɛ momfa mmra me tenabea hɔ+ no, adɛn nti na mubu no animtiaa?* Adɛn nti na wudi wo mma no ni sen me? Afɔrebɔde a me man Israel de ba no, adɛn na moadi papa a ɛwom no ayeyɛ akɛse?+

30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm ni: “Me ara na mekae sɛ, wo fi ne wo nana fi de, wɔbɛsom me akosi daa.”+ Nanso seesei de, nea Yehowa aka ni: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa, efisɛ wɔn a wodi me ni no, me nso medi wɔn ni,+ na wɔn a wobu me animtiaa no, meremfa wɔn nyɛ hwee.” 31 Hwɛ! Nna bi reba a mɛma tumi* abɔ wo ne wo papa fi, na obiara rennyin nkyɛ wɔ wo fi.+ 32 Nneɛma pa na wɔbɛyɛ ama Israel, nanso wo de, ɔtamfo na wubehu no wɔ me tenabea hɔ,+ na akwakoraa de, ebi renka wo fi bio. 33 Mɛma wo ho nipa bi akɔ so asom wɔ m’afɔremuka ho, na ne nti w’aniwa bɛsɛe na woadi awerɛhow;* na nnipa de sekan bekunkum wo fifo dodow no ara.+ 34 Nea ɛbɛto wo mma mmarima baanu, Hofni ne Finehas no, ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo: Da koro na wɔn baanu nyinaa bewuwu.+ 35 Afei mɛma ɔsɔfo nokwafo bi aba.+ Nea ɛda me koma so na ɔbɛyɛ;* na mɛkyekye ofi ama no daa, na obedi sɔfo ama nea masra no no. 36 Obiara a ɔbɛka wɔ wo fi no bɛba abɛkotow no apɛ adwuma de agye akatua ne paanoo, na ɔbɛka sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asɔfodwuma no bi nyɛ na manya paanoo sin bi adi.”’”+

3 Saa bere no nyinaa, na abofra Samuel resom+ Yehowa wɔ Eli anim, nanso na Yehowa asɛm ho ayɛ na, na na anisoadehu+ nso ho ayɛ den.

2 Da bi, na Eli da ne dan mu; ná n’ani so ayɛ wusiwusi, na na onhu ade.+ 3 Ná kanea a ɛwɔ Onyankopɔn fi+ no nnya nnumii, na Samuel ada wɔ Yehowa asɔrefi* + hɔ; ɛhɔ na na Onyankopɔn Adaka no wɔ. 4 Ɛnna Yehowa frɛɛ Samuel, na ogyee so sɛ: “Mereba o.” 5 Na otuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkae sɛ: “Memfrɛɛ wo. San kɔda.” Ɛnna ɔkɔdae. 6 Yehowa frɛɛ no bio sɛ: “Samuel!” Na Samuel sɔree na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkae sɛ: “Me ba, memfrɛɛ wo. San kɔda.” 7 (Saa bere no, na Samuel nnya nhuu Yehowa, na na Yehowa nnya mfii ase nyii n’asɛm adi nkyerɛɛ no.)+ 8 Yehowa frɛɛ no ne mprɛnsa so sɛ: “Samuel!” Ɛnna ɔsɔree, na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?”

Ɛhɔ na Eli hui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abofra no. 9 Enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a ka sɛ, ‘Yehowa, kasa na w’akoa retie.’” Na Samuel san kɔdae.

10 Yehowa begyinaa hɔ frɛɛ no te sɛ kan no, na ɔkae sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna Samuel kae sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.” 11 Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwɛ! Merebɛyɛ ade bi wɔ Israel, na obiara a ɔbɛte no, n’aso abien nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 12 Ɛda no, nea maka atia Eli fi no, efi mfiase kosi awiei, mɛma ne nyinaa aba mu.+ 13 Ka kyerɛ no sɛ bɔne a ɔno ara nim no nti,+ merebu ne fi atɛn akosi daa, efisɛ onim sɛ ne mma redome Onyankopɔn,+ nanso wanka wɔn anim.+ 14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fi so sɛ, afɔrebɔ ne ayɛyɛde biara rentumi mpata Eli fi bɔne no da.”+

15 Samuel daa hɔ kosii anɔpa, na obuebuee Yehowa fi apon no. Ná Samuel suro sɛ ɔbɛka anisoadehu no akyerɛ Eli. 16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: “Me ba Samuel!” Na ɔkae sɛ: “Mini.” 17 Obisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo mfa nsie me. Sɛ wode asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no baako mpo sie me a, Onyankopɔn ntua wo ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” 18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara ansie no. Ɛnna Eli kae sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Nea eye wɔ n’ani so no, ma ɔnyɛ.”

19 Samuel kɔɔ so nyinii, na Yehowa dii n’akyi,+ na asɛm biara nni hɔ a ɔkae a wamma amma mu.* 20 Israel nyinaa, efi Dan kosi Beer-Seba, obiara behui sɛ Samuel na Yehowa apaw no sɛ ne diyifo. 21 Yehowa kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo, efisɛ Silo na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Samuel. Yehowa nam n’asɛm so na oyii ne ho adi kyerɛɛ no.+

4 Enti Samuel kɔɔ so kasa kyerɛɛ Israel nyinaa.

Na Israel kɔe sɛ wɔrekohyia Filistifo ne wɔn akɔko, na wɔkɔsoɛɛ baabi a ɛbɛn Ebeneser; Filistifo no nso kɔsoɛɛ Afek. 2 Filistifo asraafo boaa wɔn ho ano kohyiaa Israel, na Israelfo dii nkogu wɔ Filistifo anim ma wokunkum mmarima bɛyɛ 4,000 wɔ akono. 3 Bere a ɔman no san baa asoɛe hɔ no, Israel mpanyimfo no kae sɛ: “Adɛn nti na nnɛ Yehowa ama yɛadi nkogu* wɔ Filistifo anim yi?+ Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn,+ na ennye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.” 4 Enti ɔman no somaa mmarima kɔɔ Silo sɛ wɔnkɔfa asafo Yehowa a ɔte kerubim so*+ no apam adaka no mmra. Ná Eli mma mmarima baanu no, Hofni ne Finehas,+ nso wɔ nokware Nyankopɔn no apam adaka no ho.

5 Bere a Yehowa apam adaka no beduu asoɛe hɔ ara pɛ, Israelfo nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asaase wosowee. 6 Filistifo no nso tee osebɔ no, na wobisae sɛ: “Osebɔ bɛn na ɛrekɔ so wɔ Hebrifo asoɛe hɔ no?” Akyiri yi, wɔtee sɛ Yehowa Adaka no na wɔde aba asoɛe hɔ. 7 Filistifo no suroe, na wɔkae sɛ: “Onyankopɔn aba asoɛe hɔ!”+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Asɛm ato yɛn, efisɛ biribi sɛɛ nsii da! 8 Asɛm ato yɛn! Hena na obegye yɛn afi otumfo Nyankopɔn yi nsam? Onyankopɔn yi na okunkum Egyptfo bebree wɔ sare no so no.+ 9 Mo Filistifo, munnya akokoduru, monyɛ mmarima na moansom Hebrifo no sɛnea wɔasom mo no;+ monyɛ mmarima na monko!” 10 Enti Filistifo no koe, na Israel dii nkogu+ maa obiara guan kɔɔ ne ntamadan mu. Nnipa a wowuwui no, na wɔdɔɔso paa; Israel asraafo* 30,000 na wowuwui. 11 Afei wogyee Onyankopɔn Adaka no, na Eli mma baanu no, Hofni ne Finehas nso wuwui.+

12 Saa da no, Benyaminni bi fi akono hɔ tuu mmirika baa Silo; ná wasuan n’ataade mu de dɔte agu ne tirim.+ 13 Bere a ɔbarima no bedui no, na Eli te agua so wɔ kwankyɛn retwɛn, efisɛ nokware Nyankopɔn no Adaka no+ nti, na ne yam hyehye no. Ɔbarima no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurow no mu, na kurow no mufo nyinaa maa wɔn nne so sui. 14 Bere a Eli tee osũ no, obisae sɛ: “Dede bɛn na ɛrekɔ so yi?” Ɔbarima a ɔde nkra no bae no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ Eli amanneɛ. 15 (Ná Eli adi mfe 98, na na n’ani gu so kwa, efisɛ na onhu ade.)+ 16 Ɛnna ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: “Mene nea ofi akono bae no; ɛnnɛ yi ara na miguan fii akono bae.” Enti obisaa no sɛ: “Me ba, asɛm bɛn na asi?” 17 Na ɔbarima a ɔde nkra no bae no buae sɛ: “Israel aguan wɔ Filistifo anim, na ɔman no adi nkogu kɛse;+ wo mma mmarima baanu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokware Nyankopɔn no Adaka no nso, wɔagye.”+

18 Saa bere no, na Eli te kurow pon no ano, na bere a ɔtee nokware Nyankopɔn no Adaka no ho asɛm ara pɛ, ɔtew kɔɔ n’akyi wɔ n’agua so kɔhwee fam, na ne kɔn mu bui ma owui, efisɛ na wabɔ akwakoraa, na na ne mu nso yɛ duru. Ná wayɛ Israel temmufo mfe 40. 19 Ná n’asebea a ɔyɛ Finehas yere nyem, na na n’awo reyɛ adu. Bere a ɔbea no tee sɛ wɔagye nokware Nyankopɔn no Adaka no, na n’asebarima ne ne kunu nso awuwu no, awo kaa no amonom hɔ ara, enti ɔkotowee na ɔwoe. 20 Bere a wɔregye no awo no, na ɔrewu, na mmea a wogyinagyina ne nkyɛn no kae sɛ: “Nsuro, efisɛ woawo ɔbabarima.” Nanso wammua, na wamfa n’adwene ankɔ so.* 21 Mmom ɔtoo abofra no din Ikabod,*+ na ɔkae sɛ: “Anuonyam afi Israel akodi baabi.”+ Nokware Nyankopɔn no Adaka a wɔagye ne nea ɛtoo n’asebarima ne ne kunu nti na ɔkaa saa.+ 22 Ɔkae sɛ: “Anuonyam afi Israel akodi baabi, efisɛ wɔagye nokware Nyankopɔn no Adaka no.”+

5 Bere a Filistifo no gyee nokware Nyankopɔn no Adaka no,+ wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod. 2 Filistifo no de nokware Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Dagon fi,* na wɔde kosii Dagon nkyɛn.+ 3 Ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam ma n’anim butuw fam wɔ Yehowa Adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne sibea.+ 4 Da a edi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam a n’anim butuw fam wɔ Yehowa adaka no anim. Ná Dagon ti ne n’abakɔn abien no atetew gugu kwan no ano ma aka ne fã a ɛte sɛ apataa no nkutoo.* 5 Ɛno nti na ɛde besi nnɛ no, Dagon asɔfo ne wɔn a wɔkɔ Dagon fi nyinaa ntia Dagon pon ano wɔ Asdod no.

6 Yehowa nsa yɛɛ den wɔ Asdodfo so, na otuu n’ani sii wɔn so maa kooko fifii nnipa a wɔwɔ Asdod ne mpɔtam hɔ.+ 7 Bere a Asdodfo huu nea aba no, wɔkae sɛ: “Mommma Israel Nyankopɔn Adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ne nsa ayɛ den wɔ yɛne yɛn nyame Dagon so.” 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifo ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Adaka no?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn Adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no kɔɔ hɔ.

9 Bere a wɔde kɔɔ hɔ no, Yehowa nsa baa kurow no so maa ehu kaa wɔn papaapa. Otuu n’ani sii kurom hɔfo so, na efi akumaa so kosi ɔkɛse so, kooko fifii wɔn nyinaa.+ 10 Enti wɔde nokware Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Ekron.+ Bere a nokware Nyankopɔn no Adaka no duu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfo no teɛteɛɛm sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛne yɛn nkurɔfo!”+ 11 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ahemfo no nyinaa behyiae, na wɔkae sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn Adaka no mfi ha nsan nkosi ne sibea, na yɛne yɛn nkurɔfo anwuwu.” Nea ɛte ne sɛ, na nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa suro sɛ wobewuwu. Nokware Nyankopɔn no nsa yɛɛ den paa wɔ hɔ,+ 12 na kurow no mufo a wɔanwuwu no, kooko fifii wɔn. Na kurow no sufrɛ koduu ɔsoro.

6 Yehowa Adaka no+ dii Filistifo asaase so abosome ason. 2 Ɛnna Filistifo no frɛɛ akɔmfo ne nkɔmhyɛfo+ no bisaa wɔn sɛ: “Yehowa Adaka no, yɛnyɛ no dɛn? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so mfa nkɔ ne sibea.” 3 Ɛnna wɔkae sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn Yehowa apam adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Mmom momfa afodi afɔre+ nka ho nkɔma no. Ɛno ansa na mubenya ayaresa, na mubehu nea enti a ne nsa mfii mo so no.” 4 Ɛnna wobisae sɛ: “Afodi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔma no?” Na wɔkae sɛ: “Sɛnea Filistifo ahemfo no dodow te no,+ momfa sika kɔkɔɔ nyɛ biribi te sɛ kooko anum na momfa bi nyɛ nkura anum, efisɛ ɔhaw koro no ara na ato mo ne mo ahemfo nyinaa. 5 Monyɛ mo kooko ne nkura a wɔresɛe asaase no nsɛso,+ na monhyɛ Israel Nyankopɔn anuonyam. Ebia obegow ne nsam ama mo ne mo nyame ne mo asaase.+ 6 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mupirim mo koma sɛnea Egyptfo ne Farao pirim wɔn koma no?+ Ɔde ɔhaw baa wɔn so+ ansa na wɔregyaa Israel ama wɔakɔ.+ 7 Afei monyɛ teaseɛnam foforo, na mompɛ anantwibere abien a wɔma nufu a wɔmfaa kɔndua biara ntoo wɔn so da. Momma wɔn mma no mfi wɔn nkyɛn nkɔ fie, na momfa teaseɛnam no nsã anantwi no. 8 Momfa Yehowa Adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika kɔkɔɔ nneɛma a mode rekɔbɔ afodi afɔre ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn,+ na momma ensi kwan so nkɔ. 9 Afei momfa mo ani nni akyi. Sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asaase so wɔ Bet-Semes+ a, ɛnde na ɛyɛ Israel Nyankopɔn na wayɛ yɛn bɔne kɛse yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnde na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa aka yɛn; ɛyɛ asɛm ne asɛm na ahyia.”

10 Enti nkurɔfo no yɛɛ saa. Wɔfaa teaseɛnam no de sesãã anantwibere abien a wɔma nufu no, na wɔde wɔn mma no guu buw mu wɔ fie. 11 Afei wɔde Yehowa Adaka no sii teaseɛnam no so, na adaka ketewa a nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne wɔn kooko sɛso no wom no, wɔde sii nkyɛn. 12 Na anantwi no faa Bet-Semes kwan so tee.+ Wɔamman ankɔ nifa anaa benkum, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Saa bere no nyinaa na Filistifo ahemfo no di wɔn akyi; wodii wɔn akyi ara koduu Bet-Semes hye so. 13 Ná Bet-Semesfo retwa hwiit wɔ asaasetraa no so.* Bere a wɔmomaa wɔn ani so na wohuu Adaka no, wodii ahurusi. 14 Teaseɛnam no koduu Bet-Semesni Yosua afuw mu, na egyinaa ɔbo kɛse bi ho. Wɔpaapaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwi no+ bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa.

15 Lewifo no+ yii Yehowa Adaka no ne adaka ketewa a ɛka ho a sika kɔkɔɔ nneɛma wom no, na wɔde sii ɔbo kɛse no so. Ɛnna Bet-Semesfo+ bɔɔ ɔhyew afɔre, na wɔbobɔɔ afɔre maa Yehowa saa da no.

16 Bere a Filistifo ahemfo baanum no hui no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17 Kooko a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a Filistifo no de kɔbɔɔ afodi afɔre maa Yehowa no,+ baako yɛ Asdod+ de, baako yɛ Gasa de, baako yɛ Askelon de, baako yɛ Gat+ de, na baako nso yɛ Ekron+ de. 18 Sɛnea Filistifo ahemfo baanum no nkurow dodow te no, saa ara na na nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no dodow te, nkurow a wɔabɔ ho ban ne nkuraa a ɛwɔ petee mu nyinaa.

Ɔbo kɛse a wɔde Yehowa Adaka no sii so no ayɛ adanse wɔ Bet-Semesni Yosua afuw no mu de besi nnɛ. 19 Yehowa Adaka a Bet-Semesfo hwɛe nti, okunkum wɔn. Okum wɔn mu nnipa 50,070,* na ɔman no dii awerɛhow, efisɛ Yehowa kunkum ɔman no mufo bebree.+ 20 Ɛnna Bet-Semesfo no kae sɛ: “Hena na obetumi agyina Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron+ yi anim, na sɛ ofi yɛn nkyɛn a, hena hɔ na ɔbɛkɔ?”+ 21 Enti wotuu abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo+ nkyɛn sɛ: “Filistifo no asan de Yehowa Adaka no aba. Mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+

7 Enti Kiriat-Yearimfo no bɛfaa Yehowa Adaka no de kɔɔ Abinadab fi+ a ɛwɔ koko so no, na wɔtew ne ba Eleasar ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ Yehowa Adaka no so.

2 Adaka no kyɛe wɔ Kiriat-Yearim; edii mfe 20 wɔ hɔ, na Israelfo nyinaa fii ase hwehwɛɛ* Yehowa akyi kwan.+ 3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: “Sɛ mo koma nyinaa na mode aba Yehowa nkyɛn bio a,+ ɛnde munyi ananafo anyame+ a ɛwɔ mo mu ne Astoret ahoni+ no mfi mo mu, na momfa mo koma nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nkutoo,+ na obegye mo afi Filistifo no nsam.”+ 4 Ɛnna Israelfo no yiyii Baal anyame no ne Astoret ahoni no fii wɔn mu, na wɔsom Yehowa nkutoo.+

5 Afei Samuel kae sɛ: “Mommoaboa Israel nyinaa ano mmehyia wɔ Mispa,+ na memmɔ Yehowa mpae mma mo.”+ 6 Enti wɔboaboaa wɔn ho ano behyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu fam wɔ Yehowa anim, na wɔyɛɛ akɔnkyen* saa da no.+ Wɔkae wɔ hɔ sɛ: “Yɛayɛ Yehowa bɔne.”+ Afei Samuel fii ase buu Israel atɛn+ wɔ Mispa.

7 Bere a Filistifo no tee sɛ Israelfo aboaboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, Filistifo ahemfo no+ baa Israel so. Israelfo no tee no, Filistifo no ho hu tɔɔ wɔn so. 8 Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔ so srɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔmmoa yɛn,+ na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.” 9 Afei Samuel faa oguan ba a onum nufu na ɔde no bɔɔ ɔhyew afɔre+ maa Yehowa, na Samuel srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa Israel, na Yehowa nso gyee no so.+ 10 Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no bae sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wodii nkogu wɔ Israel anim.+ 11 Afei Israel mmarima fii Mispa kotiw Filistifo no, na wokunkum wɔn ara kosii Bet-Kar anaafo fam. 12 Ɛnna Samuel faa ɔbo,+ na ɔde sii Mispa ne Yesana ntam, na ɔtoo no din Ebeneser* kae sɛ: “Yehowa aboa yɛn abesi sesɛɛ.”+ 13 Enti wodii Filistifo so nkonim, na wɔamma Israel asaase so bio,+ na Samuel nna nyinaa mu no, Yehowa ne Filistifo no dii asi.+ 14 Afei nso, nkurow a na Filistifo agye afi Israelfo hɔ no san bedii Israelfo nsam, efi Ekron kosi Gat. Israelfo gyee wɔn nsaase fii Filistifo nsam.

Asomdwoe nso baa Israelfo ne Amorifo ntam.+

15 Samuel nkwa nna nyinaa, obuu Israelfo atɛn.+ 16 Afe biara, na otu kwan kɔ Betel,+ Gilgal,+ ne Mispa,+ na obuu Israel atɛn wɔ saa mmeae yi nyinaa. 17 Nanso na ɔsan ba Rama,+ efisɛ ɛhɔ na na ne fi wɔ, na na obu Israel nso atɛn wɔ hɔ. Osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa.+

8 Bere a Samuel bɔɔ akwakoraa no, ɔde ne mma sisii Israel so ma wɔyɛɛ atemmufo. 2 N’abakan din de Yoel, na nea ɔto so abien no din de Abia,+ na wobuu atɛn wɔ Beer-Seba. 3 Nanso ne mma no amfa n’akwan so; wodii mfaso bɔne+ akyi, wogyee adanmude,*+ na wɔkyeaa atemmu.+

4 Akyiri yi, Israel mpanyimfo nyinaa boaa wɔn ho ano baa Samuel nkyɛn wɔ Rama. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Woabɔ akwakoraa, na wo mma nso amfa w’akwan so. Enti si yɛn so hene na ommu yɛn atɛn sɛ aman a aka no nyinaa.”+ 6 Nanso Samuel ani annye ho* sɛ wɔkae sɛ: “Ma yɛn ɔhene na ommu yɛn atɛn.” Ɛnna Samuel bɔɔ Yehowa mpae. 7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nea ɔman no aka nyinaa, tie wɔn, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene bio.+ 8 Efi da a miyii wɔn fii Egypt bae besi nnɛ, daa wogyaw me+ kɔsom anyame foforo,+ na saa ara na wɔde reyɛ wo yi. 9 Enti tie wɔn. Nanso bɔ wɔn kɔkɔ na wonhu nneɛma a sɛ ɔhene bedi wɔn so a, ne tumi nti ɔbɛyɛ.”

10 Enti bere a ɔman no kae sɛ wɔpɛ ɔhene no, Samuel kaa Yehowa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ wɔn. 11 Ɔkae sɛ: “Ɔhene a obedi mo so no, ne tumi nti, nea ɔbɛyɛ ni:+ Ɔbɛfa mo mma mmarima,+ na wama wɔaka ne nteaseɛnam+ na wɔatena n’apɔnkɔ so,+ na ebinom betu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12 Ɔde wɔn mu bi bɛyɛ apem apem so ahwɛfo+ ne aduonum aduonum so ahwɛfo,+ na ebinom befuntum n’asaase+ na wɔatwa ne nnɔbae,+ na wɔbɛyeyɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+ 13 Ɔbɛma mo mma mmea afra* sradehuam, anoa nnuan, na wɔato paanoo.+ 14 Mo mfuw ne mo bobefuw* ne mo ngodua mfuw+ mu nea eye no, ɔbɛfa na ɔde ama ne nkoa. 15 Mo mfuw mu aba ne mo bobefuw mu aba nso, obegye so ntotoso du du ama n’ahemfi mpanyimfo ne ne nkoa. 16 Ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmoa mu nea eye ne mo mfurum de wɔn ayɛ n’adwuma.+ 17 Obegye mo nguan so ntotoso du du,+ na mobɛyɛ ne nkoa. 18 Da bi reba a mo hene a moapaw no no nti, mubesu,+ nanso saa da no, Yehowa rennye mo so.”

19 Nanso ɔman no antie Samuel, na wɔkae sɛ: “Daabi, yɛn de, ɔhene ara na yɛpɛ. 20 Yɛn nso yɛbɛyɛ sɛ aman a aka no nyinaa, na yɛn hene bebu yɛn atɛn, na wadi yɛn anim ako yɛn ko ama yɛn.” 21 Bere a Samuel tiee ɔman no nsɛm no nyinaa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa. 22 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Tie wɔn na si wɔn so hene.”+ Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel mmarima no sɛ: “Obiara nsan nkɔ ne kurow mu.”

9 Ná ɔbarima bi fi Benyamin abusuakuw mu a ne din de Kis,+ na na ɔyɛ ɔdefo. Ná ɔyɛ Abiel ba, ɔno nso yɛ Seror ba, ɔno nso yɛ Bekorat ba, na ɔno nso yɛ Benyaminni+ Afiya ba. 2 Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ na na ɔyɛ aberante a sɛ ɛba ahoɔfɛ a, obiara nto no wɔ Israel. Ná ɔyɛ onipa tenten a ɔware* sen obiara wɔ ɔman no mu.

3 Saul papa Kis mfurum* yerae. Enti Kis ka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: “Mesrɛ wo, fa asomfo no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no.” 4 Wɔfaa Efraim mmepɔw mu kɔfaa Salisa asaase so, nanso wɔanhu wɔn. Afei wokotwaam wɔ Saalim asaase so, nanso na wonni hɔ. Wokyinkyin Benyaminfo asaase so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

5 Bere a wokoduu Suf asaase so no, Saul ka kyerɛɛ ne somfo a ɔka ne ho no sɛ: “Bra ma yɛnsan nkɔ, anyɛ saa a, me papa begyae mfurum no akyi di adwen yɛn ho mmom.”+ 6 Ɛnna ne somfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, na nkurɔfo bu no paa. Asɛm biara a ɔka ba mu.+ Ma yɛnkɔ hɔ seesei ara. Ebia ɔbɛkyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.” 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Sɛ yɛkɔ a, dɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Paanoo biara nni yɛn kotoku mu, na yenni akyɛde biara a yɛde rekɔma nokware Nyankopɔn nipa no. Dɛn na yɛwɔ?” 8 Ɛnna ɔsomfo no nso ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Mikura dwetɛ dwetɛbona* nkyem anan mu baako; metumi de ama nokware Nyankopɔn nipa no na wakyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.” 9 (Kan no, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ biribi wɔ Israel a, asɛm a na ɔka ne sɛ: “Ma yenkohu ɔdehwɛfo no.”+ Nea wɔfrɛ no odiyifo nnɛ no, kan no a, anka wɔbɛfrɛ no ɔdehwɛfo.) 10 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Nea woaka no ye. Ma yɛnkɔ.” Enti wɔkɔɔ kurow a nokware Nyankopɔn nipa no wom no mu.

11 Bere a wɔreforo akɔ kurow no mu no, wohuu mmabaa bi a wɔrekɔ nsu. Ɛnna wobisaa wɔn sɛ: “Ɛha na ɔdehwɛfo+ no wɔ anaa?” 12 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔwɔ ha. Hwɛ! Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho; waba kurom ha nnɛ, efisɛ ɛnnɛ ɔman no bɛbɔ afɔre+ wɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ.+ 13 Sɛ mudu kurow no mu pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi. Sɛ ɔmmae a, obiara rennidi, efisɛ ɔno na ohyira afɔre so. Ohyira so wie ansa na wɔn a wɔafrɛ wɔn aba no adidi. Enti momforo nkɔ, efisɛ mokɔ seesei ara a mubehu no.” 14 Ɛnna wɔforo kɔɔ kurow no mu, na bere a woduu kurow no mu no, wohui sɛ Samuel rebehyia wɔn ne wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.

15 Ade rebɛkye ama Saul aba no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel* sɛ: 16 “Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma ɔbarima bi a ofi Benyamin asaase so+ aba wo nkyɛn. Sra no ngo, na ɔnyɛ me man Israel kannifo.+ Ɔno na obegye me man afi Filistifo nsam, efisɛ mahu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abedu me nkyɛn.”+ 17 Bere a Samuel huu Saul no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima yi na mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Oyi na obedi me man so’ no.”+

18 Ɛnna Saul kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ kurow pon no ano, na ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, ɛhe na ɔdehwɛfo no fi wɔ?” 19 Ɛnna Samuel buaa Saul sɛ: “Mene ɔdehwɛfo no. Munni m’anim mforo nkɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɛnnɛ me ne mo bedidi.+ Anɔpa megya mo kwan, na nea wopɛ sɛ wuhu nyinaa,* mɛka akyerɛ wo. 20 Mfurum a ɛnnɛ ne nnansa wɔyerae no,+ gyae wɔn akyi di, efisɛ wɔahu wɔn. Nneɛma pa a ɛwɔ Israel nyinaa, hena na ɛyɛ ne dea? Ɛnyɛ wo ne wo papa fi nyinaa dea anaa?”+ 21 Ɛnna Saul kae sɛ: “Ɛnyɛ Benyamin abusuakuw a ɛyɛ Israel mmusuakuw mu ketewa koraa mu na mifi?+ Benyamin abusuakuw nyinaa mu no, ɛnyɛ m’abusua na esua wom? Enti adɛn nti na woaka saa asɛm yi akyerɛ me?”

22 Afei Samuel de Saul ne ne somfo no baa adidibea, na ɔde wɔn tenaa baabi titiriw wɔ wɔn a wɔafrɛ wɔn no mu; ná wɔyɛ mmarima bɛyɛ 30. 23 Samuel ka kyerɛɛ nea ɔnoa aduan no sɛ: “Fa nam a mede maa wo sɛ, ‘Fa sie’ no bra.” 24 Ɛnna nea ɔnoa aduan no kɔfaa ne srɛ no, na ɔde besii Saul anim. Na Samuel kae sɛ: “Nea wɔde siei no na wɔde abesi w’anim yi. Di, efisɛ saa bere yi nti na wɔde sie maa wo. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mato nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wommedidi.’” Enti Saul ne Samuel didii saa da no. 25 Wowiei no, wosian fii sorɔnsorɔmmea hɔ+ kɔɔ kurow no mu, na ɔne Saul kasae wɔ ɔdan atifi. 26 Afei wɔsɔree anɔpa paa ansa na anim retetew, na Samuel frɛɛ Saul wɔ ɔdan no atifi hɔ sɛ: “Yɛ ahoboa na minnya wo kwan.” Enti Saul boaboaa ne ho, na ɔne Samuel nyinaa puei. 27 Bere a wɔresian afi kurow no mu no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ka kyerɛ ɔsomfo no+ sɛ ɔmmɛsen nni yɛn anim nkɔ, nanso wo de, gyina hɔ na menka asɛm a Onyankopɔn aka no nkyerɛ wo.” Enti ɔsomfo no dii wɔn anim kɔe.

10 Ɛnna Samuel faa ngo toa, na ohwiee ngo a ɛwom no guu Saul atifi.+ Ofew n’ano kae sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na wasra wo ayɛ wo ɔkannifo+ wɔ n’agyapade so?+ 2 Ɛnnɛ sɛ wufi me nkyɛn rekɔ a, wubehu mmarima baanu wɔ Rahel+ damoa nkyɛn wɔ Selsa a ɛwɔ Benyamin asaase so no, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfurum a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na wo papa agyae mfurum no akyi di+ redwen wo ho sɛ: “Dɛn na menyɛ wɔ me ba yi ho?”’ 3 Wufi hɔ a, toa so kodu Tabor dua kɛse no ase, na wudu hɔ a, wubehyia mmarima baasa a wɔrekɔ nokware Nyankopɔn no anim wɔ Betel;+ ɔbaako kura mpɔnkye mma abiɛsa, ɔbaako kura paanoo abiɛsa, ɛnna ɔbaako so ahina kɛse a bobesa wom. 4 Wobebisa sɛnea wo ho te, na wɔama wo paanoo abien; ɛyɛ a gye. 5 Ɛno akyi no, kɔ nokware Nyankopɔn no bepɔw no so, baabi a Filistifo asraafodɔm wɔ no. Sɛ wudu kurow no mu a, wubehyia adiyifo bi a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea* hɔ sɛ wɔrehyɛ nkɔm, na wubehu sɛ nkurɔfo di wɔn anim rebɔ asanku, mpintin, ntɛntɛbɛn, ne asankuten. 6 Yehowa honhom bɛba wo so,+ na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm, na wobɛyɛ w’ade sɛ onipa foforo.+ 7 Sɛ saa nsɛnkyerɛnne yi ba mu a, yɛ nea wubetumi biara, efisɛ nokware Nyankopɔn no di w’akyi. 8 Ɛno akyi no, di kan kɔ Gilgal,+ na mesian aba wo nkyɛn abɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ hɔ. Twɛn nnanson kosi sɛ mɛba wo nkyɛn. Afei mɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”

9 Bere a Saul dan ne ho sɛ ɔrefi Samuel nkyɛn akɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma ma ɔyɛɛ sɛ onipa foforo, na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa sisii saa da no. 10 Enti wofii hɔ kɔɔ bepɔw no so, na adiyifo bi behyiaa no; ɛhɔ ara na Onyankopɔn honhom baa no so,+ na ofii ase hyɛɛ nkɔm+ wɔ wɔn mu. 11 Bere a wɔn a wonim no dedaw no hui sɛ ɔne adiyifo no rehyɛ nkɔm no, wobisabisae sɛ: “Dɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifo no ho anaa?” 12 Ɛnna ɔbarima bi a ofi hɔ bisae sɛ: “Na wɔn papa ne hena?” Ɛno nti, abɛyɛ asɛm a nkurɔfo taa ka sɛ:* “Saul nso ka adiyifo no ho anaa?”+

13 Bere a ɔhyɛɛ nkɔm wiei no, ɔkɔɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. 14 Akyiri yi, Saul papa nua bisaa ɔne ne somfo no sɛ: “Mokɔɔ he?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum no,+ nanso yɛanhu wɔn, enti yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.” 15 Saul papa nua no bisae sɛ: “Mesrɛ wo ka kyerɛ me, dɛn na Samuel ka kyerɛɛ mo?” 16 Ɛnna Saul buaa ne papa nua no sɛ: “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfurum no.” Nanso ahenni no ho asɛm a Samuel kae no de, Saul anka ankyerɛ no.

17 Samuel frɛfrɛɛ ɔman no behyiae wɔ Yehowa anim wɔ Mispa,+ 18 na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Me na miyii Israel fii Egypt, na migyee mo fii Egyptfo ne ahenni a ɛhyɛɛ mo so no nyinaa nsam.+ 19 Na mo de, mo Nyankopɔn a ogyee mo fii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, ɛnnɛ moapo no,+ na moaka sɛ: “Daabi, yɛpɛ sɛ wusi yɛn so hene.” Enti afei mummegyina Yehowa anim mmusuakuw mmusuakuw ne apem apem.’”*

20 Ɛnna Samuel maa Israel mmusuakuw no nyinaa baa ne nkyɛn+ mmaako mmaako, na woyii Benyamin abusuakuw no.+ 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no baa ne nkyɛn mmusua mmusua, na woyii Matrifo abusua no. Na woyii Kis ba Saul.+ Nanso bere a wɔkɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no. 22 Ɛnna wobisaa Yehowa sɛ:+ “Ɔbarima no abedu ha anaa?” Na Yehowa kae sɛ: “Hwɛ, ɔno na wakohintaw nneɛma mu no.” 23 Enti wɔde mmirika kɔfaa no bae. Bere a obegyinaa ɔman no mu no, na ɔware sen obiara.+ 24 Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Nea Yehowa apaw no no,+ moahu sɛ obiara nte sɛ ɔno wɔ ɔman yi nyinaa mu?” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kae sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”

25 Afei Samuel kaa nea ɔmanfo no bɛyɛ ama wɔn ahemfo,+ na ɔkyerɛwee wɔ nhoma mu de kɔtoo Yehowa anim. Ɛnna Samuel gyaa ɔmanfo no nyinaa kwan ma obiara kɔɔ ne fi. 26 Saul nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea, na akatakyi a Yehowa kanyan wɔn* no ne no kɔe. 27 Nanso mmarima ahuhufo bi kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na oyi atumi agye yɛn?”+ Enti wobuu no animtiaa, na wɔamfa akyɛde biara ammrɛ no.+ Nanso wankasa.*

11 Ammonni+ Nahas de dɔm baa Gilead kurow Yebes+ so. Ɛnna Yebes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: “Wo ne yɛn nyɛ apam* na yɛnsom wo.” 2 Ammonni Nahas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhyehyɛe yi na megyina so ne mo ayɛ apam: ɛne sɛ, metutu mo mu biara ani nifa na mede agu Israel nyinaa anim ase.” 3 Yebes mpanyimfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛn nnanson, na yebetu abɔfo akɔ Israel asaase so baabiara, na sɛ yɛannya ogyefo biara a, ɛnde yɛde yɛn ho bɛma wo.” 4 Akyiri yi, abɔfo no kɔɔ Saul kurow Gibea+ mu kɔkaa asɛm no kyerɛɛ kurow no mufo, na kurow no mufo nyinaa momaa wɔn nne so sui denneennen.

5 Ná Saul de anantwi fi wuram reba, na Saul bisae sɛ: “Asɛm bɛn na ato nkurɔfo yi? Adɛn nti na wɔresu?” Ɛnna wɔkaa nsɛm a Yebes mmarima aka no kyerɛɛ no. 6 Bere a Saul tee asɛm no, Onyankopɔn honhom baa no so,+ na ne bo fuwii kɛse. 7 Enti ɔfaa anantwi abien, na otwitwaa wɔn mu asinasian de hyɛɛ abɔfo no nsa sɛ wɔmfa nkɔ Israel asaase so baabiara, na ɔkae sɛ: “Obiara a wammedi Saul ne Samuel akyi no, sɛɛ na wɔde bɛyɛ n’anantwi!” Na Yehowa maa ehu kaa ɔman no, enti wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano* fii adi bae. 8 Ɛnna ɔkan wɔn wɔ Besek; ná Israelfo dodow yɛ 300,000, na Yuda mmarima nso yɛ 30,000. 9 Afei wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: “Nea monkɔka nkyerɛ mmarima a wɔwɔ Yebes a ɛwɔ Gilead ni, ‘Ɔkyena awia ketee, yebegye mo.’” Ɛnna abɔfo no bɛka kyerɛɛ Yebes mmarima, na wodii ahurusi. 10 Ɛno nti Yebes mmarima no kɔka kyerɛɛ Ammonfo sɛ: “Ɔkyena yɛde yɛn ho bɛma mo, na nea mopɛ biara momfa nyɛ yɛn.”+

11 Ade kyee no, Saul kyekyɛɛ nkurɔfo no mu abiɛsa, na wɔbɔ wuraa Ammonfo+ dɔm no mu ahemanakye* kokunkum wɔn kosii awia ketee. Wɔn a wɔkae nso, wɔbɔɔ wɔn hwetee, na wɔn mu baanu mpo anka wɔ faako. 12 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Henanom na wɔkae sɛ wɔmpɛ sɛ Saul yɛ yɛn so hene no?+ Momfa wɔn mmra na yenkunkum wɔn.” 13 Nanso Saul kae sɛ: “Munnkum obiara saa da yi,+ efisɛ ɛnnɛ, Yehowa agye Israel.”

14 Akyiri yi, Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ Gilgal+ na yɛnsan nkosi Saul hene bio.”+ 15 Enti ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wosii Saul hene wɔ Yehowa anim wɔ Gilgal. Afei wɔbɔɔ asomdwoe afɔre wɔ Yehowa anim,+ na Saul ne Israel mmarima nyinaa dii ahurusi kɛse wɔ hɔ.+

12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Nea moka kyerɛɛ me nyinaa mayɛ,* na mapaw ɔhene a obedi mo so.+ 2 Ɔhene a obedi mo anim no ni!+ Me de, mabɔ akwakoraa na mafuw dwen, na me mma nso, wɔne mo na ɛwɔ ha yi;+ efi me mmofraase na madi mo anim abesi nnɛ.+ 3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye?+ Hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude* de akyea atemmu?+ Sɛ mayɛ biribi saa a, monka na metua ka.”+ 4 Ɛnna wɔkae sɛ: “Wunsisii yɛn, na wonhyɛɛ yɛn so. Wunnyee hwee nso mfii obiara hɔ.” 5 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa ne me dansefo wɔ mo anim, na nea wasra no yi nso yɛ me dansefo sɛ moannya me ho asɛm biara.”* Ɛnna wɔkae sɛ: “Ɔyɛ wo dansefo.”

6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Yehowa a ɔpaw Mose ne Aaron, na oyii mo agyanom fii Egypt asaase so+ no, ɔno ne me dansefo. 7 Enti afei munnyinagyina ha, na adetrenee a Yehowa ayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa nti, mimmu mo atɛn wɔ Yehowa anim.

8 “Bere a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom fii ase su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ, Yehowa somaa Mose+ ne Aaron ma wodii mo agyanom anim fii Egypt de wɔn bɛtenaa ha.+ 9 Nanso wɔn werɛ fii Yehowa, wɔn Nyankopɔn, enti ɔtɔn wɔn+ maa Hasor sahene Sisera+ ne Filistifo+ ne Moab hene,+ na wɔne wɔn koe. 10 Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagyaw Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn fi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’ 11 Na Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ogyee mo fii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam ma motenaa ase dwoodwoo.+ 12 Bere a muhui sɛ Ammonfo hene Nahas+ aba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Daabi, yɛn de, ɔhene ara na yɛpɛ!’+ Nanso saa bere no, na Yehowa, mo Nyankopɔn na ɔyɛ mo Hene.+ 13 Enti afei ɔhene a moapaw no, nea mubisae no ni. Hwɛ! Yehowa asi mo so hene.+ 14 Sɛ musuro Yehowa+ na mosom no,+ na mutie ne nne,+ na mudi Yehowa ahyɛde so, na mo ne ɔhene a obedi mo so no nyinaa di Yehowa, mo Nyankopɔn ahyɛde so a, ebesi mo yiye. 15 Nanso sɛ moantie Yehowa nne na mubu Yehowa ahyɛde so a, Yehowa nsa bɛba mo ne mo agyanom so.+ 16 Afei munnyinagyina ha na monhwɛ ade kɛse a Yehowa rebɛyɛ wɔ mo anim yi. 17 Ɛnyɛ hwiit twabere mu na yɛwɔ yi? Mɛsrɛ Yehowa na wama aprannaa abobom na osu atɔ; na mubehu sɛ ɔhene a mubisae nti, moayɛ bɔne kɛse wɔ Yehowa ani so.”+

18 Ɛnna Samuel srɛɛ Yehowa, na Yehowa maa aprannaa boboom na osu tɔe saa da no, enti ɔman no nyinaa suroo Yehowa ne Samuel paa. 19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Bɔ Yehowa, wo Nyankopɔn mpae ma wo nkoa,+ na yɛmpɛ sɛ yewuwu, efisɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no, yɛasan ayɛ bɔne kɛse aka sɛ yɛpɛ ɔhene.”

20 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Munnsuro. Bɔne no de, moanya ayɛ. Nanso monhwɛ na moamfi Yehowa akyi,+ na mmom momfa mo koma nyinaa nsom Yehowa.+ 21 Monhwɛ na moankodi ahuhude* akyi;+ mfaso biara nni so,+ na entumi nnye nkwa, efisɛ ɛyɛ ahuhude.* 22 Na Yehowa din kɛse no nti,+ ɔrennyaw ne man,+ efisɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+ 23 Na me nso, ɛmpare me sɛ mɛyɛ Yehowa bɔne aka sɛ meremmɔ mpae mma mo bio. Mɛkɔ so akyerɛ mo nea eye ne ɔkwampa a mobɛfa so. 24 Mo de ara ne sɛ mubesuro Yehowa+ na mode mo koma nyinaa asom no wɔ nokwaredi mu; monkae nneɛma akɛse a wayɛ ama mo no.+ 25 Nanso sɛ musi mo bo sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnde mo ne mo hene nyinaa,+ wɔbɛpra mo akɔ.”+

13 Saul bedii hene no,+ na wadi mfe . . . ,* na odii Israel so hene mfe abien. 2 Saul paw mmarima 3,000 fii Israelfo mu; ná wɔn mu 2,000 ka Saul ho wɔ Mikmas ne Betel mmepɔw mu, na 1,000 nso kɔkaa Yonatan+ ho wɔ Benyaminfo kurow Gibea+ mu. Asraafo a wɔaka no de, ogyaa wɔn kwan ma obiara kɔɔ ne ntamadan mu. 3 Yonatan kunkum Filistifo+ asraafodɔm a wɔwɔ Geba+ no, na Filistifo no tee. Ɛnna Saul ma wɔbɔɔ abɛn+ wɔ asaase no nyinaa so kae sɛ: “Hebrifo, muntie!” 4 Asɛm a Israel nyinaa tee ne sɛ: “Saul akunkum Filistifo asraafodɔm, na seesei Israel ho abɔn Filistifo no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wommedi Saul akyi wɔ Gilgal.+

5 Filistifo no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfo rebɛko; wɔde nteaseɛnam 30,000 ne nnipa 6,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne nnipa a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea bae,+ na wɔforo kɔboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen+ apuei fam. 6 Na Israel mmarima hui sɛ wɔn ho akyere wɔn, efisɛ na nea ɛreba no ani soso. Enti ɔman no guan kohintaw abodan,+ amoa, abotan, ntokuru ne nsubura mu. 7 Hebrifo no bi mpo twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asaase so.+ Saul de, na ɔda so wɔ Gilgal, na nnipa a na wodi n’akyi nyinaa ho popoe. 8 Ɔtwɛn nnanson sɛnea Samuel kae* no, nanso Samuel amma Gilgal, na na ɔmanfo no refi ne nkyɛn nkakrankakra. 9 Afei Saul kae sɛ: “Momfa ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde no mmrɛ me.” Na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no.+

10 Nanso bere a ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no wiei ara pɛ na Samuel bedui. Enti Saul fii adi sɛ ɔrekohyia no ahyira no. 11 Ɛnna Samuel bisae sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?” Saul buae sɛ: “Mihui sɛ ɔmanfo no refi me nkyɛn,+ na wo nso bere a wohyɛe no, woanni so. Afei nso, na Filistifo no reboaboa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 12 Enti meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Filistifo yi besian aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa nhyira.’* Ɛbaa saa no, mebɔɔ ɔhyew afɔre no.”

13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm. Mmara nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn de maa wo no, woanni so.+ Sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim afebɔɔ wɔ Israel. 14 Nanso seesei de, w’ahenni renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ɔyɛ nea Yehowa koma pɛ,+ na ɔbɛyɛ no ɔkannifo wɔ ne man so,+ efisɛ woanyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wo no.”+

15 Afei Samuel sɔre siim fii Gilgal kɔɔ Benyaminfo kurow Gibea mu, na Saul kan ɔmanfo no; wɔn a na wɔda so ka ne ho no, na wɔn dodow bɛyɛ mmarima 600.+ 16 Saul ne ne ba Yonatan ne wɔn a wɔda so ka wɔn ho no, na wɔwɔ Benyaminfo kurow Geba+ mu. Filistifo no nso boaboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 17 Ná asraafo akuw abiɛsa taa fi Filistifo asoɛe hɔ ba. Kuw baako fa Ofra kwan so kɔ Sual asaase so, 18 kuw foforo nso de wɔn ani kyerɛ Bet-Horon+ kwan so, na kuw a ɛto so abiɛsa no nso de wɔn ani kyerɛ sare so, ɔkwan a ɛne Seboim bon no bɔ hye no so.

19 Ná ɔtomfo biara nni Israel asaase so baabiara, efisɛ Filistifo no kae sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifo no bɛyɛ sekan anaa peaw biara.” 20 Enti sɛ Israelni biara pɛ sɛ ɔsew n’asɔw, ne sosɔw, n’abonnua, ne ne kantankrankyi* ano a, gye sɛ osian kɔ Filistifo mu. 21 Sɛ wɔsew asɔw, ɔsosɔw, adinam a ano yɛ abiɛsa, abonnua, anaasɛ wosiesie poma a wɔde ka nantwi a, wogye pim* baako. 22 Sɛ ɔko du so a, obiara nni ɔman no mu a ɔka Saul ne Yonatan ho a onya sekan anaa peaw kura; Saul ne ne ba Yonatan nko ara na na wɔwɔ akode.+

23 Ná Filistifo de asraafodɔm akogu baabi a wɔfa twa Mikmas+ bon no.

14 Da bi, Saul ba Yonatan+ ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ Filistifo dɔm a wɔwɔ ɔfã noho no mu.” Nanso wammɔ ne papa amanneɛ. 2 Ná Saul wɔ granate akutu* dua a esi Migron no ase wɔ Gibea+ kurotia, na na mmarima bɛyɛ 600 ka ne ho.+ 3 (Ahiya na na ɔhyɛ asɔfotaade efɔd*+ no. Ná ɔyɛ Yehowa sɔfo Eli+ a na ɔwɔ Silo+ no ba Finehas+ ba Ikabod+ nua Ahitab+ ba.) Asraafo no de, na wonnim sɛ Yonatan afi wɔn mu. 4 Baabi a na Yonatan pɛ sɛ ɔfa twa kɔ Filistifo dɔm so no, na ɔbotan a ɛte sɛ ɛse wɔ ɔfã ha, ɛnna ɔbotan a ɛte sɛ ɛse wɔ ɔfã ha; baako din de Boses, na baako nso din de Sene. 5 Ná abotan no baako a ɛwɔ atifi fam no te sɛ edum, na ani kyerɛ Mikmas, na nea ɛwɔ anaafo fam no ani kyerɛ Geba.+

6 Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo*+ yi dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn, efisɛ ɛnyɛ Yehowa den sɛ ɔbɛfa nnipa pii anaa nnipa kakraa bi so agye nkwa.”+ 7 Ɛnna ne somfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ nea ɛwɔ wo komam biara. Baabiara a wopɛ sɛ wokɔ no, kɔ, na medi w’akyi akɔ baabi a wo koma pɛ biara.” 8 Ɛnna Yonatan kae sɛ: “Yebetwa akɔ mmarima no mu, na yɛayi yɛn ho adi akyerɛ wɔn. 9 Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Munnyina hɔ nkosi sɛ yɛbɛba abɛto mo!’ a, yebegyina hɔ ara; yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. 10 Nanso sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra na yɛmfa nsi ani!’ a, ɛnde yɛbɛforo akɔ, efisɛ Yehowa de wɔn bɛhyɛ yɛn nsa. Ɛno bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama yɛn.”+

11 Ɛnna wɔn baanu no yii wɔn ho adi kyerɛɛ Filistifo dɔm no. Na Filistifo no kae sɛ: “Monhwɛ sɛ Hebrifo no repuepue fi ntokuru a wokohintaw mu no mu.”+ 12 Ɛnna awɛmfo dɔm no ka kyerɛɛ Yonatan ne ne somfo no sɛ: “Momforo mmra ha, na yɛbɛkyerɛ mo nyansa!”+ Ɛhɔ ara na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Di m’akyi, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ Israel nsa.”+ 13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foro kɔe, na ne somfo no dii n’akyi, na Yonatan kaa Filistifo no gui wɔ n’anim, na ne somfo no dii n’akyi kunkum wɔn. 14 Nnipa a Yonatan ne ne somfo no dii kan kunkum wɔn wɔ asaase ketewa bi so no,* na wɔbɛyɛ mmarima 20.

15 Ɛnna ehu kaa asraafo a wɔwɔ asoɛe hɔ ne awɛmfo dɔm no nyinaa, na asraafo a na wɔtaa kɔfom nneɛma no mpo,+ ehu kaa wɔn. Asaase wosowee, na Onyankopɔn maa ehu kaa Filistifo no. 16 Saul awɛmfo a wɔwɔ Benyaminfo kurow Gibea+ mu no tee sɛ gyegyeegye bi rekɔ so wɔ asoɛe hɔ nyinaa.+

17 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ mo, monkan nnipa no na yenhu nea wafi yɛn mu kɔ.” Bere a wɔkan nnipa no, wohui sɛ Yonatan ne ne somfo no nni hɔ. 18 Afei Saul ka kyerɛɛ Ahiya+ sɛ: “Fa nokware Nyankopɔn no Adaka no bra ha!” (Saa bere no,* na nokware Nyankopɔn no Adaka no wɔ Israelfo mu.) 19 Bere a Saul gu so ne ɔsɔfo no rekasa no nyinaa, na dede a ɛrekɔ so wɔ Filistifo asoɛe hɔ no ano reyɛ den. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: “Gyae.”* 20 Enti Saul ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa boaboaa wɔn ho kɔɔ akono. Bere a wokoduu hɔ no, wohui sɛ Filistifo no mu biara atwe sekan wɔ ne yɔnko so, na na ɛhɔ nyinaa ayɛ bagyabagya. 21 Afei nso, Hebrifo a bere bi wɔkɔɔ Filistifo no afã a na wɔwɔ wɔn asoɛe hɔ no, wɔsan baa Israelfo nkyɛn bɛkaa Saul ne Yonatan ho. 22 Israel mmarima a wokohintaw+ Efraim mmepɔw mu no nyinaa tee sɛ Filistifo no aguan, na wɔn nso tiw wɔn ne wɔn kɔkoe. 23 Ɛda no, Yehowa gyee Israel,+ na wɔkoe ara koduu Bet-Awen.+

24 Ná Israel mmarima no abrɛbrɛ, efisɛ na Saul agyina asraafo no anim aka ntam sɛ: “Nnome nka ɔbarima biara a ɔrentwɛn nkosi sɛ metua m’atamfo so ka na obedidi* ansa na onwini adwo!” Enti asraafo no mu biara amfa aduan anka n’ano.+

25 Na asraafo* no nyinaa koduu kwae mu, na na ɛwo wɔ asaase no so. 26 Bere a woduu kwae mu hɔ no, wohui sɛ ɛwo resosɔ, nanso obiara amfa bi anka n’ano, efisɛ na wosuro ntam no. 27 Yonatan de, na ɔntee sɛ ne papa agyina asraafo no anim aka ntam,+ enti ɔteɛɛ poma a ekura no no de ano kaa ɛwokyɛm, na odii, na onyaa ahoɔden.* 28 Ɛnna nkurɔfo no baako kae sɛ: “Wo papa agyina asraafo no anim aka ntam sɛ, ‘Nnome nka obiara a obedidi nnɛ!’+ Ɛno nti na asraafo no abrɛ saa no.” 29 Ɛnna Yonatan kae sɛ: “Me papa de ɔhaw* kɛse aba ɔman yi so. Monhwɛ, ɛwo kakra a mede kaa m’ano mpo ama manya ahoɔden.* 30 Nneɛma a asraafo no nya fii wɔn atamfo hɔ wɔ ɔko mu no, sɛ wodii bi nnɛ a,+ anka hwɛ nea ɛbɛba! Anka nkonim a wobedi wɔ Filistifo so no bɛkyɛn eyi mpo.”

31 Saa da no, wokunkum Filistifo fi Mikmas kosii Ayalon,+ na asraafo no brɛe paa. 32 Enti asraafo no tu guu nneɛma a wonya fii ɔko mu no so faa nguan ne anantwi ne anantwi mma kunkum wɔn wɔ hɔ ara, na asraafo no dii mogya no kaa nam no ho.+ 33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Asraafo no reyɛ bɔne tia Yehowa; wɔredi mogya ka nam no ho.”+ Na ɔkae sɛ: “Moanni nokware. Monka mo ho mpia ɔbo kɛse mmrɛ me.” 34 Saul kae sɛ: “Munkyin nkurɔfo no so, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara mfa ne nantwi ne ne guan mmra me nkyɛn ha, na ommekum no wɔ ha nni, na monnyɛ Yehowa bɔne nnni mogya nnka nam no ho.’”+ Ɛnna asraafo no mu biara de ne nantwi bae anadwo no, na obekum no wɔ hɔ. 35 Na Saul sii afɔremuka maa Yehowa.+ Eyi ne afɔremuka a edi kan a osi maa Yehowa.

36 Akyiri yi, Saul kae sɛ: “Momma yentiw Filistifo no anadwo yi na yɛntow nhyɛ wɔn so nsesaw wɔn nneɛma nkosi sɛ ade bɛkye. Yɛremma onipa baako koraa ntena nkwa mu.” Ɛnna wɔkae sɛ: “Nea eye w’ani so biara, yɛ.” Ɛnna ɔsɔfo no kae sɛ: “Momma yemmisa nokware Nyankopɔn no wɔ ha.”+ 37 Enti Saul bisaa Onyankopɔn sɛ: “Mintiw Filistifo no anaa?+ Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa?” Nanso saa da no, Onyankopɔn amma no mmuae. 38 Ɛnna Saul kae sɛ: “Asraafo no mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na yɛnhwehwɛ bɔne a ɛnnɛ yɛayɛ. 39 Yehowa, Israel Gyefo no te ase yi, sɛ ɛyɛ me ba Yonatan mpo a, ɛsɛ sɛ owu.” Nanso obiara anka hwee. 40 Afei ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Munnyina ɔfã baako, na me ne me ba Yonatan nso begyina ɔfã baako.” Ɛnna nkurɔfo no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Nea eye wɔ w’ani so biara, yɛ.”

41 Saul ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “O Israel Nyankopɔn, fa Tumim*+ so ma nokware nna adi!” Enti esii Yonatan ne Saul so, na asraafo no faa wɔn ho dii. 42 Ɛnna Saul kae sɛ: “Mommɔ me ne me ba Yonatan so ntonto.”+ Na ekosii Yonatan so. 43 Afei Saul bisaa Yonatan sɛ: “Ka kyerɛ me, dɛn na woayɛ?” Enti Yonatan kae sɛ: “Mede ɛwo kakra kaa m’ano; ná ɛwɔ poma a ekura me no ano.+ Mini! Momma minwu!”

44 Ɛnna Saul kae sɛ: “Yonatan, sɛ mamma woanwu a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho.”+ 45 Nanso asraafo no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yonatan a ɔde nkonimdi* kɛse+ abrɛ Israel yi na ɔrebewu? Ɛmpare yɛn! Sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛnsɛ sɛ ne ti nwi baako mpo tɔ fam, efisɛ Onyankopɔn na ɔde no ayɛ adwuma nnɛ.”+ Enti asraafo no twitwa gyee Yonatan,* na wanwu.

46 Ɛnna Saul gyaee Filistifo no akyi di, na Filistifo no nso kɔɔ wɔn asaase so.

47 Saul maa n’ahenni timii wɔ Israel, na ɔne n’atamfo nyinaa koe: Moabfo+ ne Ammonfo+ ne Edomfo+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifo.+ Na baabiara a ɔkɔe nso, odii nkonim. 48 Ɔde akokoduru koe, na odii Amalekfo+ so nkonim, na ogyee Israel fii nnipabɔnefo a wɔfom nneɛma nsam.

49 Saul mma mmarima ne Yonatan, Yiswi, ne Malki-Sua,+ na ne mma mmea baanu no nso, na wɔfrɛ ɔpanyin no Merab+ na na wɔfrɛ akumaa no Mikal.+ 50 Saul yere din de Ahinoam, na na ɔyɛ Ahimahas ba. Ne sahene nso din de Abner,+ na na ɔyɛ Saul papa nua Ner ba. 51 Saul yɛ Kis+ ba, ɛnna Abiel ba Ner+ nso ba ne Abner.

52 Saul nna nyinaa, ntɔkwaw a emu yɛ den ampa ɔne Filistifo ntam.+ Sɛ Saul hu ɔbarima biara a ne ho yɛ den anaa ɔwɔ akokoduru a, na ɔde no aka ne dɔm ho.+

15 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yehowa somaa me ma mebɛsraa wo ngo de wo sii ne man Israel so hene,+ enti tie asɛm a Yehowa reka akyerɛ wo.+ 2 Nea asafo Yehowa aka ni: ‘Metua Amalekfo so ka, efisɛ bere a Israel fi Egypt reba no, wɔsɔre tiaa wɔn wɔ kwan so.+ 3 Enti kɔ na kokunkum Amalekfo+ na sɛe wɔne nea wɔwɔ nyinaa pasaa,+ mfa wɔn ho nkyɛ wɔn,* kunkum wɔn nyinaa,+ ɔbarima ne ɔbea, abofra ne nea otua nufu ano, nantwi ne oguan, yoma ne afurum.’”+ 4 Saul frɛfrɛɛ nkurɔfo no, na ɔkan wɔn wɔ Telaim; asraafo* no, na wɔn dodow yɛ 200,000 na na Yuda mmarima nso dodow yɛ 10,000.+

5 Saul kɔe ara koduu Amalek kurow mu, na wɔkɔtetɛw bon no mu. 6 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Kenifo+ sɛ: “Monkɔ, mumfi Amalekfo mu nkɔ, na mampra mo amfra wɔn.+ Mo de, modaa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ Israelfo nyinaa+ bere a wofi Egypt reba no.” Enti Kenifo no fii Amalekfo no mu kɔe. 7 Ɛno akyi no, Saul kokunkum Amalekfo+ fi Hawila+ kosii Sur+ a ɛbɛn Egypt no. 8 Ɔkyeree Amalek hene Agag+ animono, na ɔman no nkae de, ɔde sekan kunkum wɔn nyinaa.+ 9 Nanso Agag ne nguan ne anantwi ne mmoa a wɔadɔ srade ne adwennini ne nneɛma pa nyinaa, Saul ne asraafo no anyɛ wɔn hwee,*+ na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn. Ade biara a ɛso nni mfaso na wɔmfa nyɛ hwee de, wɔsɛee ne nyinaa pasaa.

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: 11 “Manu me ho* sɛ misii Saul hene, efisɛ wafi m’akyi, na m’asɛm nso, wanni so.”+ Asɛm no haw Samuel paa, na osu frɛɛ Yehowa anadwo no nyinaa.+ 12 Bere a Samuel sɔree ntɛm sɛ ɔrekohyia Saul anɔpa no, wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Saul kɔ Karmel,+ na wakosi nkaedum ama ne ho+ wɔ hɔ, na wadan ne ho asian kɔ Gilgal.” 13 Bere a akyiri yi Samuel koduu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nhyira wo. Mayɛ nea Yehowa kae no.” 14 Ɛnna Samuel bisae sɛ: “Na dɛn ne nguan ne anantwi sũ a mete yi?”+ 15 Na Saul buae sɛ: “Wɔde fi Amalek na ɛbae, efisɛ asraafo no gyaw nguan ne anantwi no mu nea eye no* sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn; nanso nea ɛkae no de, yɛasɛe ne nyinaa pasaa.” 16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Gyae! Ma menka nea Yehowa ka kyerɛɛ me nnɛra anadwo nkyerɛ wo.”+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa!”

17 Samuel toaa so sɛ: “Bere a wɔpaw wo sɛ Israel mmusuakuw so panyin na Yehowa sraa wo de wo sii Israel so hene no,+ ɛnyɛ wo na na wubu wo ho sɛ wonyɛ obiara no?+ 18 Akyiri yi, Yehowa somaa wo sɛ kɔyɛ adwuma bi. Ɔkae sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe Amalekfo nnebɔneyɛfo no pasaa;+ wo ne wɔn nko nkosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’+ 19 Adɛn nti na woantie Yehowa nne? Nneɛma a munyae wɔ ɔko mu+ no, moatu agu so afom de ayɛ Yehowa ani so bɔne.”

20 Nanso Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Na sɛ́ matie Yehowa nne. Adwuma a Yehowa somaa me sɛ menkɔyɛ no, makɔyɛ, na mede Amalek hene Agag aba, na Amalekfo de, masɛe wɔn pasaa.+ 21 Nanso nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no wɔ ɔko mu no, asraafo no afa emu nguan ne anantwi a eye paa no sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”+

22 Ɛnna Samuel kae sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ+ sen sɛ wubetie Yehowa nne anaa? Hwɛ! Osetie ye sen afɔre,+ na asoɔmmerɛw ye kyɛn adwennini srade,+ 23 na atuatew+ ne abosonkɔm nyinaa yɛ bɔne koro,+ ɛnna ahantan ne asumansɛm* ne abosonsom* nyinaa nso yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm nti,+ ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+

24 Na Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Mayɛ bɔne, na mabu Yehowa ahyɛde ne w’asɛm so, efisɛ misuroo nkurɔfo no, na mitiee wɔn asɛm. 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me, na wo ne me nkɔ na menkɔkotow Yehowa.”+ 26 Nanso Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Me ne wo renkɔ, efisɛ woapo Yehowa asɛm, na Yehowa nso apo wo sɛ nni Israel so hene.”+ 27 Bere a Samuel dan ne ho sɛ ɔrekɔ no, Saul soo n’ataade nsasin no ano, na esuanee. 28 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa asuan Israel ahenni no afi wo nsam nnɛ, na wo yɔnko a oye sen wo na ɔde bɛma no.+ 29 Na Israel Onuonyamfo no+ nso, ɔrenni atoro,+ na ɔrensesa n’adwene,* efisɛ ɔnyɛ ɔdasani na wasesa n’adwene.”*+

30 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Mayɛ bɔne. Nanso mesrɛ wo, hyɛ me anuonyam wɔ me man mpanyimfo ne Israel anim. Wo ne me nkɔ na menkɔkotow Yehowa wo Nyankopɔn.”+ 31 Enti Samuel dii Saul akyi ne no kɔe, na Saul kɔkotow Yehowa. 32 Ɛno akyi no, Samuel kae sɛ: “Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me wɔ ha.” Nanso na Agag aka wɔ ne tirim sɛ: ‘Ampa, me ne owu atetew mu.’* Enti Agag rekɔ no, na ɔretwetwe ne ho.* 33 Nanso Samuel kae sɛ: “Sɛnea mmea hweree wɔn mma wɔ wo sekan ano no, saa ara na wo maame nso bɛhwere ne mma asen mmea nyinaa.” Bere a Samuel kaa saa no, otwitwaa Agag mu asinasin wɔ Yehowa anim wɔ Gilgal.+

34 Afei Samuel siim kɔɔ Rama, na Saul nso kɔɔ ne fi wɔ Saul kurow Gibea mu. 35 Samuel anhu Saul bio kosii sɛ Samuel wui, na okodii Saul ho awerɛhow.+ Yehowa nuu ne ho sɛ ɔde Saul sii Israel so hene.+

16 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene bio no?+ Fa ngo gu abɛn mu+ na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ mapaw ɔhene wɔ ne mma mu.”+ 2 Ɛnna Samuel kae sɛ: “Mɛyɛ dɛn akɔ? Sɛ Saul te a, obekum me.”+ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwi ba na kɔ, na ka sɛ, ‘Maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Yehowa.’ 3 Na frɛ Yese bra afɔrebɔ no ase, na mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. Onii a mɛkyerɛ wo no, ɔno na sra no ma me.”+

4 Samuel yɛɛ nea Yehowa kae no. Bere a oduu Betlehem+ a kurow no mu mpanyimfo huu no no, wɔn ho popoe, na wobisae sɛ: “Wobaa no asomdwoe mu anaa?” 5 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɛyɛ asomdwoe mu. Maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Yehowa. Montew* mo ho na mo ne me nkɔ afɔrebɔ no ase.” Na ɔtew* Yese ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase. 6 Bere a wɔbae a ohuu Eliab+ no, ɔkae sɛ: “Ampa, nea Yehowa asra no no na ogyina n’anim yi.” 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa dasani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+ 8 Na Yese frɛɛ Abinadab+ ma obetwaam wɔ Samuel anim, na ɔkae sɛ: “Oyi nso Yehowa mpaw no.” 9 Afei Yese maa Samma+ nso betwaam, nanso ɔkae sɛ: “Oyi nso Yehowa mpaw no.” 10 Enti Yese maa ne mma mmarima baason betwaam Samuel anim, nanso Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Yehowa mpaw eyinom mu biara.”

11 Ɛnna Samuel bisaa Yese sɛ: “Wo mma mmarima no nyinaa ni anaa?” Na ɔkae sɛ: “Akumaa koraa no+ nni ha bi; ɔde nguan kɔ adidi.”+ Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Soma ma wɔnkɔfrɛ no mmra, efisɛ yɛrentena ase nnidi gye sɛ waba ansa.” 12 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ no bae. Ná ɔbere, na na n’aniwa mma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ.+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni!”+ 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na efi saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+

14 Afei Yehowa honhom fii Saul so,+ na Yehowa maa honhom bɔne bɛhaw no.+ 15 Saul nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ama honhom bɔne rehaw wo. 16 Yɛn wura, yɛsrɛ wo, ma wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi nkɔhwehwɛ obi a onim sanku bɔ paa,+ na sɛ Onyankopɔn ma honhom bɔne no ba wo so a, wabɔ ama wo ho atɔ wo.” 17 Enti Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ obi a onim sanku bɔ paa mmrɛ me.”

18 Na n’asomfo no mu baako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ paa; ɔyɛ ɔbarima katakyi a ɔwɔ akokoduru.+ N’ano atew, ne ho yɛ fɛ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+ 19 Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Yese hɔ sɛ: “Ma wo ba Dawid a ɔhwɛ nguan no mmra me nkyɛn.”+ 20 Enti Yese faa paanoo, kotoku* a bobesa wom, ne apɔnkye ba, na ɔde sii afurum so de maa ne ba Dawid sɛ ɔmfa nkɔma Saul. 21 Na Dawid baa Saul nkyɛn bɛsom no.+ Saul bɛpɛɛ n’asɛm paa, na ɔbɛyɛɛ ne somfo a okura n’akode. 22 Saul soma ma wɔkɔka kyerɛɛ Yese sɛ: “Mesrɛ wo, ma Dawid ntoa so nsom me, na wanya m’anim dom.” 23 Enti sɛ Onyankopɔn ma honhom bɔne no ba Saul so a, na Dawid afa sanku no abɔ. Ɛba saa a, na Saul ho atɔ no, na n’asom adwo no, na honhom bɔne no afi no so kɔ.+

17 Bere bi, Filistifo+ boaboaa wɔn asraafo* ano sɛ wɔrekɔ ɔko. Wɔboaboaa wɔn ano wɔ Soko,+ na na ɛhɔ yɛ Yudafo asaase. Wɔkɔsoɛe wɔ Efes-Damim+ a ɛwɔ Soko ne Aseka+ ntam no. 2 Saul ne Israel mmarima nso kɔsoɛɛ Ela Bon mu,*+ na wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekohyia Filistifo no. 3 Ná Filistifo no gyinagyina bepɔw so wɔ ɔfã ha, ɛnna Israelfo no nso gyinagyina bepɔw so wɔ ɔfã noho, na na subon da wɔn ntam.

4 Ɛnna ɔkatakyi bi fi Filistifo asoɛe hɔ bae; ne din de Goliat,+ na na ofi Gat.+ Ná ne tenten yɛ basafa asia ne nsayam abiɛsa.* 5 Ná ɔhyɛ kɔbere kyɛw ne dade ataade;* kɔbere a wɔde yɛɛ dade ataade+ a ɛhyɛ no no, na emu duru yɛ nnwetɛbona 5,000.* 6 Ɔde kɔbere akata ne nan anim, na kɔbere pɛmɛ+ hyɛ n’akyi. 7 Ne peaw dua te sɛ ntamanwemfo dua kɛse,+ na dade a ɛhyɛ ne peaw ano no, na emu duru yɛ nnwetɛbona 600;* ná obi kura kyɛm di n’anim. 8 Ɛnna obegyinaa hɔ teɛɛm frɛɛ Israelfo a wɔwɔ akono no+ sɛ: “Adɛn nti na moaboaboa mo ho aba sɛ morebɛko? Menyɛ Filistini? Mo nso monyɛ Saul nkoa? Munyi ɔbarima baako na ommehyia me. 9 Sɛ otumi ne me ko na okum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ me nso mitumi no na mikum no a, mo nso mobɛyɛ yɛn nkoa na moasom yɛn.” 10 Ɛnna Filistini no kae sɛ: “Sɛ Israel asraafo se wɔyɛ mmarima a, ɛnnɛ wɔmma minhu.*+ Momma me ɔbarima baako na me ne no nko!”

11 Bere a Saul ne Israel nyinaa tee nsɛm a Filistini no rekeka no, ehu kaa wɔn, na wosuroe paa.

12 Ná Dawid yɛ Efratani+ bi a ofi Yuda kurow Betlehem+ no ba. Ɔbarima no din de Yese,+ na na ɔwɔ mma mmarima baawɔtwe.+ Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akwakoraa. 13 Yese mma mmarima baasa a wɔyɛ mpanyimfo paa no ne Saul kɔɔ akono.+ Ne mma mmarima baasa a wɔkɔɔ ɔko no ne n’abakan Eliab,+ Abinadab+ a ɔto so abien, ne Samma+ a ɔto so abiɛsa no. 14 Dawid na na osua koraa,+ na mpanyimfo baasa no dii Saul akyi.

15 Bere a Dawid resom Saul nyinaa, na ɔsan hwɛ ne papa nguan+ wɔ Betlehem, enti na odi akɔneaba. 16 Anɔpa ne anwummere biara, na Filistini no begyina ne gyinabea; ɔyɛɛ saa nnafua 40.

17 Ɛnna Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: “Mesrɛ wo, fa nkyewe efa* susude baako ne paanoo du yi, na ka wo ho fa kɔma wo nuanom wɔ asoɛe hɔ. 18 Na fa kyiis* du yi kɔma apem so panyin no. Afei nso, hwɛ sɛnea wo nuanom no ho te, na gye nkra fi wɔn hɔ brɛ me.” 19 Saa bere no, na wɔne Saul ne Israel mmarima a aka no nyinaa wɔ Ela Bon mu*+ ne Filistifo no rekɔko.+

20 Enti Dawid sɔree anɔpatutuutu de nguan no gyaw obi, na ɔboaboaa nneɛma no ano kɔe sɛnea Yese somaa no no. Bere a oduu asoɛe hɔ no, na asraafodɔm no rekɔ akono, na wɔmaa ɔko nteɛm so. 21 Israelfo ne Filistifo no behyiaa akono, enti na ɛdɔm abien no di nhwɛanim. 22 Ɛhɔ ara na Dawid de nneɛma a okura no hyɛɛ nea ɔhwɛ nneɛma so no nsa, na otuu mmirika kɔɔ akono hɔ. Oduu hɔ no, obisaa sɛnea ne nuanom no ho te.+

23 Bere a ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistifo no katakyi a ne din de Goliat+ a ofi Gat no fi Filistifo asraafo no mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm a daa ɔka no,+ na Dawid tee. 24 Bere a Israel mmarima no huu ɔbarima no, ehu nti, wɔn nyinaa guanee.+ 25 Israel mmarima no kekae sɛ: “Moahu ɔbarima a ɔreba yi? Daa, ɔba ha bɛkeka nsɛm de bu Israel animtiaa.*+ Obiara a obetumi akum no no, ɔhene bɛma no ahonyade pii na ɔde ne babea nso ama no aware,+ na asɛde a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma ɔhene no, wobeyi no afi mu.”

26 Dawid bisaa mmarima a wogyina ne nkyɛn no sɛ: “Sɛ obi kum saa Filistini yi de yi animguase fi Israel so a, dɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima no? Hena koraa ne Filistini momonotoni* yi a ɔrebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa* wɔ akono yi?”+ 27 Wɔn nso kaa asɛm dedaw no ara kyerɛɛ no sɛ: “Sɛɛ na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a obekum no no.” 28 Bere a ne nua panyin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa no, Eliab bo fuw Dawid denneennen na ɔkae sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hena na wode nguan kakra no agyaw no wɔ sare so hɔ?+ Minim sɛ woyɛ ahantan, na adwemmɔne na aba wo komam, efisɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɔko no bi.” 29 Na Dawid kae sɛ: “Mayɛ dɛn? Asɛm kɛkɛ na mibisae.” 30 Ɛnna ɔdan kɔɔ onipa foforo so kobisaa no asɛm koro no ara,+ na mmuae koro no ara na obiara de maa no.+

31 Ebinom tee nsɛm a Dawid kae no, na wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ. Enti ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no bae. 32 Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mma obiara nnsuro saa Filistini yi.* W’akoa ne no bɛkɔ akɔko.”+ 33 Nanso Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi ne Filistini no nko, efisɛ woyɛ aberantewa,+ na ɔno de, wayɛ ɔsraani* fi ne mmofraase.” 34 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nguan, na gyata+ bɛkyeree oguan ba fii nguankuw no mu, ɛnna da foforo nso, osisi bɛkyeree bi. 35 Mitiw wɔn kɔbɔɔ wɔn hwee hɔ, na miyii nguan no fii wɔn anom. Bere a wɔsɔre baa me so no, misoo wɔn nwi* mu bɔɔ wɔn hwee hɔ kum wɔn. 36 Gyata ne sisi no nyinaa, w’akoa tumi kum wɔn, na Filistini momonotoni yi bɛyɛ sɛ wɔn mu baako, efisɛ wabu Onyankopɔn teasefo no animtiaa* wɔ akono.”+ 37 Ɛnna Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ogyee me fii gyata ne sisi nsam no, ɔno na obegye me afi Filistini yi nsam.”+ Afei Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”

38 Ɛnna Saul de ne ntaade hyehyɛɛ Dawid, na ɔhyɛɛ no kɔbere kyɛw, na ɔde dade ataade nso hyɛɛ no. 39 Na Dawid de ne sekan bɔɔ n’ataade no so, na ɔyɛe sɛ ɔrekɔ, nanso wantumi, efisɛ na ɔnhyɛɛ bi da. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Merentumi mfa eyinom nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi da.” Enti Dawid yiyi guu hɔ. 40 Ɛnna ɔfaa ne poma kurae, na ɔsesaw mmosea anum a ɛho yɛ toromtorom fii subon no mu de guu nguanhwɛfo kotoku a okura no mu. Ná okura n’ataabo*+ wɔ ne nsam, na otwiw bɛn Filistini no nkakrankakra.

41 Filistini no nso baa n’anim, na otwiw bɛn Dawid nkakrankakra; ná ɔbarima bi kura kyɛm di n’anim. 42 Bere a Filistini no maa n’ani so a ohuu Dawid no, obuu no animtiaa, efisɛ na ɔyɛ aberantewa a ɔbere na ne ho nso yɛ fɛ.+ 43 Enti Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Meyɛ ɔkraman+ na wode abaa aba me so?” Na Filistini no frɛɛ n’anyame domee Dawid. 44 Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo de bra m’anim, na mede wo nam bɛma wim nnomaa ne wuram mmoa.”

45 Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode sekan ne peaw ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me de, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtiaa*+ wɔ akono no din na ɛreba wo so.+ 46 Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mekum wo na matwa wo ti afi so, na nnɛ, mede Filistifo dɔm no afunu bɛma wim nnomaa ne asaase so mmoa, na asaase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ 47 Na nnipa a wɔahyia ha* yi nyinaa behu sɛ ɛnyɛ sekan ne peaw na Yehowa de gye nkwa,+ efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.”+

48 Ɛnna Filistini no bae sɛ ɔrebehyia Dawid, na Dawid tuu mmirika kohyiaa Filistini no wɔ akono. 49 Na Dawid teɛɛ ne nsa hyɛɛ ne kotoku no mu yii ɔbo, na ɔde hyɛɛ ataabo no mu tow bɔɔ Filistini no moma so ma ewuraa mu, na ɔhwee ase maa n’anim butuw fam.+ 50 Enti Dawid de ataabo ne ɔbo dii Filistini no so nkonim, na okum Filistini no; nanso na Dawid nkura sekan wɔ ne nsam.+ 51 Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no nkyɛn, na oyii Filistini no sekan+ fii ne bɔha* mu de twaa ne ti fii so hwɛ hui sɛ wawu. Bere a Filistifo no hui sɛ wɔn katakyi no awu no, woguanee.+

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose, na wɔtaa Filistifo no fii obon no mu+ koduu Ekron+ kurow pon ano noho, na wokunkum Filistifo no. Ná Filistifo no afunu gugu kwan so fi Saaraim+ kosi Gat ne Ekron noho. 53 Bere a Israelfo no taa Filistifo no so denneennen ma woguanee no, wɔsan wɔn akyi baa Filistifo no asoɛe hɔ bɛfom wɔn nneɛma.

54 Ɛnna Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem, na Filistini no akode de, ɔde guu n’ankasa ntamadan mu.+

55 Bere a Saul hui sɛ Dawid refi adi akohyia Filistini no, obisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hena ba ne aberantewa yi?”+ Abner buae sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wote ase yi,* minnim!” 56 Ɔhene kae sɛ: “Kobisa nea ne ba ne aberante no.” 57 Enti bere a Dawid kokum Filistini no wiei a ɔresan aba no, Abner de no baa Saul anim, na na okura Filistini no+ ti. 58 Ɛnna Saul bisaa no sɛ: “Aberante, hena ba ne wo?” na Dawid buae sɛ: “W’akoa Yese+ a ofi Betlehem+ no ba ne me.”

18 Bere a Dawid ne Saul kasa wiei ara pɛ, Yonatan+ bɛpɛɛ Dawid asɛm, na wɔbɛyɛɛ nnamfo paa.* Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne ho.*+ 2 Efi saa da no, Saul maa Dawid tenaa ne nkyɛn, na wamma wansan ankɔ ne papa fi.+ 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam,+ efisɛ ɔdɔɔ no sɛ n’ankasa ne ho.*+ 4 Yonatan yii n’ataade nsasin a ɛhyɛ no no maa Dawid, na ɔde n’akotaade, ne sekan, n’agyan ne n’abɔso* nso maa no. 5 Dawid dii ako, na baabiara a Saul somaa no no, esii no yiye.*+ Enti Saul de no too mmarima a wodi ako no ano,+ na ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani gyee ho.

6 Bere biara a Dawid ne mmarima a wɔaka no bɛkɔ akokunkum Filistifo no, sɛ wɔresan aba a, mmea fi Israel nkurow nyinaa mu de nnwom+ ne asaw ne mpintin+ ne ahurusi ne asankuwa behyia Ɔhene Saul. 7 Sɛ mmea no redi ahurusi a, na wɔbɔ gye so sɛ:

“Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du.”+

8 Saul bo fuwii paa,+ efisɛ n’ani annye nnwom no ho, enti ɔkae sɛ: “Wɔde mpem du ama Dawid; me de, apem na wɔde ama me. Nea aka ara ne sɛ wɔde ahenni no bɛma no!”+ 9 Efi saa da no, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.

10 Ade kyee no, Onyankopɔn maa honhom bɔne baa Saul so,+ na ofii ase yɛɛ n’ade basabasa* wɔ ofie hɔ. Saa bere no, na Dawid rebɔ sanku+ sɛnea ɔtaa yɛ no, na na Saul kura peaw.+ 11 Na Saul tow peaw no,+ na ɔkae sɛ: “Mede bɛwɔ Dawid afam dan ho!” Ɔtow no mprenu, nanso emu biara, Dawid guanee. 12 Afei Saul suroo Dawid, efisɛ na Yehowa di n’akyi.+ Nanso Saul de, na wapo no.+ 13 Enti Saul ma ofii ne nkyɛn, na ɔyɛɛ no apem so panyin, na daa, na Dawid di asraafo no anim ne wɔn kɔ ɔko.*+ 14 Nea Dawid yɛe nyinaa, esii no yiye,*+ na Yehowa dii n’akyi.+ 15 Bere a Saul hui sɛ asi no yiye no, afei na osuro no. 16 Nanso na Israel ne Yuda nyinaa dɔ Dawid, efisɛ na odi wɔn anim kɔ ɔko.

17 Akyiri yi, Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Hwɛ, me babea panyin Merab+ ni. Ɔno na mede no bɛma wo aware.+ Nanso akokoduru a wode asom me no, mepɛ sɛ wotoa so saa ara na woko ma Yehowa. ”+ Nea ɛwom ne sɛ, na Saul aka wɔ ne tirim sɛ: ‘Me de, meremfa me nsa nka no, Filistifo na wobekum no.’+ 18 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mene hena, na me papa abusua nso yɛ dɛn wɔ Israel na mabɛyɛ ɔhene ase?”+ 19 Nanso bere dui sɛ wɔde Saul babea Merab ma Dawid no, na wɔama Adriel+ a ofi Mehola no aware no dedaw.

20 Ná Saul babea Mikal+ pɛ Dawid, na bere a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Saul no, ɛyɛɛ no dɛ. 21 Nea Saul kae ne sɛ: “Mede no bɛma no, na asum no afiri, sɛnea ɛbɛyɛ a Filistifo no benya no.”+ Enti Saul san ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛnnɛ mepɛ sɛ mede me babea ma wo aware.”* 22 Afei nso, Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid kokoam sɛ: ‘Hwɛ! Ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo. Enti bɛware ɔhene babea.’” 23 Bere a Saul nkoa bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, Dawid kae sɛ: “Ohianiwa te sɛ me a mensɛ hwee yi, mene hena na mayɛ ɔhene ase?”+ 24 Na Saul nkoa no kɔkaa nsɛm a Dawid kae no kyerɛɛ no.

25 Ɛnna Saul kae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene rennye tiade+ biara, na mmom fa adanse bɛkyerɛ no sɛ woakum Filistifo mmarima 100,*+ na fa tua ɔhene atamfo so ka.’” Nanso na Saul pɛ sɛ ɔfa kwan bi so ma Filistifo no kum Dawid. 26 Enti ne nkoa no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid, na Dawid ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ ɔhene ase.+ Bere no nnya nsoe no, 27 Dawid ne ne mmarima kokunkum Filistifo 200, na Dawid de adanse bɛkyerɛɛ ɔhene sɛ wɔawuwu, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Enti Saul de ne babea Mikal maa no aware.+ 28 Saul hui sɛ Yehowa di Dawid akyi,+ na ne babea Mikal nso dɔ no.+ 29 Eyi maa Saul suroo Dawid paa, na Saul nna a aka nyinaa, Dawid bɛyɛɛ ne tamfo.+

30 Ná Filistifo akunini taa fi adi bɛko, na da biara a wɔbɛba no, na Dawid di wɔn so nkonim* sen Saul nkoa nyinaa,+ na ogyee din paa.+

19 Akyiri yi, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ ɔpɛ sɛ okum Dawid.+ 2 Ná Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm paa,+ enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul pɛ sɛ okum wo. Mesrɛ wo, ɔkyena anɔpa hwɛ wo ho yiye, na kɔpɛ baabi hintaw, na nyi wo ho adi. 3 Megyina me papa nkyɛn wɔ wuram baabi a woakohintaw no, na me ne me papa bɛkasa ama wo, na nea ebesi biara mɛma w’aso ate.”+

4 Enti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, efisɛ ɔnyɛɛ wo bɔne, na wayɛ nneɛma pa pii ama wo. 5 Ɔde ne nkwa too ne nsam* kokum Filistini no,+ na Yehowa nam so maa Israel nyinaa dii nkonim* kɛse. Wuhui, na wudii ahurusi. Enti adɛn na ɛsɛ sɛ woka mogya a edi bem gu de yɛ bɔne, na wukum Dawid kwa?”+ 6 Saul tiee Yonatan, na Saul kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, merenkum no.” 7 Ɛno akyi no, Yonatan frɛɛ Dawid, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Afei Yonatan de Dawid brɛɛ Saul, na ɔbɛsom no sɛ kan no.+

8 Akyiri yi, ɔko sii bio; Dawid ne Filistifo kɔkoe, na okunkum wɔn mu bebree, na wɔn a wɔkae no guan fii n’anim.

9 Bere a na Saul te ne fi no, Yehowa maa honhom bɔne baa no so.+ Ná Dawid de sanku rebɔ nnwom, ɛnna Saul kura peaw wɔ ne nsam.+ 10 Saul tow peaw no sɛ ɔde rewɔ Dawid afam ɔdan ho, nanso ɔtwee ne ho fii Saul anim maa peaw no kɔwɔɔ dan no ho. Ɛnna Dawid guan fii hɔ saa anadwo no. 11 Akyiri yi, Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fi na wonkum no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ anadwo yi woanguan* a, ɔkyena wubewu.” 12 Ɛhɔ ara na Mikal maa Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na otuu mmirika guanee. 13 Mikal faa terafim honi* de too mpa no so, na ɔde ntama a wɔde apɔnkye nwi ayɛ guu baabi a ne kunu de ne ti to, na ɔde ntama kataa so.

14 Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid mmra, nanso ne yere kae sɛ: “Ɔyare.” 15 Ɛnna Saul san somaa abɔfo no sɛ wɔnkɔ Dawid hɔ, na ɔkae sɛ: “Monkɔfa ɔne mpa no mmrɛ me, na minkum no.”+ 16 Abɔfo no kɔɔ hɔ no, wɔkɔtoo sɛ terafim honi* na ɛda mpa no so, na ntama a wɔde apɔnkye nwi ayɛ gu baabi a ne kunu de ne ti to no. 17 Ɛnna Saul bisaa Mikal sɛ: “Adɛn nti na woadaadaa me na woama me tamfo+ aguan kɔ?” Na Mikal buaa Saul sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma menkɔ, anyɛ saa a, mekum wo!’”

18 Dawid de, otuu mmirika guanee, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama+ kɔkaa nea Saul de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna ɔne Samuel fii hɔ kɔtenaa Naiot.+ 19 Akyiri yi, nkurɔfo kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Dawid kɔ Naiot wɔ Rama.” 20 Ntɛm ara na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔkyere Dawid mmra. Bere a wohuu adiyifo mpanyimfo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso yɛɛ wɔn ade te sɛ adiyifo.

21 Bere a wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɛhɔ ara na ɔsomaa abɔfo foforo, na wɔn nso yɛɛ wɔn ade te sɛ adiyifo. Enti Saul somaa abɔfo, ne mprɛnsa so, na wɔn nso yɛɛ wɔn ade te sɛ adiyifo. 22 Afei ɔno ankasa kɔɔ Rama. Bere a okoduu abura kɛse a ɛwɔ Seku ho no, obisae sɛ: “Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Wɔwɔ Naiot+ wɔ Rama.” 23 Bere a Saul fi hɔ rekɔ Naiot wɔ Rama no, ɔno nso, Onyankopɔn honhom baa no so, na bere a ɔnam kwan so no, ɔyɛɛ n’ade te sɛ odiyifo kosii sɛ oduu Naiot wɔ Rama. 24 Ɔno nso yii ne ntaade, na ɔyɛɛ n’ade te sɛ odiyifo wɔ Samuel anim, na ɔdaa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa a ɔnhyɛ ataade.* Ɛno nti na wɔka sɛ: “Saul nso ka adiyifo no ho anaa?”+

20 Ɛnna Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbaa Yonatan nkyɛn bɛkae sɛ: “Dɛn na mayɛ?+ Me mfomso ne dɛn, na bɔne bɛn koraa na mayɛ wo papa a enti ɔrehwehwɛ me akum me?”* 2 Na Yonatan nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛmpare wo!+ Worenwu. Hwɛ! Me papa renyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛse a ɔrenka ho asɛm nkyerɛ me. Adɛn nti na me papa de asɛm yi besie me? Ɛremma saa da.” 3 Nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Wo papa nim sɛ wopɛ m’asɛm,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnte ho asɛm, anyɛ saa a, ne bo befuw.’ Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase yi,* me ne owu ntam kwan nware koraa!”*+

4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nea wobɛka* biara, mɛyɛ ama wo.” 5 Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Ɔkyena yɛ ɔsram foforo,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didi, nanso gya me kwan na memfa me ho nkosie wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anwummere. 6 Sɛ wo papa hu sɛ minni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ efisɛ bere aso sɛ abusua no nyinaa bɔ afɔre a wɔbɔ no afe biara no.’+ 7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ hwee’ a, ɛnde na ɛyɛ asomdwoe ma w’akoa. Na sɛ ne bo fuw a, ɛnde hu sɛ ɔpɛ sɛ odi me bɔne. 8 Da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ w’akoa,+ efisɛ wo ne w’akoa ayɛ Yehowa apam.+ Nanso sɛ mayɛ bɔne a,+ wo ara kum me. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode me hyɛ wo papa nsa?”

9 Ɛnna Yonatan kae sɛ: “Ɛmpare me sɛ menya saa adwene no! Sɛ mihu sɛ me papa pɛ sɛ odi wo bɔne a, enti merenka nkyerɛ wo?”+ 10 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Sɛ wo papa ka asɛmmɔne bi kyerɛ wo a, hena na ɔbɛbɔ me amanneɛ?” 11 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo de, bra ma yɛnkɔ wuram.” Enti wɔn baanu kɔɔ wuram. 12 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, ɔkyena anaa ɔkyena akyi saa bere yi, me ne me papa bɛkasa ahu n’adwene, na sɛ ɔwɔ Dawid ho adwempa a, mɛsoma aba wo nkyɛn abeyi wo asotiw. 13 Nanso mihu sɛ me papa pɛ sɛ odi wo bɔne na manyi wo asotiw, na mamma woankɔ asomdwoe mu a, Yehowa ntua Yonatan ka na ɔmfa bi nka ho. Yehowa nni w’akyi+ sɛnea odii me papa akyi no.+ 14 Mete ase yi, kɔ so da Yehowa dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me, na miwu mpo a, yɛ saa ara.+ 15 Sɛ Yehowa pra Dawid atamfo a wɔwɔ asaase so nyinaa fi hɔ mpo a, nyi wo dɔ a enni huammɔ no mfi me fi da.”+ 16 Enti Yonatan ne Dawid fi yɛɛ apam, na ɔkae sɛ: “Ma Yehowa ntua Dawid atamfo so ka.” 17 Enti Yonatan maa Dawid san kaa ntam de kyerɛɛ ne dɔ, efisɛ na ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne ho.*+

18 Afei Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyena yɛ ɔsram foforo,+ w’agua bɛda hɔ, enti obiara behu sɛ wunni hɔ. 19 Ɛda a ɛto so abiɛsa no, ani bɛba wo ho, enti bra faako a nnaano* wode wo ho siei no, na twɛn wɔ ɔbo yi ho. 20 Na mɛtow agyan abiɛsa afa ɔbo no fã baako te sɛ nea mede rebɔ biribi. 21 Sɛ mesoma ɔsomfo no a, mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Kɔhwehwɛ agyan no.’ Sɛ meka kyerɛ ɔsomfo no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ ɔfã noho nti sesaw bra’ a, ɛnde bra, efisɛ sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ hɔ, na bɔne biara rento wo. 22 Nanso sɛ meka kyerɛ abofra no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ akyiri noho’ a, ɛnde kɔ, efisɛ Yehowa pɛ sɛ wokɔ. 23 Na ɛbɔ a me ne wo baanu nyinaa ahyɛ yi,+ ma Yehowa nyɛ ɔdansefo wɔ me ne wo ntam nkosi daa.”+

24 Enti Dawid kohintaw wuram hɔ. Bere a ɔsram foforo dui no, ɔhene tenaa n’agua so sɛ ɔrebedidi.+ 25 Ɔhene tenaa n’agua so wɔ ɔdan no ho sɛnea ɔyɛ daa no. Yonatan ne no dii nhwɛanim, na Abner+ nso tenaa Saul nkyɛn. Dawid de, na n’agua no da hɔ. 26 Saul anka hwee saa da no; mmom ɔkae wɔ ne tirim sɛ: ‘Gyama biribi nti ne ho ntew.+ Ampa, ɛbɛyɛ sɛ ne ho ntew.’ 27 Na da a ɛto so abien a ɛyɛ da a edi ɔsram foforo akyi no nso, ná Dawid agua no da hɔ. Enti Saul bisaa ne ba Yonatan sɛ: “Adɛn nti na nnɛra ne nnɛ nyinaa Yese+ ba no ammedidi?” 28 Ɛnna Yonatan buaa Saul sɛ: “Dawid srɛɛ kwan wɔ me hɔ sɛ ɔrekɔ Betlehem.+ 29 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mesrɛ wo, gya me kwan, efisɛ yɛrekɔbɔ abusua afɔre wɔ kurow no mu, na me nua afrɛ me sɛ memmra. Enti sɛ manya w’anim dom a, mesrɛ wo, ma memmɔ hwii nkɔ nkɔhwɛ me nuanom no.’ Eyi nti na wamma ɔhene pon ho yi.” 30 Saul bo fuw Yonatan paa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo, ɔbea tuatewfo ba. Ɛyɛ wo sɛ minnim sɛ woakogyina Yese ba no afã de rehyɛ wo ne wo maame* aniwu anaa? 31 Bere a Yese ba no da so te ase wɔ asaase so yi, wo ne w’ahenni rentim da.+ Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, efisɛ ɔfata owu.”+

32 Ɛnna Yonatan bisaa ne papa Saul sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ owu?+ Dɛn na wayɛ?” 33 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no,+ na ɛno maa Yonatan hui sɛ ne papa asi ne bo sɛ obekum Dawid.+ 34 Ɛhɔ ara na Yonatan de abufuw sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram foforo no da a ɛto so abien no, efisɛ Dawid asɛm no yɛɛ no yaw,+ na na ne papa agu n’anim ase.

35 Anɔpa no, Yonatan pue kɔɔ wuram sɛ ɔrekohyia Dawid sɛnea wɔhyehyɛe no, na na ɔsomfo kumaa bi ka ne ho.+ 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Mesrɛ wo, tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtow no.” Na ɔsomfo no tuu mmirika, na Yonatan nso tow agyan no traa no. 37 Bere a ɔsomfo no koduu faako a Yonatan tow agyan no kɔe no, Yonatan teɛɛm ka kyerɛɛ ɔsomfo no sɛ: “Ɛnyɛ w’anim noho na agyan no wɔ?” 38 Yonatan teɛɛm ka kyerɛɛ ɔsomfo no sɛ: “Ka wo ho! Ma wo ho nyɛ hare! Yɛ ntɛm sesaw bra!” Ɛnna Yonatan somfo no kɔsesaw agyan no, na ɔbaa ne wura nkyɛn. 39 Ɔsomfo no de, na onnim nea ɛrekɔ so; Yonatan ne Dawid nkutoo na na wɔte nea ɛrekɔ so no ase. 40 Ɛno akyi no, Yonatan de n’akode no maa ne somfo no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, fa kɔ kurow no mu.”

41 Bere a ɔsomfo no kɔe no, Dawid sɔre fii nkyɛn hɔ baabi wɔ anaafo fam bae. Ɛnna ɔde n’anim butuw fam, na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnsa. Obiara few ne yɔnko ano, na obiara suu ne yɔnko; Dawid na osui kɛse. 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, efisɛ yɛn baanu nyinaa aka ntam+ wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa nyɛ ɔdansefo wɔ me ne wo ne m’asefo* ne w’asefo* ntam nkosi daa.’”+

Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan san kɔɔ kurow no mu.

21 Akyiri yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfo Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Bere a Ahimelek huu Dawid no, ne ho popoe, na obisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nko ara wonam a obiara nka wo ho yi?”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: “Ɔhene asoma me sɛ menkɔyɛ biribi, nanso waka akyerɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhu nea enti a meresoma wo, ne ɛho akwankyerɛ a mede ama wo no.’ Me ne mmerante no ahyehyɛ sɛ yebehyia wɔ baabi. 3 Na afei, sɛ wowɔ paanoo anum anaa biribi foforo biara a, mesrɛ wo, fa ma me.” 4 Nanso ɔsɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Minni paanoo biara wɔ hɔ, gye paanoo kronkron+ no. Sɛ mmerante no atwe wɔn ho afi mmea ho nko ara de a,* metumi de ama wo.”+ 5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: “Yɛatwe yɛn ho afi mmea ho sɛnea bere biara a mɛkɔ ɔko no, meyɛ no.+ Sɛ ɛnyɛ ade kronkron na yɛrekɔyɛ mpo a, ɛyɛ a mmerante no ho tew, na kampɛsɛ ɛnnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ho tew.” 6 Ɛnna ɔsɔfo no de paanoo kronkron no+ maa no, efisɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ paanoo a wɔde kyerɛ a wɔayi afi Yehowa anim no. Saa da no, na wɔayiyi de paanoo a wɔatõ no foforo agu hɔ.

7 Ná Saul nkoa no mu baako, Edomni+ Doeg+ wɔ hɔ saa da no. Ná wɔahyɛ no sɛ ɔntena Yehowa anim. Ɔno na na ɔyɛ Saul nguanhwɛfo so panyin.

8 Ɛnna Dawid bisaa Ahimelek sɛ: “Wowɔ peaw anaa sekan wɔ ha? Mamfa me sekan ne m’akode ankura, efisɛ na ehia sɛ midi ɔhene asɛm no ho dwuma ntɛm.” 9 Na ɔsɔfo no kae sɛ: “Filistini Goliat+ a wukum no wɔ Ela Bon mu*+ no sekan no ni. Ɛno na wɔde ntama akyekyere ho wɔ efɔd*+ no akyi no. Sɛ wopɛ a, fa, efisɛ ɛno nkutoo na ɛwɔ ha.” Dawid kae sɛ: “Ɛso bi nni hɔ. Fa ma me.”

10 Saa da no, Saul nti, Dawid sɔre toaa so guanee,+ na okoduu Gat hene Akis+ nkyɛn. 11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ Dawid, asaase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔde nnwom ne asaw bɔ gyee no so sɛ,

‘Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du’ no?”+

12 Dawid de nsɛm yi siee ne koma mu, na Gat hene Akis nti, ehu kaa no paa.+ 13 Enti ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo+ wɔ wɔn anim, na odii abɔdamsɛm wɔ wɔn mu.* Ná ɔkyerɛkyerɛw kurow apon no ho, na na ɔma ne ntasu sian fa n’abogyesɛ mu. 14 Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Moahu sɛ ɔbarima yi abɔ dam, enti adɛn na mode no abrɛ me? 15 Adɛn, mihia abɔdamfo nti na mode oyi abrɛ me sɛ ommedi abɔdamsɛm nkyerɛ me anaa? Ɔbarima yi de, ɔrebɛpɛ dɛn wɔ me fi?”

22 Enti Dawid fii hɔ,+ na oguan kɔɔ Adulam ɔbodan+ no mu. Bere a ne nuanom ne ne papa fifo nyinaa tee no, wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. 2 Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panyin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.

3 Akyiri yi, Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab,+ na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me papa ne me maame mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me.” 4 Enti ogyaw wɔn wɔ Moab hene nkyɛn, na nna a Dawid de tenaa guankɔbea hɔ nyinaa,+ ɔhene no nkyɛn na ne papa ne ne maame tenae.

5 Akyiri yi, odiyifo Gad+ ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ntena guankɔbea hɔ. Fi hɔ na kɔ Yuda asaase so.”+ Enti Dawid fii hɔ kɔɔ Heret kwae mu.

6 Saul tee sɛ wɔahu Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no. Ná Saul te tamarisk dua no ase wɔ Gibea+ bepɔw bi so kura ne peaw wɔ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfo, mesrɛ mo, muntie. Enti Yese ba+ no nso betumi ama mo nyinaa nsaase ne bobefuw?* Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfo ne ɔhaha so ahwɛfo anaa?+ 8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔw. M’ankasa me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ nanso obiara anyi me asotiw. Mo mu biara nni hɔ a m’asɛm yɛ no mmɔbɔ a ɔbɛka akyerɛ me sɛ m’ankasa me ba aboa m’akoa ama nnɛ a merekasa yi, wakɔtɛw baabi repɛ me adi me bɔne.”

9 Ɛnna Edomni Doeg+ a ɔda Saul nkoa ano no ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mihui sɛ Yese ba no baa Ahitab ba+ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10 Obisaa Yehowa anom asɛm maa no, na ɔmaa no aduan. Ɔde Filistini Goliat sekan no mpo maa no.”+ 11 Ɛhɔ ara na ɔhene somae sɛ wɔnkɔfrɛ Ahitab ba ɔsɔfo Ahimelek ne ne papa fifo a wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra. Enti wɔn nyinaa baa ɔhene anim.

12 Ɛnna Saul kae sɛ: “Ahitab ba, mesrɛ wo tie!” Na ɔkae sɛ: “Me wura, meretie.” 13 Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne Yese ba no abɔ me ho pɔw? Woama no aduan ne sekan, na woabisa Onyankopɔn anom asɛm ama no. Wasɔre atia me, na merekasa yi wakɔtɛw baabi repɛ me adi me bɔne.” 14 Ɛnna Ahimelek buaa ɔhene sɛ: “Wo nkoa nyinaa mu no, hena na ɔyɛ ɔnokwafo te sɛ Dawid?+ Ɔware ɔhene babea,+ na ɔyɛ w’awɛmfo so panyin a ɔwɔ nidi wɔ wo fi.+ 15 Ɛnnɛ ne da a edi kan a merebisa Onyankopɔn anom asɛm ama no anaa?+ Ɛmpare me sɛ mɛyɛ nea woreka yi! Mma ɔhene mmmu n’akoa ne me papa fi nyinaa fɔ, efisɛ eyi nyinaa, w’akoa nnim ho hwee.”+

16 Nanso ɔhene kae sɛ: “Ahimelek, wo ne wo papa fifo nyinaa,+ mubewu.”+ 17 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfo* a wogyinagyina ne ho no sɛ: “Munkokunkum Yehowa asɔfo no, efisɛ wɔne Dawid ayɛ baako! Wohui sɛ ɔreguan nso wɔanyi me asotiw!” Nanso na ɔhene nkoa no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Yehowa asɔfo no. 18 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Kokunkum asɔfo no!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg kɔtow hyɛɛ asɔfo no so. Ɛda no, okunkum mmarima 85 a wɔhyehyɛ nwera efɔd.*+ 19 Asɔfo no kurow Nob+ nso, ɔde sekan kokunkum emu nnipa; okunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum, ne nguan.

20 Nanso Ahitab ba Ahimelek ba baako a wɔfrɛ no Abiatar+ nyaa ne ho tetewee, na oguan kodii Dawid akyi. 21 Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Saul akunkum Yehowa asɔfo no.” 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti mihui sɛ nea ɛte biara, ɔbɛka akyerɛ Saul. Me na mama wo papa fifo nyinaa* awuwu. 23 Wo de, tena me nkyɛn. Nsuro, efisɛ obiara a ɔrepɛ wo akum wo* no repɛ me nso akum me;* mɛbɔ wo ho ban.”+

23 Akyiri yi, wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Filistifo ne Keilafo+ reko, na wɔrewiawia wɔn aduan wɔ awiporowbea.” 2 Enti Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ na minkokunkum Filistifo yi anaa?” Yehowa buaa Dawid sɛ: “Kɔ, kokunkum Filistifo no na gye Keilafo.” 3 Ɛnna Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Yuda fã ha+ a yɛwɔ yi mpo, yesuro, na sɛ yɛkɔ Keila sɛ yɛne Filistifo dɔm rekɔko a, ɛnde yennim nea ebesi!”+ 4 Enti Dawid san bisaa Yehowa.+ Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, sian kɔ Keila, efisɛ mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+ 5 Enti Dawid ne ne mmarima no kɔɔ Keila ne Filistifo kɔkoe, na ɔfaa wɔn nyɛmmoa kɔe, na okunkum wɔn mu bebree. Dawid twitwa gyee Keilafo.+

6 Bere a Ahimelek ba Abiatar+ reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔde efɔd* no kɔe. 7 Wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Dawid aba Keila.” Ɛnna Saul kae sɛ: “Onyankopɔn de no ahyɛ me nsa;*+ efisɛ kurow a apon ne mmeamu deda ano mu na wakɔhyɛ de asum ne ho afiri.” 8 Enti Saul frɛfrɛɛ n’asraafo no nyinaa sɛ wɔnkɔ Keila na wonkotwa Dawid ne ne mmarima no ho nhyia. 9 Bere a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+ 10 Ɛnna Dawid kae sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate sɛ, me nti Saul pɛ sɛ ɔba Keila bɛsɛe kurow yi.+ 11 Keila mpanyimfo* de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Enti Saul bɛba ha sɛnea w’akoa ate no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Ɔbɛba.” 12 Dawid bisae sɛ: “Keila mpanyimfo de me ne me mmarima no bɛhyɛ Saul nsa anaa?” Ɛnna Yehowa buae sɛ: “Wɔde mo bɛhyɛ ne nsa.”

13 Ntɛm ara na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ 600+ no sɔree, na wofii Keila nantew kɔɔ baabiara a wobenya. Bere a nkurɔfo kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ Dawid aguan afi Keila kɔ no, wannya ankɔ hɔ ankɔhwehwɛ no bio. 14 Dawid kɔtenaa sare so mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den; ɔtenaa Sif+ sare so mmepɔw mu. Saul hwehwɛɛ no saa ara,+ nanso Yehowa amma wannya no. 15 Bere a Dawid wɔ Sif sare so wɔ Hores no, na onim sɛ* Saul aba hɔ rebɛhwehwɛ no* akum no.

16 Ɛnna Saul ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no* den wɔ Yehowa din mu.+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, efisɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyiri; me papa Saul mpo nim saa.”+ 18 Ɛnna wɔn baanu no yɛɛ apam+ wɔ Yehowa anim, na Dawid tenaa Hores, Yonatan de, ɔkɔɔ ne fi.

19 Akyiri yi, Sif mmarima kɔɔ Saul nkyɛn wɔ Gibea+ kɔkae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nkyɛn ha yi ara na Dawid abehintaw?+ Ɛnyɛ Hores,+ Hakila bepɔw+ no so wɔ Yesimon*+ anaafo fam, beae a ɛhɔ kɔ yɛ den no na wabɛhyɛ?* 20 O ɔhene, bere biara a wopɛ* sɛ woba ha no, bra, na yɛn nso yɛde no bɛhyɛ ɔhene nsa.”+ 21 Ɛnna Saul kae sɛ: “Yehowa nhyira mo, efisɛ moahu me mmɔbɔ. 22 Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ baabi pɔtee a ɔwɔ ne onii a ohuu no wɔ hɔ, efisɛ mate sɛ n’ani atew paa. 23 Monkɔhwehwɛ mmeae a okohintaw no nyinaa, na mommɛka ho asɛm nkyerɛ me. Afei me ne mo bɛkɔ hɔ, na sɛ ɔwɔ asaase no so a, mekyin Yuda mpempem nyinaa mu ahwehwɛ no.”

24 Enti wofii hɔ dii Saul kan kɔɔ Sif.+ Saa bere no, na Dawid ne ne mmarima no wɔ Maon+ sare so wɔ Araba+ a ɛwɔ Yesimon anaafo fam no. 25 Afei Saul ne ne mmarima no bɛhwehwɛɛ no.+ Bere a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na osian kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu wɔ Maon sare so, na ɔtenaa hɔ. Saul tee no, otiw Dawid wɔ Maon sare no so. 26 Eduu baabi no, na Saul wɔ bepɔw no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔw no fã noho. Ná Dawid reguan+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akyere wɔn.+ 27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifo abɛtow ahyɛ asaase no so!” 28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyi di,+ na ɔne Filistifo no kɔkoe. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetewmu Botan no.

29 Ɛnna Dawid guan fii hɔ, na ɔkɔtenaa mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ En-Gedi.+

24 Bere a Saul kɔtaa Filistifo no so wiei a ɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Dawid wɔ En-Gedi+ sare so.”

2 Ɛnna Saul faa mmarima 3,000 a wɔapaw wɔn afi Israel nyinaa kaa ne ho sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima no wɔ abotan akɛse no mu, baabi a bepɔw so mpɔnkye tena no. 3 Bere a Saul nam kwan so no, okoduu nguammuw a wɔde abo ayɛ no ho, na na ɔbodan bi wɔ hɔ. Saul kɔɔ mu sɛ ɔrekogya n’anan, na na Dawid ne ne mmarima no nso tete ɔbodan no mu+ wɔ ɔfã noho. 4 Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa reka akyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ enti nea wopɛ biara, fa yɛ no.’” Ɛnna Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kotwaa Saul ataade nsasin ano. 5 Nanso Dawid koma bɔe*+ sɛ watwa Saul ataade ano. 6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim ayɛ ade a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no na mateɛ me nsa aka no, efisɛ Yehowa asra no.”+ 7 Dawid nsɛm yi nti, ne mmarima no twe sanee;* wamma wɔamfa wɔn nsa anka Saul. Saul de, ɔsɔre fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan.

8 Ɛnna Dawid sɔre fii ɔbodan no mu, na ɔteɛɛm frɛɛ Saul sɛ: “Me wura ɔhene!”+ Bere a Saul twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, Dawid bɔɔ ne mu ase kotow de n’anim butuw fam. 9 Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Adɛn nti na woretietie nkurɔfo ano sɛ, ‘Hwɛ! Dawid repɛ wo adi wo bɔne’?+ 10 Ɛnnɛ da yi, wode w’aniwa ahu sɛnea Yehowa de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu. Nanso bere a obi kae sɛ minkum wo no,+ mihuu wo mmɔbɔ, na mekae sɛ, ‘Meremfa me nsa nka me wura, efisɛ Yehowa asra no.’+ 11 Me papa, hwɛ sɛ w’ataade nsasin ano kura me nsam. Mitwae, nanso mankum wo. Afei de, w’ankasa woahu sɛ menyɛɛ m’adwene sɛ medi wo bɔne anaa mɛtew wo so atua. Menyɛɛ wo bɔne,+ nanso wo de, woretaataa me apɛ me akum me.*+ 12 Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn;+ Yehowa na obetua wo ka ama me.+ Me de, meremfa me nsa nka wo.+ 13 Sɛnea tete bɛ no ka no, ‘Nnipabɔnefo de, bɔne ara na wɔbɛyɛ’; me de meremfa me nsa nka wo. 14 Hena na Israel hene atu n’ani asi no so yi? Hena na wotaataa no yi? Me ɔkraman funu yi? Sommɔre baako pɛ yi?+ 15 Yehowa bɛyɛ ɔtemmufo na wabu me ne wo ntam atɛn, na obehu na wadi m’asɛm ama me,+ na wabu me atɛn agye me afi wo nsam.”

16 Bere a Dawid ano sii no, Saul kae sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na mete yi anaa?”+ Ɛnna Saul sui denneennen. 17 Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woteɛ sen me, efisɛ papa na woayɛ me, nanso bɔne na mede atua wo ka.+ 18 Ɛnnɛ woama mahu sɛ wo ne me adi no yiye, efisɛ Yehowa de me hyɛɛ wo nsa, nanso woankum me.+ 19 Hena na onya ne tamfo a, ɔde ne ho bɛkyɛ no? Nea woayɛ ama me nnɛ yi nti, Yehowa bɛma wo akatua pa.+ 20 Afei hwɛ! minim sɛ wo na wubedi hene, na wo nsam na Israel ahenni begyina.+ 21 Enti ka me ntam wɔ Yehowa din mu+ sɛ worentɔre m’asefo* a wobedi m’akyi aba no ase, na worempopa me din mfi me papa fi.”+ 22 Ɛnna Dawid kaa Saul ntam, na afei Saul kɔɔ ne fi.+ Dawid ne ne mmarima no de, wɔforo kɔɔ guankɔbea hɔ.+

25 Akyiri yi, Samuel wui,+ na Israelfo nyinaa boaboaa wɔn ho ano besuu no, na wosiee no wɔ ne fi nkyɛn wɔ Rama.+ Ɛnna Dawid sɔree, na osian kɔɔ Paran sare so.

2 Ná ɔbarima bi te Maon+ a n’adwuma wɔ Karmel.*+ Ɔbarima no, na ɔwɔ sika paa; ná ɔwɔ nguan 3,000 ne mpɔnkye 1,000, na na ɔretwitwa ne nguan ho nwi wɔ Karmel. 3 Ɔbarima no din de Nabal,+ na ne yere din de Abigail.+ Ná ne yere no nim nyansa, na na ne ho nso yɛ fɛ. Ná ne kunu yɛ Kaleb+ aseni, na na n’asɛm yɛ den na ne suban nso nyɛ fɛ.+ 4 Dawid tee wɔ sare so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nguan ho nwi. 5 Enti Dawid somaa mmerante du, na Dawid ka kyerɛɛ mmerante no sɛ: “Monkɔ Nabal nkyɛn wɔ Karmel na mummisa no sɛ mise ne ho te dɛn, 6 na monka sɛ, ‘Nya nkwa tenten na ensi wo ne wo fi ne nea wowɔ nyinaa yiye.* 7 Mate sɛ woretwitwa wo nguan ho nwi. Bere a yɛne wo nguanhwɛfo no tenae wɔ Karmel nyinaa, yɛanyɛ wɔn bɔne biara,+ na wɔn biribiara nso anyera. 8 Wubisa wo mmerante no a, wɔbɛka akyerɛ wo. Ma me mmerante no nnya w’anim dom, efisɛ yɛaba bere pa mu.* Enti yɛsrɛ wo, nea wubenya biara, fa ma wo nkoa ne wo ba Dawid.’”+

9 Ɛnna Dawid mmerante no kɔe, na wɔkɔkaa Dawid nkra yi nyinaa kyerɛɛ Nabal. Bere a wɔn ano sii no, 10 Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: “Hena ne Dawid, na hena ne Yese ba no? Nnansa yi, nkoa a wɔaguan afi wɔn wuranom nkyɛn adɔɔso.+ 11 M’aduan ne me nsu ne me nam a makum ama mmarima a wɔretwitwa me nguan ho nwi no, memfa mma mmarima a minnim baabi a wofi anaa?”

12 Ɛnna Dawid mmerante no san kɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne sekan mmɔ n’ataaso!”+ Enti obiara de ne sekan bɔɔ n’ataaso, na Dawid nso de ne sekan bɔɔ n’ataaso. Na mmarima bɛyɛ 400 ne Dawid kɔe, na mmarima 200 nso tenaa nneɛma no ho.

14 Saa bere no ara mu nso, na asomfo no baako akɔka akyerɛ Nabal yere Abigail sɛ: “Hwɛ, Dawid tuu abɔfo fi sare so behyiraa yɛn wura, nanso wateɛteɛ mu agu wɔn so ayeyaw wɔn.+ 15 Mmarima no boaa yɛn paa. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na bere a yɛne wɔn wɔ wuram no, yɛn biribiara anyera.+ 16 Bere a yɛne wɔn wɔ hɔ rehwɛ nguan no nyinaa, wɔyɛɛ sɛ ɔfasu wɔ yɛn ho awia ne anadwo. 17 Afei dwen nea wobɛyɛ ho, efisɛ asɛnkɛse reba yɛn wura ne ne fi nyinaa so,+ na ɔno de, ɔyɛ onipahunu*+ a wokasa kyerɛ no a ɛnyɛ yiye.”

18 Enti Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo 200 ne bobesa nhina akɛse abien ne nguan anum a wɔasiesie no kama, ne nkyewe seah susude* anum, ne bobe keeki 100, ne borɔdɔma aba keeki 200, na ɔde ne nyinaa soaa mfurum.+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asomfo no sɛ: “Munni kan, na medi mo akyi.” Nanso, wanka hwee ankyerɛ ne kunu Nabal.

20 Bere a ɔte afurum no so resian bepɔw no, na Dawid ne ne mmarima no nso rehyia no, nanso wɔanhu no, efisɛ na bepɔw no asiw wɔn anim. Enti okopuee wɔn so mpofirim. 21 Dawid de, asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Mebɔɔ ɔbarima yi nneɛma nyinaa ho ban wɔ sare so, nanso mabrɛ agu kwa. Nea ɔwɔ nyinaa baako mpo anyera;+ ne nyinaa akyi no, bɔne na ɔde retua papa a meyɛɛ no no so ka.+ 22 Sɛ ebedu anɔpa na magyaw ɔbarima* baako mpo wɔ ne fi a, Onyankopɔn ntua Dawid atamfo ka* na ɔmfa bi nka ho.”

23 Bere a Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm si fii afurum no so, na ɔkotow Dawid anim de n’anim butuw fam. 24 Afei obebutuw ne nan ase kae sɛ: “O me wura, me mmom na fa sobo no bɔ me; yɛ aso tie w’afenaa. 25 Mesrɛ wo, mma me wura nnni onipahunu Nabal+ yi akyi, na ne din ne ne suban sɛ. Ne din de Nabal,* na agyimisɛm bata ne ho. W’afenaa de, bere a me wura somaa wo mmarima no, manhu wɔn. 26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, Yehowa na watwe wo asan+ sɛnea ɛbɛyɛ a worenni mogya ho fɔ,+ na w’ankasa woantua obiara bɔne so ka.* Ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal. 27 Afei akyɛde*+ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, fa ma mmerante a wɔne me wura nam no.+ 28 Mesrɛ wo, fa w’afenaa bɔne kyɛ no, na Yehowa bɛkyekye ofi ama me wura daa,+ efisɛ me wura reko ma Yehowa,+ na wo nkwa nna nyinaa, wonyɛɛ bɔne biara.+ 29 Sɛ obi tu n’ani si wo so sɛ obekum wo* a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyekyere me wura nkwa* wɔ nkwa kotoku mu de asie ne nkyɛn; nanso w’atamfo nkwa* de, ɔbɛtow akyene te sɛ abo a wɔtow fi ataabo* mu. 30 Nneɛma pa a Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ ama me wura no, sɛ ɔyɛ ne nyinaa na sɛ ɔpaw wo sɛ Israel kannifo a,+ 31 esiane sɛ me wura anhwie mogya angu kwa, na w’ankasa woantua obiara bɔne so ka* nti, worennu wo ho na w’ahonim* remmu wo fɔ.*+ Sɛ Yehowa dom me wura a, ɛyɛ a kae w’afenaa.”

32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Ayeyi nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi! 33 Nhyira nka nyansa a woada no adi! Nhyira nka wo sɛ woamma manni mogya ho fɔ+ na m’ankasa mantua obiara bɔne so ka.* 34 Efisɛ sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne+ no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammehyia me a,+ anka ebedu anɔpa no, na minnyaw ɔbarima* baako mpo wɔ Nabal fi.”+ 35 Ɛnna Dawid gyee nneɛma a ɔde brɛɛ no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ wo fi. Hwɛ, matie wo, enti mɛyɛ w’abisade no.”

36 Akyiri yi, Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoe sɛ watow pon wɔ fie redidi nom te sɛ ɔhene. Ná Nabal* ani agye na wabow sram. Ɔbea no anka asɛm biara ankyerɛ ne kunu kosii sɛ ade kyee. 37 Ade kyee anɔpa a nsã no tetew Nabal ani so no, ne yere kaa nea esii no kyerɛɛ no. Ne koma yɛɛ sɛ obi a wawu, na na ɔda hɔ a ɔnkeka ne ho te sɛ ɔbo. 38 Bɛyɛ dadu akyi no, Yehowa maa Nabal wui.

39 Bere a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa sɛ wadi m’asɛm ama me+ na wayi animguase a Nabal de baa me so no+ afi hɔ na wamma n’akoa anyɛ bɔne.+ Yehowa ama Nabal bɔne adan agu ne ti so!” Ɛnna Dawid somae sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware no. 40 Enti Dawid nkoa no kɔɔ Abigail nkyɛn wɔ Karmel, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛka nkyerɛ wo sɛ ɔbɛware wo.” 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuw fam kae sɛ: “W’afenaa ni, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura nkoa nan ho.”+ 42 Ɛnna Abigail+ yɛɛ ntɛm sɔree, na ɔtenaa afurum so, na ne mmaawa baanum dii n’akyi. Osiim ne Dawid abɔfo no kɔe, na ɔbɛyɛɛ ne yere.

43 Ná Dawid aware Ahinoam+ a ofi Yesreel+ nso, enti mmea baanu no nyinaa bɛyɛɛ ne yerenom.+

44 Saa bere no, na Saul de ne babea Mikal+ a ɔyɛ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ofi Galim no ama waware no.

26 Akyiri yi, Sif+ mmarima baa Saul nkyɛn wɔ Gibea+ bɛkae sɛ: “Dawid abehintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛne Yesimon* di nhwɛanim no so.”+ 2 Ɛnna Saul ne Israel asraafo 3,000 a wɔapaw wɔn siim kɔɔ Sif sare so. Wɔkɔe sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid wɔ Sif sare so.+ 3 Saul soɛɛ kwankyɛn wɔ Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no so. Saa bere no, na Dawid te sare no so, na ɔtee sɛ Saul aba sare no so rebɛhwehwɛ no. 4 Enti Dawid somaa nkurɔfo sɛ wɔnyɛ kodɛɛ nkɔhwɛ sɛ Saul aba hɔ ampa anaa. 5 Akyiri yi, Dawid kɔɔ baabi a Saul akɔsoɛ no. Ná Saul ne Ner ba Abner+ a ɔyɛ ne sahene no ada, na Dawid kohuu baabi a wɔda; baabi a na Saul da no, na n’asraafo no atwa ne ho ahyia. 6 Ɛnna Dawid bisaa Hitini+ Ahimelek ne Seruia+ ba Abisai+ a ɔyɛ Yoab nua no sɛ: “Hena na ɔne me bɛkɔ Saul nkyɛn wɔ asoɛe hɔ?” Abisai kae sɛ: “Me ne wo bɛkɔ.” 7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no mu anadwo, na wɔkɔtoo sɛ Saul ada wɔ asoɛe hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Ná Abner ne asraafo a wɔatwa ne ho ahyia no nyinaa adeda.

8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ.+ Enti mesrɛ wo, ma memfa peaw nwɔ no baako pɛ nsi fam, meremfa nwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: “Nyɛ no bɔne. Hena na obetumi de ne nsa aka nea Yehowa asra no+ afa ne ho adi?”+ 10 Dawid toaa so kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, Yehowa ankasa bekum no;+ anyɛ saa nso a, ne bere bɛso+ ama wawu, anaa ɔbɛkɔ ɔko ama wɔakum no.+ 11 Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ Yehowa anim ateɛ me nsa ayɛ nea Yehowa asra no bɔne!+ Enti mesrɛ wo, fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu toa no ma yɛnkɔ.” 12 Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu toa no fii Saul atifi, na wosii kwan so kɔe. Obiara anhu wɔn,+ na obiara nso ante wɔn nka, na obiara annyan efisɛ na wɔn nyinaa adeda; Yehowa na ɔma wɔdaa hatee. 13 Afei Dawid twaam kɔɔ ɔfã noho kogyinaa akyirikyiri wɔ bepɔw no so; ná ɔne wɔn ntam twe.

14 Ɛnna Dawid teɛɛm frɛɛ asraafo no ne Ner ba Abner+ sɛ: “Abner, enti merefrɛ yi wonte?” Abner buae sɛ: “Ɛyɛ wo hena na worefrɛ ɔhene yi?” 15 Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: “Wonyɛ ɔbarima anaa? Hena na ɔte sɛ wo wɔ Israel? Ɛnde adɛn na woantumi anwɛn wo wura ɔhene? Asraafo no mu baako baa hɔ sɛ anka ɔrebekum wo wura ɔhene.+ 16 Moanyɛ ade koraa. Sɛ́ Yehowa te ase yi, mofata owu, efisɛ moantumi anwɛn mo wura a Yehowa asra no no.+ Afei monto mo ani nhwɛ! Ɔhene peaw ne ne nsu toa+ a na esi n’atifi no, ɛhe na ɛwɔ?”

17 Ɛnna Saul hui sɛ ɛyɛ Dawid nne, na obisae sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na mete yi anaa?”+ Dawid buae sɛ: “Me wura ɔhene, me nne na wote yi.” 18 Ɔtoaa so kae sɛ: “Adɛn nti na me wura retaataa n’akoa yi?+ Dɛn na mayɛ, na me bɔne ne dɛn?+ 19 Enti afei, mesrɛ wo, me wura ɔhene, tie w’akoa asɛm a mereka yi: Sɛ Yehowa na ɔrepiapia wo tia me a, ma onnye* me nsam aduan afɔre. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso na wɔrepiapia wo a,+ ɛnde wɔadome wɔn wɔ Yehowa anim, efisɛ nnɛ wɔapam me sɛ wɔremma minnya kyɛfa biara wɔ Yehowa agyapade mu,+ na wose, ‘Kɔ, kɔsom anyame foforo!’ 20 Na afei mma me mogya nnhwie nngu baabi a ɛnyɛ Yehowa anim, efisɛ sommɔre baako pɛ+ na Israel hene afi adi rehwehwɛ me sɛnea ɔrepam akokɔhwerew wɔ mmepɔw so.”

21 Ɛnna Saul kae sɛ: “Mayɛ bɔne.+ Me ba Dawid, san bra na merenyɛ wo bɔne bio, efisɛ woama me nkwa* asom bo ama wo+ nnɛ. Hwɛ! madi nkwaseasɛm, na madi mfomso kɛse.” 22 Dawid kae sɛ: “Ɔhene peaw no ni, ma mmerante no baako mmra mmegye. 23 Yehowa na obetua obiara ka sɛnea onii no trenee ne ne nokwaredi te,+ efisɛ ɛnnɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa, nanso mamfa me nsa anka nea Yehowa asra no.+ 24 Hwɛ! Sɛnea ɛnnɛ wo nkwa* asom bo wɔ m’ani so no, saa ara na ma me nkwa* nsom bo wɔ Yehowa ani so, na onnye me mfi ahohia nyinaa mu.”+ 25 Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Nea ɛte biara wobɛyɛ nnwuma akɛse, na ɔkwan biara so wubedi nkonim.”+ Ɛnna Dawid siim kɔɔ ne kwan, na Saul nso san kɔɔ baabi a ofi bae.+

27 Nanso Dawid kae wɔ ne komam sɛ: “Anhwɛ a da koro Saul bekum me. Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ meguan akɔ Filistifo asaase so.+ Ɛba saa a, Saul bɛhwehwɛ me wɔ Israel asaase so nyinaa,+ na sɛ wanhu me a, obegyae na mafa me ho adi.” 2 Enti Dawid ne mmarima 600+ a wɔka ne ho no kɔɔ Gat hene Akis+ a ɔyɛ Maok ba no hɔ. 3 Dawid ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo tenaa Akis nkyɛn wɔ Gat. Ná Dawid yerenom baanu no ka ne ho; wɔn ne Yesreelni Ahinoam+ ne Karmelni Abigail+ a bere bi na ɔware Nabal no. 4 Bere a wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan kɔ Gat no, wanhwehwɛ no bio.+

5 Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, ma wɔmma me nkurow a ɛwɔ akuraase no baako na mentena hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa ne wo tena ahenkurow mu?” 6 Enti Akis de Siklag+ maa no saa da no. Ɛno nti na Siklag abɛyɛ Yuda ahemfo kurow de besi nnɛ no.

7 Bere* a Dawid de tenaa Filistifo akuraase no yɛ afe ne abosome anan.+ 8 Saa bere no, na Dawid ne ne mmarima no tumi kɔtow hyɛ Gesurfo,+ Gersifo, ne Amalekfo+ so; wɔn na na wɔtete asaase no so fi Telam kɔpem Sur+ de kosi Egypt asaase so. 9 Bere biara a Dawid bɛtow ahyɛ asaase no so no, ɔnkora ɔbarima anaa ɔbea biara nkwa so;+ ɔfa anantwi, nguan, mfurum, yoma, ne ntaade, na wasan kɔ Akis nkyɛn. 10 Ɛyɛ a Akis bisa no sɛ: “Nkurow bɛn na mokɔtow hyɛɛ so nnɛ?” Ɛba saa a, Dawid nso ka kyerɛ no sɛ: “Yɛkɔɔ Yuda anaafo”*+ anaa “Yerameelfo+ anaafo” anaa “Kenifo+ anaafo.” 11 Ɔbarima oo, ɔbea oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, efisɛ ɔkae sɛ: “Anyɛ saa a wɔbɛkɔ akɔka nea yɛayɛ sɛ, ‘Sɛɛ na Dawid ayɛ.’” (Bere a ɔde tenaa Filistifo akuraa no ase nyinaa, saa ara na ɔyɛe.) 12 Enti Akis gyee Dawid dii, na ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Ampa ara ne ho abɔn ne man Israel, na ɔbɛyɛ m’akoa daa.”

28 Saa bere no, Filistifo boaboaa wɔn asraafodɔm ano sɛ wɔne Israel rekɔko.+ Enti Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wunim paa sɛ wo ne wo mmarima no nyinaa, ɛsɛ sɛ mobɛka me ho wɔ ɔko no mu.”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Wo ara wunim nea w’akoa bɛyɛ.” Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛno nti me nso mɛyɛ wo m’awɛmfo so panyin.”*+

3 Ná Samuel awu ama Israel nyinaa asu no, na na wɔasie no wɔ ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfo ne asumanfo ase afi asaase no so.+

4 Filistifo no boaboaa wɔn ho ano, na wɔkɔsoɛɛ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Gilboa.+ 5 Bere a Saul huu Filistifo dɔm no, ehu kaa no na ne koma tui papaapa.+ 6 Saul bisaa Yehowa anom asɛm,+ nanso Yehowa amfa ɔdae, Urim,*+ anaa adiyifo so amma no mmuae. 7 Afei Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔhwehwɛ ɔkɔmfo bea bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔkɔmfo bea bi wɔ En-Dor.”+

8 Enti Saul sakraa ne ho hyɛɛ ntaade foforo, na ɔne ne mmarima no baanu siim kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ nyankomade+ ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ wo no mmra.” 9 Nanso ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wunim sɛ Saul atu akɔmfo ne asumanfo ase afi asaase yi so.+ Enti adɛn na worebesum me afiri* ama wɔakum me?”+ 10 Ɛnna Saul kaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, obiara remmu wo fɔ wɔ asɛm yi mu!” 11 Afei ɔbea no bisae sɛ: “Hena na wopɛ sɛ mema ɔba?” Na ɔkae sɛ: “Ma Samuel mmra.” 12 Bere a ɔbea no huu “Samuel”*+ no, ofii ase teɛteɛɛm, na obisaa Saul sɛ: “Wone Saul na woadaadaa me yi?” 13 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Dɛn na woahu?” Na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mihu obi a ɔte sɛ onyame sɛ ofi asaase ase reba.” 14 Ɛhɔ ara na obisaa ɔbea no sɛ: “Ɔte dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ akwakoraa bi a ɔhyɛ ataade nsasin.”+ Ɛnna Saul hui sɛ ɛyɛ “Samuel,” na ɔbɔɔ ne mu ase kotow de n’anim butuw fam.

15 Na “Samuel” bisaa Saul sɛ: “Adɛn na woama wɔafrɛ me rebegyigye me?” Ɛnna Saul kae sɛ: “Me ho akyere me paa. Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn nso apo me na ommua me bio; ɔmfa adiyifo anaa dae so nkasa nkyerɛ me.+ Ɛno nti na meresrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ no.”+

16 Ɛnna “Samuel” kae sɛ: “Sɛ Yehowa apo wo ma woabɛyɛ ne tamfo+ a, ɛnde worehwehwɛ m’akyi kwan ayɛ dɛn? 17 Nea Yehowa nam me so kae no, ɔbɛma aba mu; Yehowa behwim ahenni no afi wo nsam na ɔde ama wo yɔnko Dawid.+ 18 Woantie Yehowa nne, na n’abufuw a etia Amalek no nso, woanyɛ ho adwuma;+ ɛno nti na nnɛ Yehowa reyɛ wo saa yi. 19 Wo ne Israelfo nso, Yehowa de mo bɛhyɛ Filistifo nsa,+ na ɔkyena, wo+ ne wo mma+ bɛba abɛka me ho. Israel asraafo nso, Yehowa de wɔn bɛhyɛ Filistifo nsa.”+

20 Ɛhɔ ara na “Samuel” asɛm no nti, Saul twa hwee fam, na osuroe papaapa. Afei nso, na ahoɔden bi nni ne mu, efisɛ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa na onnidii. 21 Bere a ɔbea no baa Saul nkyɛn behui sɛ asɛm no ahaw no paa no, ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, w’afenaa atie wo nne, na mede me nkwa* ato me nsam+ ayɛ nea wokae no. 22 Enti afei mesrɛ wo, tie w’afenaa nne na ma memfa paanoo kakra mmesi w’anim na di, na woanya ahoɔden de akɔ wo kwan.” 23 Nanso wampene, na ɔkae sɛ: “Merennidi.” Na ne nkoa ne ɔbea no srɛɛ no ara. Afei otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so. 24 Ná ɔbea no wɔ nantwi ba kɛse bi wɔ fie hɔ. Enti ɔyɛɛ ntɛm kum no,* na ɔfaa esiam fɔtɔw de tõõ paanoo a mmɔkaw* nnim. 25 Ɔde maa Saul ne ne nkoa no na wodii. Ɛnna wɔsɔree, na anadwo no wosiim kɔe.+

29 Filistifo+ no boaboaa wɔn asraafodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso bɛsoɛɛ nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel+ no ho. 2 Filistifo ahemfo no hyehyɛɛ wɔn asraafo no ɔhaha ne apem apem, na Dawid nso ne ne mmarima ne Akis+ dii akyi bae. 3 Ɛnna Filistifo akunini no bisae sɛ: “Na Hebrifo yi reyɛ dɛn wɔ ha?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo akunini no sɛ: “Israel hene Saul akoa Dawid ni; ɔne me atena ha afe ne kakra.+ Efi da a obedii m’afã de besi nnɛ, minhuu adebɔne biara wɔ ne ho.” 4 Nanso Filistifo akunini no bo fuw no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma ɔbarima no nsan nkɔ.+ Ma ɔnsan nkɔ faako a wode ama no no. Mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no na wantwa ne ho ne yɛn anko.+ Ɛnyɛ yɛn mmarima no ti na ɔde bɛpɛ ne wura anim anuonyam anaa? 5 Ɛnyɛ Dawid yi na wɔde nnwom ne asaw bɔ gyee no so sɛ,

‘Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du’ no?”+

6 Ɛnna Akis+ frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, woyɛ onipa pa, na m’ani gye ho sɛ anka wo ne m’asraafo no bɛbom akɔ ɔko,+ efisɛ efi da a wobaa ha de besi nnɛ, minhuu adebɔne biara wɔ wo ho.+ Nanso ahemfo no nnye wo nni.+ 7 Enti, san fa asomdwoe kɔ, na nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo ahemfo no.” 8 Ɛnna Dawid bisaa Akis sɛ: “Adɛn, mayɛ dɛn? Bɔne bɛn na woahu wɔ w’akoa ho fi da a mebaa wo nkyɛn besi nnɛ? Adɛn nti na woremma me ne wo nkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nkɔko?” 9 Akis buaa Dawid sɛ: “Mihu wo sɛ woyɛ onipa pa te sɛ Onyankopɔn bɔfo.+ Nanso nea Filistifo akunini no aka ne sɛ, ‘Mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no.’ 10 Enti sɔre anɔpa paa, na wo ne wo wura nkoa a wo ne wɔn bae no nkɔ; monsɔre ntɛm, na sɛ anim tetew pɛ a, monkɔ.”

11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no sɔree ntɛm anɔpa san kɔɔ Filistifo asaase so, na Filistifo no de, wɔkɔɔ Yesreel.+

30 Ne nnansa so a Dawid ne ne mmarima no beduu Siklag+ no, na Amalekfo+ abɛtow ahyɛ anaafo famfo* ne Siklag so, na wɔasɛe Siklag de ogya ahyew kurow no. 2 Wɔbae no, na wɔakyere mmea+ no ne nnipa a wɔaka wɔ hɔ nyinaa kɔ, efi akumaa so kosi ɔkɛse so. Wɔankum obiara, na mmom wɔtwee wɔn sii kwan so de wɔn kɔe. 3 Bere a Dawid ne ne mmarima no bedui no, na wɔde ogya ahyew kurow no, na wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nso, na wɔakyere wɔn kɔ. 4 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no maa wɔn nne so sui ara maa osũ no mee wɔn. 5 Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Abigail a bere bi na ɔware Karmelni Nabal no nso, na wɔakyere wɔn kɔ.+ 6 Dawid ho yeraw no paa, efisɛ na mmarima no rekeka sɛ wobesiw no abo. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afuw. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na onyaa ahoɔden.+

7 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek ba ɔsɔfo Abiatar+ sɛ: “Mesrɛ wo, fa efɔd* no bra ha.”+ Na Abiatar de efɔd no baa Dawid nkyɛn. 8 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Mintiw nnipabɔnefo dɔm yi anaa? Mekɔ a, mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tiw wɔn, na sɛnea ɛte biara wobɛto wɔn, na nea wɔde kɔe nso, wo nsa bɛka.”+

9 Ɛhɔ ara na Dawid sii kwan so, ɔne mmarima 600+ a wɔka ne ho no, na wɔkɔe ara koduu Besor Subon no ho, na mmarima no bi kaa hɔ. 10 Dawid ne mmarima 400 toaa so tiw wɔn, na mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi antwa Besor Subon no gyinae.+

11 Wohuu Egyptni barima bi wɔ wuram hɔ, enti wɔde no kɔmaa Dawid. Wɔmaa no aduan dii, na wɔmaa no nsu nomee. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma keeki ne bobe keeki abien ma odii, na ɔsan nyaa ahoɔden.* Ná onnidii, na na ɔnnom nsu nnansa, awia ne anadwo. 13 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Hena akoa ne wo, na ɛhe na wufi?” Na obuae sɛ: “Meyɛ ɔsomfo a mifi Egypt, na Amalekni bi akoa ne me, nanso nnansa ne nnɛ meyaree, enti na me wura agyaw me wɔ ha yi. 14 Yɛkɔɔ Keretifo+ anaafo fam* ne Yuda asaase ne Kaleb+ anaafo fam* nkurow so kɔtow hyɛɛ wɔn so, na yɛde ogya hyew Siklag.” 15 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Wubedi m’anim de me akɔ nnipabɔnefo dɔm no nkyɛn anaa?” Na ɔkae sɛ: “Sɛ woka me ntam Onyankopɔn din mu sɛ worenkum me, na worenyi me nhyɛ me wura nsa a, ɛnde medi w’anim akɔ nnipabɔnefo dɔm no nkyɛn.”

16 Ɛnna odii n’anim kɔɔ baabi a nkurɔfo no wɔ no, na wɔkɔtoe sɛ wɔsensam fam redidi nom na wɔregye wɔn ani esiane nneɛma pii a wɔako afa* wɔ Filistifo ne Yudafo asaase so no nti. 17 Ɛnna Dawid kunkum wɔn fi ahemanakye kosii anwummere; wɔn mu baako mpo anka,+ gye mmarima 400 na wɔtenatenaa yoma so guanee. 18 Nea Amalekfo no fae nyinaa, Dawid gyei;+ Dawid gyee ne yerenom baanu no nso. 19 Wɔn nsa kaa wɔn biribiara, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea ne asade* no ne nneɛma a wɔfae no nyinaa.+ Dawid gyee biribiara. 20 Enti Dawid faa nkurɔfo no nguan ne wɔn anantwi nyinaa, na ne mmarima no de wɔn dii wɔn ankasa nyɛmmoa no anim bae. Wɔkae sɛ: “Dawid asade ni.”

21 Ɛnna Dawid beduu mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi ne Dawid ankɔ a wɔkaa Besor Subon ho+ no nkyɛn, na wofii adi sɛ wɔrebehyia Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no. Bere a Dawid beduu wɔn nkyɛn no, obisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. 22 Nanso mmarima a wɔne Dawid kɔe no, nnipabɔnefo ne ahuhufo a wɔwɔ wɔn mu no kae sɛ: “Wɔankɔ bi, enti asade a yɛde aba no, yɛremma wɔn bi. Wɔn yerenom ne wɔn mma nkutoo na yɛde wɔn bɛma wɔn akɔ.” 23 Ɛnna Dawid kae sɛ: “Me nuanom, monnyɛ saa, efisɛ Yehowa na wama yɛn nsa aka nneɛma yi, na ɔno na wabɔ yɛn ho ban de nnipabɔnefo dɔm a wɔbaa yɛn so no ahyɛ yɛn nsa.+ 24 Hena na ɔne mo bɛyɛ adwene wɔ asɛm yi ho? Wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no bi ne wɔn a wɔtenaa nneɛma ho no nyinaa bɛkyɛ no pɛ.+ Obiara benya bi.”+ 25 Efi saa da no, ɔma ɛbɛyɛɛ ahyɛde ne mmara wɔ Israel de besi nnɛ.

26 Bere a Dawid beduu Siklag no, ɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a wɔyɛ ne nnamfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Akyɛde* a mede rebrɛ mo ni. Yenya fii Yehowa atamfo mu.” 27 Ɔde bi kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel,+ ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb,* ne wɔn a wɔwɔ Yatir,+ 28 ne wɔn a wɔwɔ Aroer, ne wɔn a wɔwɔ Sifmot, ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,+ 29 ne wɔn a wɔwɔ Rakal, ne wɔn a wɔwɔ Yerameelfo+ nkurow mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifo+ nkurow mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma,+ ne wɔn a wɔwɔ Borasan, ne wɔn a wɔwɔ Atak, 31 ne wɔn a wɔwɔ Hebron,+ ne wɔn a wɔwɔ mmeae a Dawid ne ne mmarima no dii hɔ akɔneaba no nyinaa.

31 Ná Filistifo ne Israelfo reko,+ na Israel mmarima guan fii Filistifo no anim, na wɔn mu bebree wuwui wɔ Gilboa+ Bepɔw so. 2 Filistifo no tuu wɔn ani sii Saul ne ne mma so,* na Filistifo no kum Yonatan,+ Abinadab, ne Malki-Sua a wɔyɛ Saul mma.+ 3 Ɔko no mu yɛɛ den maa Saul, na eduu baabi no, agyantofo no huu no, na wɔtow agyan wɔɔ no piraa no paa.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Twe wo sekan fa kum me na momonotofo*+ yi ammɛwɔ me sekan anyɛ me aninyanne.”* Nanso ne somfo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ogyaa ne ho kɔwɔɔ so.+ 5 Bere a ne somfo no hui sɛ Saul awu no,+ ɔno nso gyaa ne ho wɔɔ ne sekan so wui. 6 Enti saa da no, Saul, ne mma mmarima baasa, nea okura n’akode, ne mmarima a wɔka ne ho nyinaa wuwui.+ 7 Bere a Israelfo a wɔwɔ asaasetraa no so* ne Yordan mpɔtam hɔ hui sɛ Israel mmarima aguan, na Saul ne ne mma nso awuwu no, woguan fii wɔn nkurow no mu;+ ɛnna Filistifo no bɛtenatenaa hɔ.

8 Ade kyee no, Filistifo no bae sɛ wɔrebeyiyi awufo no ho nneɛma, na wokopuee Saul ne ne mma baasa no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔw so.+ 9 Ɛnna wotwaa ne ti yiyii n’akotaade,* na wɔsoma kɔɔ Filistifo asaase so baabiara kɔbɔɔ amanneɛ+ wɔ wɔn abosomfi*+ ne ɔmanfo no mu. 10 Afei wɔde n’akotaade no koguu Astoret ahoni fi, na wɔde n’amu kɔsɛn Bet-San+ ɔfasu ho. 11 Bere a nnipa a wɔwɔ Yebes-Gilead+ nyinaa tee nea Filistifo de ayɛ Saul no, 12 akofo no nyinaa sɔre nantew anadwo no nyinaa kɔɔ hɔ, na wokoyii Saul amu ne ne mma no nso amu fii Bet-San ɔfasu no ho, na wɔde wɔn baa Yebes bɛhyewee wɔ hɔ. 13 Na wɔfaa wɔn nnompe+ kosiei wɔ tamarisk dua a ɛwɔ Yebes+ no ase, na wɔyɛɛ akɔnkyen* nnanson.

Anaa “ɔbarima bi a ɔyɛ Sufni wɔ Rama.”

Anaa “kɔkotow.”

Nt., “ato ne yafunu mu.”

Kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no.

Anaa “kra werɛ ahow.”

Anaa “ɔbea a me honhom abotow.”

Anaa “merehwie me kra.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a ɛfata mu no.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Din.”

Nt., “eye wɔ w’ani so.”

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Sɛ́ wo kra te ase.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Elkana ho.

Anaa “m’ahoɔden.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “paanoo.”

Nt., “betwintwam.”

Anaa “ɔma nkwa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɔɔla.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔne Yehowa di asi no, ehu bɛka wɔn.”

Anaa “n’ahoɔden.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo kra pɛ.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Eli mma baanu no, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛfa asomfo no nso ho.

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔmma afɔrebɔ wusiw mforo nkɔ soro.”

Nt., “Israel mma.”

Nt., “mutiatia so.”

Nt., “basa.”

Anaa “ɔbɛma wo kra abotow.”

Anaa “Nea ɛwɔ me komam ne nea ɛwɔ me kra mu na ɔbɛyɛ.”

Kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no.

Nt., “ɔma ɛtɔɔ fam.”

Nt., “Adɛn nti na Yehowa adi yɛn so nkonim yi?”

Ebetumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”

Anaa “asraafo a wɔnam fam.”

Anaa “wamfa ne koma ankɔ so.”

Ɛkyerɛ, “Anuonyam No Wɔ He?”

Anaa “abosomfi.”

Nt., “aka Dagon nkutoo.”

Anaa “obon no mu.”

Nt., “mmarima 70, mmarima 50,000.”

Anaa “dii awerɛhow hwehwɛɛ.”

Anaa “wodii mmuada.”

Ɛkyerɛ, “Ɔboafo Bo.”

Anaa “braeb.”

Nt., “ɛyɛɛ Samuel ani so bɔne.”

Anaa “ayɛ.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “Efi ne mmati rekɔ no, na ɔware.”

Nt., “mfurum abere.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “yii Samuel asotiw.”

Nt., “nea ɛwɔ wo komam nyinaa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔde ayɛ akasabebu sɛ.”

Anaa “mmusua mmusua.”

Nt., “kanyan wɔn koma.”

Nt., “Na ɔyɛɛ sɛ” mum.

Anaa “nhyehyɛe.”

Nt., “yɛɛ sɛ onipa baako.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anadwo nnɔn 2 kosi anɔpa nnɔn 6.

Nt., “matie mo.”

Anaa “braeb.”

Nt., “moanhu hwee wɔ me nsam.”

Anaa “adehunu.”

Anaa “adehunu.”

Mfe dodow no ampue wɔ tete Hebri nsaano nkyerɛwee no mu.

Anaa “hyɛe.”

Anaa “menhwehwɛɛ Yehowa anim dom.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Pim yɛ tete sika bi a emu duru bɛyɛ gram 8.

Anaa “pomegranate.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”

Anaa “asaase a anantwi abien betumi de da koro afuntum no fã.”

Nt., “Saa da no.”

Nt., “Yi wo nsa.”

Nt., “obedi paanoo.”

Nt., “asaase.”

Nt., “n’ani so daa hɔ.”

Anaa “mmusu.”

Nt., “m’ani so ada hɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkwagye.”

Nt., “gyee Yonatan nkwa.”

Anaa “nhu wɔn mmɔbɔ.”

Anaa “asraafo a wɔnam fam.”

Anaa “huu wɔn mmɔbɔ.”

Anaa “Me werɛ ahow.”

Anaa “huu nguan ne anantwi a eye no mmɔbɔ.”

Anaa “nkonyaa.”

Nt., “terafim ahoni,” kyerɛ sɛ, abusua abosom; ahoni.

Anaa “ɔrennu ne ho.”

Anaa “wanu ne ho.”

Nt., “owu yaw no atwam.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Agag de ahotoso kɔɔ n’anim.”

Anaa “Munnwira.”

Anaa “odwiraa.”

Nt., “toa a wɔde aboa nhoma ayɛ.”

Nt., “asoɛe.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Ne tenten bɛyɛ mita 2.9 (anm. 9 ne ntk. 5.75). Hwɛ Nkh. B14.

Wɔde ntama anaa aboa nhoma na ɛyɛɛ saa akotaade yi. Afei nso, na wɔde nnade atetare mu. Nnade no deda so te sɛ apataa akyi.

Bɛyɛ kilo. 57. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛyɛ kilo. 6.84. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɛnnɛ, mitwa Israel asraafo mpoa.”

Bɛyɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “nufusu.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “de twa Israel mpoa.”

Anaa “obi a wontwaa ne dua.”

Anaa “ɔretwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.”

Anaa “Mma obiara koma ntu esiane saa Filistini yi nti.”

Anaa “ɔbarima kofoni.”

Anaa “wɔn abogye.” Nt., “wɔn abogyesɛ.”

Anaa “watwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “woatwa no mpoa.”

Nt., “bagua.”

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “sɛ́ wo kra te ase yi.”

Anaa “Yonatan kra fam Dawid kra ho.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ɔde nyansa yɛɛ ade.”

Anaa “te sɛ odiyifo.”

Nt., “odii ahyɛmfiri wɔ ɔman no anim.”

Anaa “ɔde nyansa yɛɛ ade.”

Anaa “mepɛ sɛ wobɛyɛ m’ase.”

Anaa “fa Filistifo mmarima 100 dua ano were bra.”

Anaa “de nyansa yɛ ade.”

Anaa “Ɔde ne kra too ne nsam.”

Anaa “nyaa nkwagye.”

Anaa “woamma wo kra anguan.”

Anaa “abusua bosom; ohoni.”

Anaa “abusua bosom; ohoni.”

Anaa “ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Anaa “ɔrehwehwɛ me kra?”

Anaa “wo kra te ase yi.”

Anaa “ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.”

Anaa “Nea wo kra bɛka.”

Nt., “n’ankasa kra.”

Nt., “adwuma da no.”

Nt., “wo maame adagyaw.”

Nt., “m’aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “Sɛ mmerante no ne mmea nnae a.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wɔ wɔn nsam.”

Anaa “wɔn kra werɛ ahow.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “ammirikatufo.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo papa fifo nyinaa akra.”

Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “rehwehwɛ me nso me kra.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “atɔn no ahyɛ me nsa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “osuro, efisɛ na.”

Anaa “ne kra.”

Nt., “ne nsam.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sare no.”

Nt., “nifa so.”

Anaa “wo kra pɛ.”

Anaa “ahonim buu no fɔ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbɔɔ ne mmarima no hwetee.”

Anaa “ayi me kra afi hɔ.”

Nt., “m’aba.”

Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Yuda; ɛsono ɛno na ɛsono Karmel Bepɔw.

Anaa “wo ne wo fi nyinaa nnya asomdwoe.”

Nt., “da pa.”

Anaa “ɔbarima huhuni.”

Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.

Ebetumi nso akyerɛ, “Dawid ka.”

Ɛkyerɛ, “Ogyimifo; Ɔkwasea.”

Anaa “wo kra nso te ase.”

Anaa “woamfa wo nsa annye nkwa.”

Anaa “nhyira.”

Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “woamfa wo nsa annye nkwa.”

Anaa “wo tiboa.”

Anaa “rento wo koma hintidua.”

Anaa “mamfa me nsa annye nkwa.”

Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.

Nt., “Nabal koma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sare no.”

Nt., “onhuam.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “me kra.”

Nt., “Nna dodow.”

Anaa “Negeb.”

Nt., “mede wo besi me ti so ɔwɛmfo daa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me kra afiri.”

Anaa “obi a wayɛ sɛ Samuel.”

Anaa “me kra.”

Anaa “de bɔɔ afɔre.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “Negeb.”

Anaa “nkurɔfo no nyinaa kra.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ne honhom san baa ne mu.”

Anaa “Negeb.”

Anaa “Negeb.”

Anaa “asade a wonyae.”

Anaa “nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu.”

Nt., “Nhyira.”

Anaa “anaafo fam.”

Anaa “bɔ pinii Saul ne ne mma.”

Anaa “wɔn a wontwaa wɔn dua.”

Anaa “ayayade.”

Anaa “bon mu.”

Anaa “n’akode.”

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “wodii mmuada.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena