Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Rut 1:1-4:22
  • Rut

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Rut
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Rut

RUT

1 Atemmufo no bere so no,*+ ɔkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima baanu tu fii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔho wɔ Moab+ asaase so. 2 Ɔbarima no din de Elimelek,* ne yere din de Naomi,* na ne mma baanu no din de Malon* ne Kilion.* Ná wɔyɛ Efratafo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Bere a wokoduu Moab asaase so no, wɔtenaa hɔ.

3 Bere bi akyi no, Naomi kunu Elimelek wui, na ɛkaa ɔne ne mma baanu no. 4 Akyiri yi, ne mma no waree Moabfo mmea. Ɔbaako din de Orpa, ɛnna ɔbaako nso de Rut,+ na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfe du. 5 Afei ne mma baanu no, Malon ne Kilion nso wuwui. Enti ɔbea no kunu ne ne mma baanu no nyinaa wu gyaw no. 6 Bere a ɔwɔ Moab asaase so no, ɔtee sɛ Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfo ama wɔn aduan, enti ɔne ne nsenom siim sɛ wɔrefi Moab asaase so asan akɔ.

7 Otu fii baabi a na ɔne ne nsenom baanu no te no. Bere a wɔnam kwan so resan akɔ Yuda asaase so no, 8 Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ mo,+ sɛnea mo nso moada no adi akyerɛ mmarima a wɔawu no na moada no adi akyerɛ me no. 9 Yehowa mma munnya ahotɔ* wɔ mo kununom fie.”+ Afei ofifew wɔn ano, na wɔn nyinaa sui denneennen. 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛne wo bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.” 11 Naomi nso kae sɛ: “Me mma, monsan. Dɛn nti na mopɛ sɛ mo ne me kɔ? Metumi asan awo mma ama moaware wɔn anaa?+ 12 Me mma, monsan. Monkɔ, na manyin dodo sɛ mɛware bio. Sɛ meka sɛ metumi anya kunu anadwo yi awo mma mpo a, 13 mubetumi atwɛn ama wɔanyinyin? Mubetumi atwɛn wɔn a morenware? Daabi, me mma. Mo asɛm yɛ me awerɛhow paa, efisɛ Yehowa ne me anni no yiye.”+

14 Ɔkaa saa no, wɔsan sui denneennen, na Orpa few n’ase ano ne no dii nkra. Rut de, wansan; ɔbataa ne ho. 15 Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Orpa asan kɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne no nkɔ.”

16 Nanso Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo hɔ nsan nkɔ. Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17 Baabi a wubewu no, ɛhɔ ara na mewu, na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”

18 Bere a Naomi hui sɛ Rut asi ne bo sɛ ɔne no bɛkɔ no, wanhyɛ no bio. 19 Enti wɔn baanu no toaa so koduu Betlehem.+ Bere a woduu Betlehem pɛ, kurom hɔfo nyinaa puw bɛhwɛɛ wɔn, na mmea no bisae sɛ: “Naomi ni?” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ mmea no sɛ: “Mommfrɛ me Naomi.* Momfrɛ me Mara,* efisɛ ade nyinaa so Tumfo no ne me adi no nwenweenwene.+ 21 Mekɔɔ no ma, nanso Yehowa ama maba no nsapan. Dɛn nti na mofrɛ me Naomi, bere a Yehowa abrɛ me ase, na ade nyinaa so Tumfo no ama awie me bɔne yi?”+

22 Saa na ɛyɛe a Naomi ne n’ase Rut a ɔyɛ Moabni no san fii Moab asaase so bae.+ Bere a woduu Betlehem no, na wɔafi ase retwa baali.*+

2 Ná Naomi kunu wɔ obusuani bi a ɔwɔ sika paa. Ne din de Boas,+ na na ofi Elimelek abusua mu.

2 Moabni Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ obiara a menya n’anim dom afuw mu nkodi n’akyi nsesaw baali* a wɔatwa awie no ase.”+ Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, kɔ.” 3 Ɛnna ɔkɔ kodii wɔn a wɔretwa baali no akyi kɔsesaw ase. Baabi a okopuei no, na ɛhɔ yɛ Elimelek+ busuani Boas+ afuw mu. 4 Emu hɔ ara na Boas fi Betlehem bae, na okyiaa adwumayɛfo no sɛ: “Yehowa nka mo ho,” na wɔn nso gyee so sɛ: “Yehowa nhyira wo.”

5 Ɛnna Boas bisaa aberante a ɔhwɛ adwumayɛfo no so no sɛ: “Saa ababaa yi fi he?” 6 Aberante no buae sɛ: “Ababaa no yɛ Moabni;+ ɔne Naomi na efi Moab asaase so bae.+ 7 Ɔbɛkae sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma minni adwumayɛfo no akyi na mensesaw baali a wɔatwa awie* no ase.’+ Enti ɔbae, na wagyina ne nan so fi anɔpa abesi sesɛɛ. Afei ara na wakɔtena apata no ase regye n’ahome kakra.”

8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Me ba, tie nea mereka yi. Mfi ha nkɔ baabiara, nkɔ afuw foforo biara mu nkɔsesaw nnɔbae ase; di me mmaawa yi akyi.+ 9 Hwɛ afuw no fã a wɔretwa no, na di wɔn akyi. Maka akyerɛ mmerante no sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnka wo.* Sɛ osukɔm de wo a, nsu a mmerante no akɔ agu ahina mu no, nom bi.”

10 Ɛnna Rut bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam, na ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔhɔho te sɛ me, me ho asɛm ahia wo na manya w’anim dom sɛɛ yi?”+ 11 Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no, mate ne nyinaa; woagyaw wo papa ne wo maame ne w’abusuafo hɔ abɛtena nnipa a wunnim wɔn da mu.+ 12 Nea woayɛ nti, Yehowa nhyira wo.+ Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne ntaban ase+ no mma wo akatua pa.”* 13 Ɔno nso kae sɛ: “Me wura, ma minnya w’anim dom daa efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka asomdwoe nsɛm* akyerɛ w’abaawa, nanso menyɛ wo mmaawa no mu bi mpo.”

14 Eduu adidibere no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: “Twiw bɛn ha bedi paanoo no bi; fa bɔ nsã a emu kaw no mu.” Enti ɔkɔtenaa adwumayɛfo no nkyɛn. Akyiri yi, Boas maa no nkyewe, na odidi mee ma ebi kae. 15 Bere a ɔsɔree sɛ ɔrekɔsesaw nnɔbae ase no,+ Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no sɛ: “Baali a wɔatwa awie* no, momma ɔnsesaw ase no bi; monnteetee no.+ 16 Nea moaboaboa ano no nso, munyiyi bi ngu fam ma ɔnsesaw; monnteatea no.”

17 Enti Rut sesaw baali wɔ afuw no mu kosii anwummere.+ Ɔboroo nea wasesaw no, na onyaa bɛyɛ efa* baako. 18 Ɛnna ɔde baa kurow no mu, na n’ase huu baali a onyae no. Afei aduan a odii wɔ afuw mu no, ɔde nea ɛkae no+ maa no.

19 Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaw nnɔbae ase nnɛ? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom wo no.”+ Ɔkyerɛɛ n’ase no faako a ɔkɔyɛɛ adwuma, na ɔkae sɛ: “Ɔbarima a mekɔɔ n’afuw mu nnɛ no din de Boas.” 20 Naomi ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Yehowa a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ateasefo ne awufo no+ nhyira ɔbarima no.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ obusuani a obetumi agye yɛn.”+ 21 Na Moabni Rut kae sɛ: “Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di m’adwumayɛfo no akyi kosi sɛ wobetwa me nnɔbae no nyinaa awie.’ ”+ 22 Ɛnna Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: “Me ba, eye sɛ wo ne ne mmaawa no bɛyɛ adwuma na obi ankodwoodwoo wo wɔ afuw foforo mu.”

23 Enti odii Boas mmaawa no akyi sesaw nnɔbae ase kosii sɛ bere a wotwa baali+ ne bere a wotwa hwiit no baa awiei. Na ɔkɔɔ so ne n’ase no tenae.+

3 N’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo+ na asi wo yiye. 2 Boas nyɛ yɛn ho nipa anaa?+ Ne mmaawa na wo ne wɔn yɛɛ adwuma no. Hwɛ, anwummere yi, obehuw baali* so wɔ awiporowbea hɔ. 3 Enti guare na sra ngo huamhuam; hyɛ w’ataade na kɔ awiporowbea hɔ. Mma ɔbarima no nnhu wo kosi sɛ obedidi na wanom awie. 4 Sɛ ɔkɔda a, hwɛ faako a ɔbɛda, na koyi ne nan ho ntama na da hɔ bi. Ɔno ara bɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”

5 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woaka biara mɛyɛ.” 6 Enti osiim kɔɔ awiporowbea hɔ kɔyɛɛ nea n’ase ka kyerɛɛ no nyinaa. 7 Ɛbae sɛ bere a Boas adidi na wanom ama n’ani agye ne komam no, ɔkɔdaa baali a wɔaboa ano no akyi. Ɛnna Rut yɛɛ brɛoo koyii ne nan ho ntama daa hɔ. 8 Eduu anadwo dasum no, ɔbarima no ho fii ase popoe, na ɔmaa ne mu so. Ɔnkɔhwɛ a, ɔbea bi na ɔda ne nan ase yi! 9 Enti ɔkae sɛ: “Hena ni?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut. Trɛw wo ntama mu kata w’afenaa so, efisɛ woyɛ abusua mu ogyefo.”+ 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Ɔdɔ a enni huammɔ a woada no adi nnɛ yi sen kan de no koraa,+ efisɛ woankodi mmerante akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafo anaa asikafo. 11 Na afei me ba, nsuro. Nea wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ efisɛ kurom hafo nyinaa* nim sɛ woyɛ ɔbea pa. 12 Ɛwom sɛ meyɛ abusua mu ogyefo de,+ nanso ogyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn sen me.+ 13 Da ha anadwo yi, na ade kye anɔpa na sɛ obegye wo a, eye, ma onnye wo!+ Sɛ ɔmpɛ sɛ ogye wo nso a, ɛnde sɛ Yehowa te ase yi, me na megye wo. Da ha ma ade nkye.”

14 Enti ɔdaa ne nan ase kosii anɔpa, na ɔsɔree no, na anim ntetewee a obi behu no. Afei ɔbarima no kae sɛ: “Mma obiara nnhu sɛ ɔbea bi baa awiporowbea ha.” 15 Ɛnna ɔsan kae sɛ: “Fa wo nkataso no bra na trɛw mu.” Ɔtrɛw mu no, osusuw baali susukuruwa asia* guu mu de soaa no. Afei ɔbarima no siim kɔɔ kurom.

16 Ababaa no sii kwan so kɔɔ n’ase hɔ, na n’ase kae sɛ: “Me ba, wokɔe ɛ?”* Ɛnna ɔkaa nea ɔbarima no yɛ maa no nyinaa kyerɛɛ no. 17 Afei ɔkae sɛ: “Baali susukuruwa asia yi nyinaa, ɔbarima no na ɔde maa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ w’ase hɔ.’ ” 18 Ɛnna Naomi kae sɛ: “Me ba, tena ha twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi, na ɔbarima no anni ho dwuma anwie nnɛ a, ne ho rentɔ no.”

4 Afei Boas kɔtenaa kurow no pon ano.+ Ɔnkɔhwɛ a, abusua mu ogyefo a ɔkaa ne ho asɛm no+ na ɔretwam yi. Ɛnna Boas frɛɛ no sɛ: “Asiamasi ee, bra ha bɛtena ase.” Enti ɔkɔtenaa ase. 2 Ɛnna Boas frɛɛ kurow no mu mpanyimfo+ du bae, na ɔkae sɛ: “Montena ase.” Na wɔtenatenaa ase.

3 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ ogyefo no+ sɛ: “Ɛho abehia sɛ Naomi a ofi Moab asaase so bae no+ tɔn yɛn nua Elimelek+ asaase no. 4 Meyɛe sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ wɔ kurom hafo ne yɛn mpanyimfo yi anim.+ Enti sɛ wubegye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me ma minhu, efisɛ wo na wowɔ tumi sɛ wugye. Wunni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkae sɛ: “Megye.”+ 5 Afei Boas kae sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afi Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afi Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din bɛsan aba n’agyapade so.”+ 6 Ɛnna ogyefo no kae sɛ: “Merennye na mansɛe m’ankasa m’agyapade. Mama wo kwan, kogye, efisɛ merentumi nnye.”

7 Saa bere no, sɛ wɔregye biribi anaa wɔredan biribi ama obi wɔ Israel a, nea na wɔyɛ ma nhyehyɛe no di mu ni: Ná onipa baako yi ne mpaboa+ de ma ne yɔnko. Ɛno na na wɔde yɛ adanse wɔ Israel. 8 Enti bere a ogyefo no ka kyerɛɛ Boas sɛ: “Tɔ” no, oyii ne nan ase mpaboa. 9 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ mpanyimfo no ne nkurɔfo no nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ, moyɛ m’adansefo+ sɛ matɔ biribiara a ɛyɛ Elimelek ne Kilion ne Malon de afi Naomi nsam. 10 Moabni Rut a na ɔyɛ Malon yere no nso, merefa no aware no na owufo no din asan aba n’agyapade so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din renyera mfi ne nuanom mu ne ne kurom.* Mone adansefo nnɛ.”+

11 Ɛnna nkurɔfo a wɔwɔ kurow no pon ano ne mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: “Yɛyɛ adansefo! Yehowa mma ɔbea a ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no.+ Ensi wo yiye wɔ Efrata+ na nya din pa* wɔ Betlehem.+ 12 Asefo a Yehowa de bɛma wo afi ababaa yi mu no,+ wɔmma wo fi nyɛ sɛ Tamar ne Yuda ba Peres+ fi.”

13 Enti Boas waree Rut, na ɔne no dae. Yehowa ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Ɛnna mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ayeyi nka Yehowa a wamma ogyefo ammɔ wo nnɛ no. Ma wɔmmɔ abofra no din wɔ Israel! 15 Ɔno* na wama wo ho asan wo,* na ɔno na ɔbɛhwɛ wo wɔ wo mmerewabere mu, efisɛ w’ase a ɔdɔ wo,+ na ɔsen mma mmarima baason no na wawo abofra yi.” 16 Ɛnna Naomi faa abofra no de no bɔɔ ne bo, na ɔno na na ɔhwɛ no. 17 Na mpɔtam hɔfo mmea no too no din kae sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” Na wɔfrɛɛ no Obed.+ Ɔno na ɔwoo Dawid papa Yese.+

18 Peres+ asefo* ni: Peres woo Hesron;+ 19 Hesron woo Ram; Ram woo Aminadab;+ 20 Aminadab+ woo Naason; Naason woo Salmon; 21 Salmon woo Boas; Boas woo Obed; 22 Obed woo Yese;+ na Yese woo Dawid.+

Anaa “Bere a na atemmufo no hwɛ ma atɛntrenee kɔ so no.”

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Hene.”

Ɛkyerɛ, “Anika.”

Efi Hebri asɛmfua bi mu. Ebetumi akyerɛ, “nofoonofoo; ɔyareyare.”

Ɛkyerɛ, “Ne Nna Reba Awiei.”

Nt., “homebea.”

Ɛkyerɛ, “Anika.”

Ɛkyerɛ, “Nwenenwene.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ebetumi nso akyerɛ, “baali a wɔakyekyere no atifi atifi.”

Anaa “wɔnnhaw wo.”

Anaa “akatua mu.”

Nt., “akomatɔyam nsɛm.”

Ebetumi nso akyerɛ, “baali a wɔakyekyere no atifi atifi.”

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Nt., “me nkurɔfo apon nyinaa.”

Bɛyɛ seah susude asia anaa lita 44 (olonka 14 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “woyɛ hena?”

Nt., “ne kurow pon ano.”

Nt., “bɔ din.”

Kyerɛ sɛ, Naomi banana no.

Anaa “wo kra ho asan no.”

Nt., “awo ntoatoaso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena