2 Yohane
1 Me, ɔpanyin,+ merekyerɛw akɔma awuraa a wɔapaw no+ ne ne mma a medɔ wɔn nokwarem,+ na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn nso a wɔabehu nokware no nyinaa,+ 2 esiane nokware no a ɛte yɛn mu nti,+ na ɛne yɛn bɛtena daa.+ 3 Yebenya adom,+ mmɔborɔhunu ne asomdwoe afi Agya Onyankopɔn+ ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ, nokware ne ɔdɔ mu.+
4 M’ani agye paa efisɛ mahu sɛ wo mma+ no mu bi nam nokware no mu,+ sɛnea ahyɛde a yenya fii Agya no nkyɛn te.+ 5 Enti seesei, awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ merekyerɛw wo ahyɛde foforo,+ na mmom nea yenya fii mfiase+ no, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho.+ 6 Na nea ɔdɔ kyerɛ ni,+ sɛ yɛbɛnantew sɛnea n’ahyɛde te.+ Eyi ne ahyɛde no, sɛnea moate fi mfiase no, sɛ monkɔ so nnantew mu.+ 7 Na nnaadaafo bebree aba wiase,+ nnipa a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu.+ Eyi ne ɔdaadaafo+ no ne nea otia Kristo no.+
8 Monhwɛ yiye na nneɛma a yɛayɛ adwuma anya no amfi mo nsa, na mmom moanya akatua+ mũ. 9 Obiara a ɔpere di anim+ na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu+ no nni Onyankopɔn.+ Nea ɔtena nkyerɛkyerɛ yi mu no na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.+ 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fie+ na munnkyia no nso.+ 11 Na obiara a obekyia no no yɛ ne bɔne no fafafo.+
12 Ɛwom sɛ mewɔ nneɛma pii a anka mɛkyerɛw abrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri kyerɛw,+ na mmom m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn ne mo abɛkasa anim ne anim,+ na mo anigye+ aboro so.+