Yosua
19 Afei ntonto a ɛto so abien+ no bɔɔ Simeon abusuakuw no, Simeon mma+ mmusua no. Ná wɔn agyapade no wɔ Yuda abusuakuw no asase so.+ 2 Bere a wɔmaa wɔn agyapade no, nkurow a wonyae no bi ne Beer-Seba,+ Saba, Molada,+ 3 ne Hasar-Sual,+ Bala, Esem,+ 4 ne Eltolad,+ Betul, Horma, 5 ne Siklag,+ Bet-Makabot, Hasar-Susa,+ 6 ne Bet-Lebaot+ ne Saruhen; nkurow dumiɛnsa ne ɛho nkuraa. 7 Ain,+ Rimon,+ Eter, ne Asan;+ nkurow anan ne ɛho nkuraa, 8 ne nkuraa a atwa nkurow yi nyinaa ho ahyia de kosi Baalat-Beer+ ne Rama+ wɔ anafo. Eyi ne Simeon mma mmusua no agyapade. 9 Yuda abusuakuw no agyapade no bi na wɔde maa Simeon abusuakuw no, efisɛ na Yudafo agyapade no sõ dodo ma wɔn.+ Enti na Simeon abusuakuw no nkurow wɔ Yudafo asase so.+
10 Ntonto a ɛto so abiɛsa+ no bɔɔ Sebulon+ mma mmusua no. Na wɔn asase no hye kosi Sarid. 11 Ɔhye no toa so fa atɔe fam kɔ Mareal de kosi Dabeset, na ɛkɔ ara kɔfa subon a ɛne Yokneam+ di nhwɛanim no ho. 12 Na efi Sarid san kɔfa apuei kɔ Kislot-Tabor hye so, na efi hɔ kɔfa Daberat+ foro kɔ Yafia. 13 Afei etwam fa apuei kɔ Gat-Hefer+ ne Et-Kasin. Efi hɔ kɔ Rimon, na ɛtoa so kɔ Nea. 14 Ɔhye no kɔntɔn fa atifi kɔ Hanaton, na ano kɔpem Yifta-El bon mu, 15 ne Katat, Nahalal, Simron,+ Yidala, ne Betlehem;+ nkurow dumien ne ɛho nkuraa. 16 Eyi ne Sebulon mma mmusua+ no agyapade;+ nkurow ne ɛho nkuraa.
17 Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Isakar+ mma mmusua no. 18 Wɔn asase no hye kɔfa Yesreel,+ Kesulot, Sunem,+ 19 ne Hafraim, Sihon, Anaharat, 20 ne Rabit, Kision, Ebes, 21 ne Remet, En-Ganim,+ En-Hada, ne Bet-Pases. 22 Na ɔhye no san kɔfa Tabor,+ Sahasuma, ne Bet-Semes, na ano kɔpem Yordan ho; nkurow dunsia ne ɛho nkuraa. 23 Eyi ne Isakar mma mmusua+ no agyapade; nkurow no ne ɛho nkuraa.
24 Ntonto a ɛto so anum+ no bɔɔ Aser+ mma mmusua no. 25 Wɔn hye ne Helkat,+ Hali, Beten, Aksaf,+ 26 ne Alamelek, Amad, ne Misal.+ Ɛkɔ atɔe kɔfa Karmel+ ne Sihor-Libnat, 27 na ɛsan kɔfa apuei kɔ Bet-Dagon kosi Sebulon+ ne Yifta-El bon mu wɔ atifi; ɛkɔ Bet-Emek ne Neiel, na efi hɔ kɔ Kabul wɔ benkum so, 28 na ɛkɔfa Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana, na ekodu Sidon+ kɛse. 29 Na ɔhye no dan kɔfa Rama kɔ ara kodu Tiro+ kurow a wɔabɔ ho ban no mu. Afei ɛkɔfa Hosa de kosi po no ho wɔ Aksib+ mpɔtam, 30 ne Uma, Afek,+ ne Rehob;+ nkurow aduonu abien ne ɛho nkuraa. 31 Eyi ne Aser asefo mmusua+ no agyapade; nkurow ne ɛho nkuraa.
32 Ntonto a ɛto so asia+ no bɔɔ Naftali+ abusuakuw no, Naftali mma mmusua no. 33 Wɔn hye no fi Helef kɔfa Saananim+ dua kɛse no ho kɔ Adami-Nekeb ne Yabneel kosi Lakum; na ano kɔpem Yordan ho. 34 Ɛkɔfa atɔe kɔ Asnot-Tabor, na efi hɔ kɔ Hukok kosi Sebulon+ wɔ anafo, Aser+ wɔ atɔe, Yuda+ wɔ Yordan apuei fam. 35 Nkurow a wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hammat,+ Rakat, Kineret,+ 36 ne Adama, Rama, Hasor,+ 37 ne Kedes,+ Edrei, En-Hasor, 38 ne Yiron, Migdal-El, Horem, Bet-Anat, ne Bet-Semes;+ nkurow dunkron ne ɛho nkuraa. 39 Eyi ne Naftali mma mmusua+ no agyapade;+ nkurow ne ɛho nkuraa.
40 Ntonto a ɛto so ason+ no bɔɔ Dan+ mma mmusua no. 41 Wɔn agyapade no hye fa Sora,+ Estaol, Ir-Semes, 42 ne Saalabin,+ Ayalon,+ Yitla, 43 ne Elon, Timna,+ Ekron,+ 44 ne Elteke, Gibeton,+ Baalat,+ 45 ne Yehud, Bene-Berak, Gat-Rimon,+ 46 ne Me-Yarkon ne Rakon, na ɔhye no kɔfa Yopa+ anim. 47 Nanso na Dan mma no asase sua+ ma wɔn. Enti Dan mma no de wɔn ani kyerɛɛ atifi ne Lesemfo+ kɔkoe, na wɔtwee nkrante too kurow no so, na wɔfa tenaa so. Afei wɔde wɔn agya Dan din too Lesem so, enti wɔfrɛɛ kurow no Dan.+ 48 Eyi ne Dan mma mmusua no agyapade; nkurow ne ɛho nkuraa.
49 Afei wowiee asase no kyekyɛ. Na Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mfinimfini. 50 Wɔde kurow a obisae no maa no+ sɛnea Yehowa hyɛe no. Kurow no ne Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim bepɔw so no; na ɔkyekyee kurow no tenaa mu.
51 Eyinom ne nsase a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ Afei wowiee asase no kyekyɛ.