Yosua
12 Eyinom ne asase no so ahene a Israelfo dii wɔn so faa wɔn nsase wɔ Yordan agya wɔ apuei fam,+ fi Arnon+ subon ho kosi Bepɔw Hermon+ ne Araba+ nyinaa wɔ apuei fam no: 2 Amorifo hene Sihon+ a na ɔte Hesbon+ no. Odii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon+ subon ho ne subon no mfinimfini ne Gilead asase no fã kosi Yabok+ subon ho wɔ Ammonfo hye so, 3 ne Araba+ kosi Kineret+ mpoano wɔ apuei fam, ne Araba po anaa Nkyene Po+ no ano wɔ apuei, Bet-Yesimot+ kwan so, de kɔ anafo wɔ Pisga+ bepɔw ase.
4 Obiako nso ne Basan hene Og.+ Ɔno ne Refaimni+ a na waka, na ɔtenaa Astarot+ ne Edrei.+ 5 Odii hene wɔ Bepɔw Hermon+ so ne Saleka ne Basan+ nyinaa kosii Gesurfo+ ne Maakatfo+ hye so ne Gilead asase no fã kɔpem Hesbon+ hene Sihon+ asase so.
6 Yehowa akoa Mose ne Israelfo no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no Yehowa akoa Mose de asase no maa Rubenfo+ ne Gadfo+ ne Manase abusuakuw fã+ no.
7 Ahene yi nso na Yosua ne Israelfo no dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam, fi Baal-Gad+ wɔ Lebanon+ tataw so kosi Bepɔw Halak+ so kɔ Seir.+ Ɛno akyi na Yosua kyɛɛ asase no maa Israelfo mmusua no sɛ wɔn kyɛfa,+ 8 mmepɔw so nsase ne Sefela ne Araba ne mmepɔw ase ne sare so ne Negeb.+ Ɛha na na Hitifo ne Amorifo+ ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hiwifo ne Yebusifo+ no te. Ahene yi ni:
9 Yeriko hene+ ne Ai+ a ɛbɛn Betel no hene;
10 Yerusalem hene+ ne Hebron hene;+
11 Yamut hene+ ne Lakis hene;+
12 Eglon hene+ ne Geser hene;+
14 Horma hene ne Arad hene;
15 Libna+ hene ne Adulam hene;
16 Makeda+ hene ne Betel+ hene;
18 Afek hene ne Lasaron hene;
19 Madon hene+ ne Hasor hene;+
20 Simron-Meron hene ne Aksaf hene;+
21 Taanak hene ne Megido+ hene;
22 Kedes hene ne Yokneam+ a ɛwɔ Karmel no hene;
23 Dor a ɛwɔ Dor bepɔw so no hene,+ ne Goiim a ɛwɔ Gilgal no hene;