1 Timoteo
4 Nanso asɛm a efi honhom mu no ka pefee sɛ akyiri yi mmere mu+ no, ebinom bɛtwe wɔn ho+ afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu+ ne adaemone+ nkyerɛkyerɛ akyi, 2 na eyi nyinaa fi atorofo+ nyaatwom a ɛma wɔn ahonim+ yɛ sɛ ahyehyekuru twã no; 3 wɔbara aware,+ wɔhyɛ nkurɔfo sɛ wontua wɔn ho nnuan+ a Onyankopɔn bɔe+ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi na wɔahu nokware no yiye mfa aseda nni+ no. 4 Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔde nyinaa ye,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+ 5 efisɛ Onyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na wɔde tew ho.
6 Sɛ wode afotusɛm yi ma anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa, nea wɔde nsɛm a egyina gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa+ a woadi akyi pɛpɛɛpɛ+ no so ayɛn no. 7 Na bɔ atosɛm+ a etia akronkronne, a mmerewa ka no gu. Mmom no, fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.+ 8 Na apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra; nanso onyamesom pa+ so wɔ mfaso ade nyinaa mu,+ efisɛ ekura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ.+ 9 Saa asɛm no yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye tom koraa.+ 10 Eyi nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho,+ efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo no so;+ ɔno na ɔyɛ nnipa nyinaa+ Agyenkwa,+ titiriw anokwafo.+
11 Kɔ so fa ahyɛde+ ahorow yi ma na kyerɛkyerɛ.+ 12 Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no abomfiaa.+ Mmom no, yɛ nhwɛso+ ma anokwafo+ wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.+ 13 Ma w’ani nku baguam+ akenkan,+ afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba. 14 Mmu w’ani ngu akyɛde+ a ɛwɔ wo mu no so, nea wɔde maa wo denam nkɔmhyɛ+ ne mpanyimfo kuw no nsa+ a wɔde guu wo so no so no. 15 Dwinnwen eyinom ho;+ fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso+ ada adi nnipa nyinaa anim. 16 Ma w’ani mmra wo ho+ ne wo nkyerɛkyerɛ+ so bere nyinaa. Bata eyinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.+