1 Korintofo
2 Enti anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn no, mamfa nsɛm akɛse+ anaa nyansa a ɛtra so ammɛka Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no ankyerɛ mo. 2 Na bere a mewɔ mo mu no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo,+ ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. 3 Na mede mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree na ɛbaa mo nkyɛn;+ 4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasae, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanse na mede mae,+ 5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa+ so, na mmom Onyankopɔn tumi+ so.
6 Na yɛka nyansa kyerɛ wɔn a wɔn ho akokwaw,+ nanso ɛnyɛ wiase yi nyansa+ anaa wiase yi mu atumfoɔ+ a wobeyi wɔn hɔ+ no de. 7 Mmom no, yɛka Onyankopɔn nyansa wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu, nyansa a wɔde siei, a Onyankopɔn hyɛ too hɔ ansa na wiase nhyehyɛe+ reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam no. 8 Nyansa yi na wiase atumfoɔ+ mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua+ mu. 9 Na mmom sɛnea wɔakyerɛw no, “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.”+ 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom+ so ayi akyerɛ+ yɛn, efisɛ honhom+ no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ+ no mpo.
11 Na nnipa mu hena na onim onipa ho ade sɛ onipa ankasa honhom+ a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Onyankopɔn ho ade sɛ Onyankopɔn honhom.+ 12 Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom+ na yenyae, na mmom honhom+ a efi Onyankopɔn hɔ, na ama yɛahu nea Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn.+ 13 Saa nsɛm yi nso na yɛka, na yɛmfa nsɛm a wɔde nnipa nyansa+ kyerɛkyerɛ, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.+
14 Na nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye Onyankopɔn honhom no nneɛma, na ɛyɛ no nkwaseasɛm; na ontumi nhu mu,+ efisɛ wɔde honhom na ɛkari hwɛ. 15 Na nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de,+ ɔkari biribiara hwɛ, nanso ɔno de, onipa biara nkari no nhwɛ.+ 16 Na “hena na wahu Yehowa adwene+ a obetumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.+