Romafo
7 Anaasɛ munnim, anuanom, (mekasa kyerɛ wɔn a wonim mmara no) sɛ Mmara no di onipa so bere tenten a ɔte ase?+ 2 Ɛno nti mmara akyekyere ɔbea warefo afam ne kunu ho bere a ɔbarima no te ase no; nanso sɛ ne kunu no wu a, na wade ne ho afi ne kunu mmara no ho.+ 3 Ne saa nti bere a ne kunu te ase no, sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo.+ Nanso sɛ ne kunu wu a, na wade ne ho afi ne mmara ase, na sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.+
4 Enti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama Mmara+ no sɛ monkɔyɛ ɔfoforo dea;+ nea wonyan no fii awufo mu+ no, na yɛasow aba+ ama Onyankopɔn. 5 Na bere a yɛyɛɛ ɔhonam nneɛma+ no, akɔnnɔ bɔne a ɛnam Mmara no so bae no yɛɛ adwuma wɔ yɛn akwaa mu, sɛ yɛnsow aba nkɔ owu mu.+ 6 Nanso afei de wɔasan yɛn afi Mmara no ho,+ efisɛ yɛawu+ ama nea ɛkyekyeree yɛn no na yɛnam honhom+ no so ayɛ nkoa+ ɔkwan foforo so, na ɛnyɛ ɔkwan dedaw a egyina nkyerɛwee no so no.+
7 Ɛnde dɛn na yɛbɛka? Mmara no yɛ bɔne anaa?+ Dabida! Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ Mmara no a, anka minnim bɔne;+ na sɛ nhwɛso no, sɛ Mmara no anka sɛ: “Mma w’ani mmmere ade”+ a, anka minnim anibere.+ 8 Na mmom ɛdenam mmara asɛm+ no so no, bɔne nyaa hokwan yɛɛ anibere nyinaa bi wɔ me mu, efisɛ mmara nni hɔ a, na bɔne awu.+ 9 Nokwarem no, makwati mmara atena ase pɛn;+ nanso bere a mmara asɛm no bae no,+ bɔne nyanee bio, na me de, miwui.+ 10 Na mmara asɛm a ɛkɔ nkwa mu no,+ mibehui sɛ ɛkɔ owu mu+ mmom. 11 Na bɔne nam mmara asɛm no so nyaa nnyinasode daadaa+ me, na ɛnam so kum me. 12 Enti Mmara no ankasa yɛ kronkron,+ na mmara asɛm no yɛ kronkron, ɛteɛ,+ na ɛyɛ papa.+
13 Ɛnde adepa danee owu maa me anaa? Dabida! Na mmom bɔne na ɛyɛɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ bɔne na ɛnam adepa so de owu baa me so;+ sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne nam mmara asɛm no so bɛda adi kɛse.+ 14 Na yenim sɛ Mmara no yɛ honhom+ mu ade; na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.+ 15 Na nea meyɛ no, minnim. Efisɛ nea mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ; na mmom nea mikyi na meyɛ. 16 Nanso, sɛ nea mempɛ na meyɛ+ a, ɛnde migye tom sɛ Mmara no ye.+ 17 Afei de ɛnyɛ me ara na meyɛ bio, na mmom bɔne a ɛte me mu no.+ 18 Na minim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu de, biribi pa biara nte mu;+ efisɛ ɔpɛ+ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ+ papa no nni hɔ. 19 Na papa a mepɛ no, menyɛ,+ na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. 20 Enti sɛ nea mempɛ na meyɛ a, ɛnde na ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom bɔne a ɛte me mu no.+
21 Enti mihu mmara yi wɔ me ho sɛ: bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ+ no, bɔne na ɛwɔ me ho.+ 22 Na me mu+ de, m’ani gye+ Onyankopɔn mmara ho yiye, 23 nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa+ mu a ɛne m’adwene mu mmara+ ko+ na ɛfa me dommum ma bɔne mmara+ a ɛwɔ m’akwaa mu no. 24 M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?+ 25 Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!+ Afei me ara mede m’adwene ayɛ akoa ama Onyankopɔn mmara,+ na mede me honam ayɛ akoa ama bɔne mmara.+