Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 19
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma 19:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:24; 1Ko 3:5
  • +1Ko 16:8

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 160

Asomafo Nnwuma 19:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:38
  • +Aso 8:16

Asomafo Nnwuma 19:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:25

Asomafo Nnwuma 19:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 3:11; Mr 1:4; Aso 1:5
  • +Yoh 1:15, 30

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yesu Ne Ɛkwan No, kr. 30

    Onipa a Ɔsen Biara, ti 11

Asomafo Nnwuma 19:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    12/8/1991, kr. 30

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 10

Asomafo Nnwuma 19:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:17
  • +Aso 2:4; 10:46; 1Ko 12:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    12/8/1991, kr. 30

Asomafo Nnwuma 19:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 4:16; Aso 13:5; 17:2
  • +Aso 1:3; 28:23, 31

Asomafo Nnwuma 19:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Te 3:2
  • +Aso 9:2; 22:4
  • +Mt 10:14; Ro 16:17
  • +Tit 3:10; 2Yo 10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    (nwt) Wiase Foforo Nkyerɛase, kr. 1845

    Di Adanse, kr. 160-162

Asomafo Nnwuma 19:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:31
  • +Aso 20:18; 2Ti 1:15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 161

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2008, kr. 17-18

    8/15/2007, kr. 10

Asomafo Nnwuma 19:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 14:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/1991, kr. 5

Asomafo Nnwuma 19:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 6:56; Aso 5:15
  • +Mt 10:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 162

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/1991, kr. 5

Asomafo Nnwuma 19:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 12:27
  • +Mr 9:38; Lu 9:49
  • +Aso 16:18

Asomafo Nnwuma 19:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 8:29; Mr 1:24; Lu 4:34
  • +Aso 16:17

Asomafo Nnwuma 19:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 8:28

Asomafo Nnwuma 19:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:43; 5:5
  • +2Te 1:12

Asomafo Nnwuma 19:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 3:6; Yak 5:16

Asomafo Nnwuma 19:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:10; Da 2:2; Aso 8:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 24

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    4/2019, kr. 22-23

    Ɔwɛn-Aban,

    11/1/2014, kr. 6-7

    9/1/1994, kr. 26

    6/15/1990, kr. 11

    Di Adanse, kr. 162-163

    Nyan!,

    8/8/2000, kr. 6-7

    Tra Ase Daa, kr. 97-98

Asomafo Nnwuma 19:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:7; 12:24; Kol 1:6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    4/1/2001, kr. 10, 12

Asomafo Nnwuma 19:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 16:5
  • +Aso 20:22; Ro 15:25
  • +Aso 23:11; Ro 1:15

Asomafo Nnwuma 19:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:1
  • +2Ti 4:20

Asomafo Nnwuma 19:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:8
  • +Aso 9:2; 19:9; 22:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 163

Asomafo Nnwuma 19:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:16

Asomafo Nnwuma 19:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 115:4
  • +Adi 18:15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 158

Asomafo Nnwuma 19:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 1:1
  • +De 4:28; 1Be 16:26; Yes 44:10; Yer 10:3; Aso 17:29; 1Ko 8:4

Asomafo Nnwuma 19:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:34

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 161, 163

Asomafo Nnwuma 19:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:4; Kol 4:10; Flm 24

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    8/15/2007, kr. 10

Asomafo Nnwuma 19:31

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 164

Asomafo Nnwuma 19:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:34

Asomafo Nnwuma 19:33

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 163-164

Asomafo Nnwuma 19:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:28

Asomafo Nnwuma 19:35

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 11

Asomafo Nnwuma 19:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 14:29

Asomafo Nnwuma 19:38

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:24
  • +Aso 17:34
  • +Aso 13:7; 18:12

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 11

Asomafo Nnwuma 19:39

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 11

Asomafo Nnwuma 19:40

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 11

Asomafo Nnwuma 19:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 9:17
  • +Aso 19:32

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 19:1Aso 18:24; 1Ko 3:5
Aso. 19:11Ko 16:8
Aso. 19:2Aso 2:38
Aso. 19:2Aso 8:16
Aso. 19:3Aso 18:25
Aso. 19:4Mt 3:11; Mr 1:4; Aso 1:5
Aso. 19:4Yoh 1:15, 30
Aso. 19:5Aso 8:16
Aso. 19:6Aso 8:17
Aso. 19:6Aso 2:4; 10:46; 1Ko 12:10
Aso. 19:8Lu 4:16; Aso 13:5; 17:2
Aso. 19:8Aso 1:3; 28:23, 31
Aso. 19:92Te 3:2
Aso. 19:9Aso 9:2; 22:4
Aso. 19:9Mt 10:14; Ro 16:17
Aso. 19:9Tit 3:10; 2Yo 10
Aso. 19:10Aso 20:31
Aso. 19:10Aso 20:18; 2Ti 1:15
Aso. 19:11Aso 14:3
Aso. 19:12Mr 6:56; Aso 5:15
Aso. 19:12Mt 10:1
Aso. 19:13Mt 12:27
Aso. 19:13Mr 9:38; Lu 9:49
Aso. 19:13Aso 16:18
Aso. 19:15Mt 8:29; Mr 1:24; Lu 4:34
Aso. 19:15Aso 16:17
Aso. 19:16Mt 8:28
Aso. 19:17Aso 2:43; 5:5
Aso. 19:172Te 1:12
Aso. 19:18Mt 3:6; Yak 5:16
Aso. 19:19De 18:10; Da 2:2; Aso 8:9
Aso. 19:20Aso 6:7; 12:24; Kol 1:6
Aso. 19:211Ko 16:5
Aso. 19:21Aso 20:22; Ro 15:25
Aso. 19:21Aso 23:11; Ro 1:15
Aso. 19:22Aso 16:1
Aso. 19:222Ti 4:20
Aso. 19:232Ko 1:8
Aso. 19:23Aso 9:2; 19:9; 22:4
Aso. 19:24Aso 16:16
Aso. 19:25Dw 115:4
Aso. 19:25Adi 18:15
Aso. 19:26Efe 1:1
Aso. 19:26De 4:28; 1Be 16:26; Yes 44:10; Yer 10:3; Aso 17:29; 1Ko 8:4
Aso. 19:27Aso 19:34
Aso. 19:29Aso 20:4; Kol 4:10; Flm 24
Aso. 19:32Aso 21:34
Aso. 19:34Aso 19:28
Aso. 19:35Mme 15:18
Aso. 19:36Mme 14:29
Aso. 19:38Aso 19:24
Aso. 19:38Aso 17:34
Aso. 19:38Aso 13:7; 18:12
Aso. 19:41Ɔsɛ 9:17
Aso. 19:41Aso 19:32
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase (Akuapem) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 19:1-41

Asomafo Nnwuma

19 Ɛbae sɛ bere a Apolo+ wɔ Korinto no, Paulo faa fam baa Efeso,+ na ohuu asuafo bi; 2 na obisaa wɔn sɛ: “So munyaa honhom kronkron+ bere a mobɛyɛɛ gyidifo no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ei, yɛntee da mpo sɛ honhom kronkron bi wɔ hɔ.”+ 3 Na ɔkae sɛ: “Ɛnde, dɛn mu na wɔbɔɔ mo asu?” Wɔkae sɛ: “Yohane asubɔ+ mu.” 4 Paulo kae sɛ: “Yohane bɔɔ asu a na ɛyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne,+ na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wonnya nea odi n’akyi reba,+ a ɔne Yesu, no mu gyidi.” 5 Wɔtee eyi no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.+ 6 Afei bere a Paulo de ne nsa+ guu wɔn so no, honhom kronkron baa wɔn so, na wofii ase kaa kasa horow na wɔhyɛɛ nkɔm.+ 7 Ná wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumien.

8 Afei ɔkɔɔ hyiadan+ mu de akokoduru kasae asram abiɛsa, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni+ no ho asɛm a ɛtɔ asom. 9 Nanso bere a ebinom pirim wɔn koma na wɔannye anni,+ na wɔkekaa Ɔkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim no, ɔtwee ne ho+ yii asuafo no fii wɔn mu,+ na daa na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu. 10 Eyi kɔɔ so mfe abien,+ na wɔn a wɔte Asia+ mpɔtam nyinaa, Yudafo ne Helafo nyinaa, tee Awurade asɛm no.

11 Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne soronko,+ 12 ma enti woyii ntama ne atade nsɛnanim mpo fii ne ho koguu ayarefo so,+ na wɔn yare no gyaee, na ahonhommɔne no fii wɔn mu.+ 13 Ɛnna Yudafo a wokyinkyin tutu ahonhommɔne+ no mu binom nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din+ agu wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no so sɛ: “Mehyɛ mo+ Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no din mu.” 14 Ná Yudani sɔfo panyin bi a wɔfrɛ no Skewa wɔ mma baason bi a wɔyɛ saa. 15 Na honhommɔne no buaa wɔn sɛ: “Minim Yesu,+ na minim Paulo,+ na mo nso mufi he?” 16 Ɛnna onipa a honhommɔne wɔ no so no tow hyɛɛ wɔn so+ dii wɔn so mmiako mmiako yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagyaw guan fii fie hɔ kɔe a wɔapirapira. 17 Obiara tee eyi ho asɛm, Yudafo ne Helafo a wɔtete Efeso nyinaa; na ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔkɔɔ so kamfoo Awurade Yesu din.+ 18 Na wɔn a wɔagye adi no mu bebree ba bɛkaa+ wɔn nneyɛe kyerɛe pefee. 19 Na wɔn a wodi asumansɛm+ no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui. Na wobuu ne nyinaa ano hui sɛ ne bo yɛ nnwetɛbona ɔpeduonum. 20 Saa na ɛyɛe na Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.+

21 Afei wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia+ ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem,+ na ɔkae sɛ: “Sɛ midu hɔ a, etwa sɛ mihu Roma+ nso.” 22 Enti ɔsomaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo+ ne Erasto,+ kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe kakra wɔ Asia mantam no mu.

23 Saa bere no sakasaka+ kɛse bi sɔree wɔ Ɔkwan No+ ho. 24 Ɛne sɛ ná dwetɛ dwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio, nam Artemi abosonnan a ɔde dwetɛ yɛ no so ma adwumfo no nya mfaso kɛse;+ 25 na ɔboaboaa wɔne wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛtete saa+ ho adwuma no ano kae sɛ: “Mmarima, munim yiye sɛ adwuma yi na ɛma yenya yɛn ho.+ 26 Afei nso, moahu na moate sɛnea ɛnyɛ Efeso+ nko na Paulo yi adan nnipakuw pii adwene ama wɔanya adwene foforo, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea wɔde nsa+ ayɛ no nyɛ anyame. 27 Bio nso, ɛnyɛ yɛn adwuma a ebenya dimmɔne no nkutoo ne asɛm no, na mmom wobebu onyamewa kɛse Artemi+ asɔrefie nso adehunu, na n’anuonyam a Asia mantam ne asase sofo nyinaa de som no mpo, wɔbɛbrɛ no ase.” 28 Bere a nkurɔfo no tee eyi na wɔn bo fuwii no, wɔteɛteɛɛm sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”

29 Enti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na wɔn nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na wɔkyeree Gaio ne Aristarko+ a wɔyɛ Makedoniafo ne Paulo akwantu mu ahokafo no. 30 Paulo de, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nnipa no mu, nanso asuafo no amma no kwan. 31 Mpanyimfo a wɔhwɛ afahyɛ ne agodi so no mu binom mpo a na wɔpɛ n’asɛm no soma bɛsrɛɛ no sɛ ɔmmfa ne ho nnto asiane mu nnkɔ adehwɛbea hɔ. 32 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ebinom teɛm ka asɛm biako a, na afoforo nso aka foforo,+ na na bagua no mu ayɛ bagyabagya, na wɔn mu dodow no ara nnim nea enti a wɔabehyiam. 33 Enti wɔde Aleksandro fii nnipakuw no mu bae, na Yudafo no twee no baa anim, na Aleksandro nyamaa ne nsa pɛe sɛ oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no. 34 Nanso bere a wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛteɛɛm bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abien sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!”+

35 Bere a afei kurow no kyerɛwfo maa nnipa no yɛɛ komm+ no, ɔkae sɛ: “Efeso mmarima, ɔdesani bɛn ara na onnim sɛ Efesofo kurow na ɛhwɛ Artemi ɔkɛse no ne ohoni a ɛtew fii soro bae no asɔredan so? 36 Ɛnde esiane sɛ obi ntumi nnye eyinom ho kyim nti, ɛfata sɛ moyɛ komm a momfa ahopere nyɛ ade.+ 37 Efisɛ mmarima a mode wɔn aba yi nwiaa asɔredan mu nneɛma na wɔnkaa yɛn nyamewa no ho abususɛm biara. 38 Enti sɛ Demetrio+ ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm a, nna a wodi asɛm+ wɔ hɔ na amradofo+ nso wɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa mmra. 39 Nanso sɛ morehwehwɛ biribi a ɛsen saa a, bagua a ɛwɔ hɔ no na ɛsɛ sɛ esi ho gyinae. 40 Efisɛ anhwɛ a, nea asi nnɛ yi bɛma wɔabɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ amammɔfo, bere a yenni biribiara a ɛbɛma yɛakyerɛkyerɛ nea enti a basabasayɛ yi kɔɔ so no mu.” 41 Na ɔkaa eyi no,+ ɔmaa bagua no tui.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena