Luka
13 Saa bere no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa sɛnea Pilato de Galileafo+ bi mogya fraa wɔn afɔrebɔ mu no ho asɛm kyerɛɛ no. 2 Enti obua see wɔn sɛ: “So mususuw sɛ na saa Galileafo yi yɛ abɔnefo+ sen Galileafo a aka nyinaa esiane amane a wohui yi nti? 3 Nokwarem no, mise mo sɛ ɛnte saa; nanso sɛ moansakra a, saa ara na wɔbɛsɛe mo nyinaa.+ 4 Anaa nnipa dunwɔtwe a Siloa aban no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, so mususuw sɛ na wɔyɛ abɔnefo* sen nnipa a wɔtete Yerusalem nyinaa? 5 Nokwarem no, mise mo sɛ ɛnte saa; nanso sɛ moansakra a, wɔbɛsɛe mo nyinaa saa ara.”+
6 Afei ɔtoaa so kaa mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma si ne bobeturo mu,+ na ɔbae bɛhwehwɛɛ aduaba wɔ so,+ nanso wannya bi.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ bobeturo hwɛfo no sɛ, ‘Mfe abiɛsa+ ni a maba abɛhwehwɛ aduaba wɔ borɔdɔma yi so, nanso mannya bi. Twa kyene!+ Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ egye asase no sɛe no?’ 8 Obua see no sɛ, ‘Owura, gyae no+ afe yi nso, kosi sɛ metutu ase na mede sumina agu ase; 9 na sɛ ɛsow aba daakye a ɛyɛ asɛmpa, na sɛ ansow a, ɛnde ɛsɛ sɛ wutwa kyene.’”+
10 Afei na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan no biako mu homeda. 11 Na hwɛ! ɔbea bi a ɔwɔ mmerɛwyɛ honhom+ mfe dunwɔtwe wɔ hɔ, na ne mu akuntun a ontumi mma ne mu so koraa. 12 Bere a Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no see no sɛ: “Ɔbea, wɔayi+ wo afi wo mmerɛwyɛ mu.” 13 Na ɔde ne nsa guu no so; na amonom hɔ ara ɔteɛɛ ne mu,+ na ofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. 14 Nanso hyiadan mu panyin a n’ani abere sɛ Yesu asa yare homeda no, bua see nnipakuw no sɛ: “Nnansia na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma,+ ɛno mu na mommra mma wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.”+ 15 Nanso, Awurade buaa no sɛ: “Nyaatwomfo,+ so mo mu biara nsan ne nantwi anaa afurum mfi ebuw mu homeda nkɔma no nsu nnom?+ 16 Ɛnde so ɛmfata sɛ ɔbea yi a ɔyɛ Abraham+ babea a Satan akyekyere no mfe dunwɔtwe no, wɔsan no fi mpokyerɛ yi mu homeda?” 17 Na ɔkaa eyinom no, n’atamfo no nyinaa ani wui;+ nanso nnipakuw no nyinaa fii ase dii ahurusi wɔ anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa ho.+
18 Ɛnna ɔtoaa so kae sɛ: “Onyankopɔn ahenni te dɛn, na dɛn ho na mede bɛto?+ 19 Ɛte sɛ sinapi aba a obi duae wɔ ne turo mu, na enyini bɛyɛɛ dua, na ɔsoro nnomaa+ tenatenaa ne mmaa so.”+
20 Na ɔkae bio sɛ: “Dɛn ho na mede Onyankopɔn ahenni bɛto? 21 Ɛte sɛ mmɔkaw a ɔbea bi de fraa esiam susukora akɛse abiɛsa mu kosii sɛ ne nyinaa kawee.”+
22 Na otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kyerɛkyerɛe na ɔtoaa n’akwantu no so kɔɔ Yerusalem.+ 23 Afei obi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wobegye wɔn no yɛ kakraa bi anaa?”+ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Monyere+ mo ho denneennen nhyɛn ɔpon teateaa no mu,+ efisɛ mise mo sɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wɔhyɛn mu nanso wɔrentumi;+ 25 na sɛ ofiewura no nya sɔre to pon no mu a, afei mubegyina abɔnten abɔ pon no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso obebua ase mo sɛ, ‘Minnim nea mufi.’+ 26 Na mubefi ase aka sɛ, ‘Yedidii na yɛnomee wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛe wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso obebue n’ano aka akyerɛ mo sɛ, ‘Minnim nea mufi. Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!’+ 28 Ɛhɔ na mubesu na moatwɛre mo sẽ,+ bere a muhu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa wɔ Onyankopɔn ahenni mu,+ nanso mo de, wɔapam mo kɔ abɔnten no. 29 Bio nso, nkurɔfo befi apuei fam ne atɔe fam, atifi fam ne anafo fam aba,+ na wɔbɛtenatena adidii wɔ Onyankopɔn ahenni mu.+ 30 Na hwɛ! ebinom a wɔaka akyi bedi kan, na ebinom a wodi kan aka akyi.”+
31 Ɛdɔn no ara mu no Farisifo bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Fi adi fi ha kɔ, efisɛ Herode pɛ sɛ okum wo.” 32 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman+ no sɛ, ‘Hwɛ! meretu adaemone na masa yare nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛto so abiɛsa no mawie.’+ 33 Nanso, etwa sɛ misi kwan so nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee, efisɛ enni kwan sɛ wɔsɛe odiyifo bi wɔ baabiara sɛ Yerusalem.+ 34 Yerusalem, Yerusalem, nea okum+ adiyifo na osiw+ wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano hyɛ ne ntaban ase,+ nanso moampɛ!+ 35 Hwɛ! Wɔagyaw mo fie+ ama mo. Mise mo sɛ, morenhu me bio kosi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne nea ɔba Yehowa din mu!’”+