Marko
6 Na ofii hɔ baa ne kurom, na n’asuafo no dii n’akyi.+ 2 Na eduu homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu; na wɔn a wɔretie no no mu fã kɛse no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nneɛma yi fii?+ Dɛn nti koraa na wɔama ɔbarima yi nyansa a ɛte sɛɛ na wɔnam ne nsa so yɛ ahoɔdenne saa? 3 Ɛnyɛ oyi ne duadwumfo+ no, Maria+ ba a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon+ no? Na ɛnyɛ ne nuabeanom na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn.+ 4 Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ nidi bɛbɔ odiyifo a, na ɛyɛ n’ankasa kurom+ ne n’abusuafo mu ne ne fie.”+ 5 Enti wantumi anyɛ ahoɔdenne biara wɔ hɔ sɛ ne nsa a ɔde guu ayarefo kakraa bi so saa wɔn yare. 6 Nokwarem no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wonni gyidi. Na okyin nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.+
7 Afei ɔfrɛɛ dumien no fii ase somaa wɔn baanu baanu,+ na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi.+ 8 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no gye poma nkutoo, wɔmmfa paanoo, wɔmmfa akwantu bɔtɔ,+ wɔmmfa kɔbere sika nnhyɛ wɔn abɔso mu,+ 9 na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔmmfa ntade abien.*+ 10 Bio nso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na baabiara a mobɛhyɛn ofie bi mu no,+ montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ.+ 11 Na baabiara a wɔannye mo anaa wɔantie mo no, sɛ morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo nan ase mfutuma mfa nyɛ adanse mma wɔn.”+ 12 Enti wofii adi kɔkaa asɛm no sɛnea ɛbɛma nkurɔfo asakra;+ 13 na wotuu adaemone+ bebree, na wɔsraa wɔn a wɔyare no mu pii ngo+ na wɔsaa wɔn yare.+
14 Na Ɔhene Herode tee, efisɛ Yesu din trɛwee, na na nkurɔfo rekeka sɛ: “Wɔanyan osuboni Yohane afi awufo mu, na ɛno nti na otumi yɛ ahoɔdenne no.”+ 15 Na afoforo nso kae sɛ: “Ɛyɛ Elia.”+ Na ebinom nso kae sɛ: “Ɔyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako.”+ 16 Na Herode tee no, ofii ase kae sɛ: “Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wɔanyan no yi.”+ 17 Herode waree ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbea no nti na wasoma ama wɔakɔkyere Yohane agu no mpokyerɛ de no ato afiase.+ 18 Ná Yohane aka akyerɛ Herode mpɛn pii sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+ 19 Na Herodia nyaa ne ho menasepɔw+ pɛe sɛ okum no, nanso wantumi.+ 20 Ná Herode suro+ Yohane efisɛ onim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni ne onipa kronkron,+ na na ɔrebɔ ne ho ban. Bere biara a obetie+ Yohane nsɛm no, ɛyɛ a onhu nea ɔnyɛ koraa; nso ɔkɔɔ so de anigye tiee no.
21 Na da+ a ɛfata bae bere a Herode awoda+ dui na ɔtow pon anwummere maa n’atitiriw ne n’asahene ne Galilea akunini no. 22 Na Herodia yi babea bɛsaw ma ɛyɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no te adidii+ no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ: “Bisa me nea wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23 Yiw, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wubebisa me no, mɛma wo+ kosi m’ahenni mu fã so.”+ 24 Na ɔkɔe kobisaa ne maame sɛ: “Dɛn na mimmisa?” Ɔkae sɛ: “Yohane suboni ti.”+ 25 Ɛhɔ ara na ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔhene nkyɛn de n’adesrɛ kɔtoo n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.” 26 Asɛm no haw ɔhene no kɛse de, nanso esiane ntam a waka ne wɔn a wɔtete adidipon no ho nti, wampɛ sɛ obebu n’ani agu no so.+ 27 Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfo hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti wɔ afiase+ 28 na ɔde ne ti no too apampaa so bae, na ɔde maa abeawa no, na abeawa no de kɔmaa ne maame.+ 29 Bere a n’asuafo no tee no, wɔbɛfaa n’amu no kosiei wɔ ɔda mu.+
30 Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano wɔ Yesu anim, na wɔkaa nea wɔayɛ na wɔakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.+ 31 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi+ nhome kakra.”+ Ná nnipa pii redi hɔ akɔneaba nti wɔannya bere mpo annidi.+ 32 Enti wɔfaa ɔkorow de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wobetumi akɔhyɛ hɔ komm.+ 33 Nanso nkurɔfo hui sɛ wɔrekɔ na bebree tee, na wɔn nyinaa de mmirika fii nkurow no nyinaa mu faa fam dii wɔn anim kan.+ 34 Afei bere a osii fam no, ohuu nnipakuw kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.+ Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+
35 Saa bere yi na onwini redwo, na n’asuafo no baa ne nkyɛn, na wofii ase kae sɛ: “Ɛha atew ne ho, na bere nso kɔ.+ 36 Ma wɔnkɔ, na wɔatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia no ase akɔtɔ biribi adi.”+ 37 Na obua see wɔn sɛ: “Momma wɔn biribi nni.” Ɛnna wobisaa no sɛ: “Yɛnkɔtɔ paanoo denare ahanu mfa mmrɛ nnipa no nni anaa?”+ 38 Obisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ!” Na wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: “Anum, ɛne mpataa abien.”+ 39 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa sɛ wɔntenatena sare mono+ no so akuwakuw.+ 40 Na wɔtenatenaa ase akuwakuw, ɔha ɔha ne aduonum aduonum.+ 41 Afei ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, ɔhwɛɛ soro hyiraa so,+ na obubuu+ paanoo no mu fii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa mma nkurɔfo no; na obubuu mpataa abien no mu maa wɔn nyinaa. 42 Enti wɔn nyinaa didi mee;+ 43 na wɔsesaw nea ɛkae wɔ ase nkɛntɛn dumien mãmã, a mpataa no nka ho. 44 Bio nso, wɔn a wodii paanoo no dodow yɛ mmarima mpemnum.+
45 Ntɛm ara, ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ wɔntena ɔkorow no mu nni kan nkɔ Betsaida mpoano wɔ asuogya, na ɔno nso gyaa nnipakuw no kwan.+ 46 Na ɔne wɔn dii nkra wiei no, ɔkɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ 47 Afei eduu anwummere no, na ɔkorow no wɔ po no mfinimfini, na na aka ɔno nkutoo wɔ asase so.+ 48 Na bere a ohui sɛ ne hare ayɛ den+ ama wɔn esiane sɛ na mframa no bɔ hyia wɔn nti no, ɔnantew po no so baa wɔn nkyɛn bɛyɛ ahemadakye* mu hɔ; ná ayɛ sɛ nea ɔrebesian wɔn ho. 49 Wɔn ani bɔɔ no so sɛ ɔnam po no so no, adwene a ɛbaa wɔn tirim ne sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na wɔteɛteɛɛm denneennen.+ 50 Na wɔn nyinaa huu no no, wɔn bo tui. Na ntɛm ara na ɔne wɔn kasae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me; munnsuro.”+ 51 Na ɔforo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu, na mframa no gyaee. Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse,+ 52 efisɛ na wɔntee paanoo ho asɛm no ase, na na wɔn koma ntumi nte nneɛma ase ara.+
53 Bere a wobeduu asase so no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo hyɛn no sɛkyɛ wɔ hɔ baabi.+ 54 Na wosi fii hyɛn no mu ara pɛ na nkurɔfo huu no, 55 na wɔde mmirika kyinkyin nkurow no nyinaa mu kɔsoaa wɔn a wɔyare wɔ kɛtɛ so de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56 Na nkurow anaa nkuraa-nkuraa+ biara ase a ɔbɛkɔ no, wɔde wɔn a wɔyareyare wɔ hɔ no begu gua so srɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka+ n’atade nguguso ano+ kɛkɛ. Na dodow a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho yɛɛ wɔn den.+