Marko
2 Na nna bi akyi no, ɔsan kɔɔ Kapernaum na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.+ 2 Enti nnipa bebree behyiae ara ma wɔkyeree so wɔ ɔkwan no ano, na ofii ase kaa asɛm+ no kyerɛɛ wɔn. 3 Na ɛbae sɛ na wɔde obubuafo bi a nnipa baanan sõ no rebrɛ no.+ 4 Nanso nnipadɔm no nti wɔantumi amfa no amma Yesu nkyɛn pɛɛ, enti wɔpaa ɔdan no so wɔ faako a ɔwɔ no, na wotuu tokuru gyaagyaa kɛtɛ a obubuafo no da so no baa fam.+ 5 Bere a Yesu huu wɔn gyidi no,+ ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 6 Saa bere no nso na akyerɛwfo binom tete hɔ a wɔresusuw wɔn koma mu sɛ:+ 7 “Dɛn nti na onipa yi rekasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na otumi de bɔne firi sɛ obiako a ɔne Onyankopɔn?”+ 8 Na bere a Yesu nam ne honhom so hui ntɛm ara sɛ wɔresusuw saa wɔ wɔn mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na moresusuw eyinom mo koma mu?+ 9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre fa wo kɛtɛ na nantew’?+ 10 Nanso nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba+ no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi wɔ asase so nti,”+—ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: 11 “Mise wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 12 Ɛnna ɔsɔree, na ɔfaa ne kɛtɛ ntɛm ara fii adi faa wɔn nyinaa anim,+ na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: “Yenhuu so bi da.”+
13 Bio nso, ofii adi kɔɔ po no ano; na nnipadɔm no nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 14 Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi+ sɛ ɔte towgyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi.+ 15 Akyiri yi ɛbae sɛ na ɔte adidii wɔ ne fie, na na towgyefo+ ne nnebɔneyɛfo bebree nso tete Yesu ne n’asuafo no nkyɛn wɔ adidi no ase; na wɔdɔɔso, na wodii n’akyi.+ 16 Na bere a akyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “So ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo na edidi?”+ 17 Bere a Yesu tee eyi no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare mmom na wohia. Mammɛfrɛ treneefo na mmom nnebɔneyɛfo.”+
18 Na Yohane asuafo ne Farisifo no de, wodi mmuada. Enti wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no di mmuada, na w’asuafo no nni mmuada?”+ 19 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere a ayeforokunu no wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔadi mmuada?+ Bere tenten a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de wɔrentumi nni mmuada.+ 20 Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno ansa na wobedi mmuada saa bere no.+ 21 Obiara mfa ntama mono ntare atade dedaw mu; sɛ ɔyɛ saa a, n’ahoɔden no bɛma atew afa mu, foforo no befi dedaw no mu, na ne ntetewee no bɛyɛ kɛse koraa.+ 22 Afei nso obiara mfa bobesa mono ngu nsa kotoku dedaw mu; sɛ ɔyɛ saa a nsa no pae kotoku no, na nsa no ne kotoku no nyinaa sɛe.+ Mmom no wɔde bobesa mono gu nsa kotoku foforo mu.”+
23 Afei ɛbae sɛ na ɔnam awifuw mu homeda, na n’asuafo no fii ase sɛ wɔrepempan+ awi mmɛtem+ no bi. 24 Ɛnna Farisifo no kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Dɛn nti na wɔreyɛ nea mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?”+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So monkenkan nea Dawid+ yɛe bere a n’aduan sae na ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no da?+ 26 Bere a ɔkɔɔ Onyankopɔn fie, sɛnea ɛwɔ ɔsɔfo panyin Abiatar+ ho kyerɛwtohɔ no mu, na okodii paanoo a wɔde aba Onyankopɔn anim+ a mmara mma kwan+ sɛ obiara di, gye asɔfo nkutoo, na ɔde bi nso maa wɔn a wɔka ne ho no?”+ 27 Ɛnna ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa nti na homeda bae,+ na ɛnyɛ homeda nti na onipa bae;+ 28 enti onipa Ba no yɛ homeda Wura.”+