Marko
12 Afei nso, ofii ase de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo+ gyee ho ban, na otuu nsã-kyi-amoa wom too aban+ na ɔde gyaw akuafo,+ na otuu kwan.+ 2 Na bere dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobeturo no mu aba no bi mfi akuafo no nkyɛn.+ 3 Nanso wɔkyeree no hwee no pam no ma ɔde nsapan kɔe.+ 4 Na ɔsan somaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔde ade bɔɔ ne tirim guu n’anim ase.+ 5 Na ɔsomaa foforo, na ɔno de wokum no; ne afoforo pii nso, na wɔhwee wɔn mu binom kunkum ebinom. 6 Na aka onipa biako, ɔba a ɔdɔ no.+ Ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn nea etwa to kae sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’+ 7 Nanso akuafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifo no.+ Mommra mma yenkum no na agyapade no mmɛyɛ yɛn de.’+ 8 Enti wɔkyeree no kum no,+ na wɔtow no kyenee bobeturo no akyi.+ 9 Dɛn na bobeturo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no na ɔde bobeturo+ no ama nnipa foforo.+ 10 Monkenkan kyerɛwsɛm yi da anaa, ‘Ɔbo+ a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ tweatibo.+ 11 Yehowa hɔ na eyi fi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so’?”+
12 Ɛno nti wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no, nanso na wosuro nnipakuw no, na wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Enti wogyaw no hɔ kɔe.+
13 Afei wɔsomaa ebinom fi Farisifo ne Herode akyidifo+ mu kɔɔ ne nkyɛn, na wɔafa ne nsɛm a ɔka so anya no.+ 14 Eyinom kodui no wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware na wunsuro obiara, efisɛ wonhwɛ nnipa anim, mmom wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu:+ Mmara ma kwan sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan? 15 Yentua anaasɛ yenntua?”+ Ohuu wɔn nyaatwomyɛ no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare no bi mmrɛ me na menhwɛ.”+ 16 Wɔde biako bae. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hena mfonini ne ne nkyerɛwee ni?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare de.”+ 17 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho fii ase yɛɛ wɔn nwonwa.+
18 Afei Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn, na wofii ase bisaa no sɛ:+ 19 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ, sɛ obi nua wu na ogyaw ɔyere wɔ akyi na onni ba a, ne nua+ nware ɔyere no ne no nwo mma ne nua no.+ 20 Ná anuanom baason bi wɔ hɔ; nea odi kan no waree, nanso bere a owui no wannyaw ɔba biara wɔ n’akyi.+ 21 Na nea ɔto so abien no waree ɔbea no, na owui a wannyaw ɔba wɔ n’akyi; na nea ɔto so abiɛsa no nso saa ara. 22 Na nnipa baason no annyaw ɔba biara wɔ wɔn akyi. Awiei koraa no, ɔbea no nso wui.+ 23 Owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ baason no nyinaa waree no.”+ 24 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So ɛnyɛ eyi nti na moredi mfomso, esiane Kyerɛwnsɛm anaa Onyankopɔn tumi a munnim nti?+ 25 Sɛ wɔsɔre fi awufo mu a, mmarima renware na wɔremfa mmea nso mma aware, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro.+ 26 Na ɛdefa awufo ne nyan a wonyan wɔn ho no, monkenkanee wɔ Mose nhoma no mu wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’?+ 27 Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de. Mudi mfomso pii.”+
28 Ɛnna akyerɛwfo no mu biako a ɔbaa hɔ bɛtee sɛ wɔredi anobaabae no hui sɛ wabua wɔn nsɛm no yiye no, obisaa no sɛ: “Mmara no mu nea ɛwɔ he na edi kan?”+ 29 Yesu buae sɛ: “Nea edi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,+ 30 na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+ 31 Nea ɛto so abien ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sen eyinom.” 32 Ɔkyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nea woaka no yɛ nokware turodoo, ‘Ɔyɛ Koro, na obiara nni hɔ sɛ Ɔno’;+ 33 na obi koma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa a ɔde bɛdɔ no, na wadɔ ne yɔnko sɛ ne ho no som bo koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa.”+ 34 Afei bere a Yesu hui sɛ wabua no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” Na obiara annya akokoduru ammisa no asɛm biara bio.+
35 Nanso bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ a ɔrema mmuae no, ɔtoaa so kae sɛ: “Dɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?+ 36 Honhom kronkron+ maa Dawid ankasa kae sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 37 Dawid ankasa frɛɛ no ‘Owura,’ ɛnde ɛyɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+
Ná nnipakuw kɛse no retie no anigye so.+ 38 Na ɔtoaa so kae wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo+ a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade atenten kyinkyin, na wɔpɛ gua so nkyia 39 ne hyiadan mu nkongua a ɛwɔ anim ne mpanyin tenabea wɔ anwummeduan ase no ho.+ 40 Wɔn na wɔmemene akunafo afie+ na nyaatwom nti wɔbɔ mpae atenten; eyinom benya atemmu a emu yɛ duru.”+
41 Na ɔtenaa ase a n’ani tua sika nnaka+ no, na ofii ase hwɛɛ sɛnea nnipakuw no de sika gu sika nnaka no mu; na adefo bebree de sika bebree beguu mu.+ 42 Ɛnna okunafo hiani bi bae de nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara beguu mu.+ 43 Enti ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ nea saa okunafo hiani yi de agu mu no sen wɔn a wɔde bi abegu sika nnaka no mu nyinaa;+ 44 efisɛ wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama aboro so mu na wɔde abegu mu, na ɔno de ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenade nyinaa, abegu mu.”+