Numeri
23 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Yɛ afɔremuka ason wɔ ha+ na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha.” 2 Na Balak yɛɛ nea Balaam kae no ntɛm ara. Afei Balak ne Balaam de nantwinini biako ne odwennini biako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+ 3 Ɛnna Balaam san ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Gyina wo hyew afɔre no ho+ na mereba. Ebia Yehowa behyia me aka biribi akyerɛ me.+ Ɛba saa a, biribiara a ɔbɛkyerɛ me no mɛka akyerɛ wo.” Na okogyinaa koko pradada bi so.
4 Bere a Onyankopɔn hyiaa Balaam+ no, Balaam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mayɛ afɔremuka ason, na mede nantwinini biako ne odwennini biako abɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.”+ 5 Na Yehowa de n’asɛm hyɛɛ Balaam ano,+ na ɔkae sɛ: “San kɔ Balak nkyɛn kɔka asɛm yi kyerɛ no.”+ 6 Enti ɔsan kɔɔ ne nkyɛn kohui sɛ ɔne Moab mpanyimfo nyinaa gyinagyina ne hyew afɔre no ho. 7 Afei ɔkae wɔ anwensɛm+ mu sɛ:
“Moab hene Balak bɛfaa me fii Aram,+
Ɔde me fi apuei fam mmepɔw so bae sɛ:
‘Bra bɛdome Yakob ma me.
Bra bɛbɔ Israel ti so mmusu.’+
8 Nanso wɔn a Onyankopɔn mmɔɔ wɔn dua no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn dua?+
Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn ti so mmusu no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn ti so mmusu?+
9 Migyina abotan so no, mihuu wɔn,
Na migyina nkoko so no, na m’ani tua wɔn.
Wɔyɛ nkurɔfo a wɔatew wɔn ho,+
Na wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+
10 Hena na watumi abu Yakob mfutuma ano,+
Na hena na watumi akan Israel nkyem anan mu biako?
Ma me kra nwu treneefo wu,+
Na ma enwie me sɛ wɔn.”+
11 Ɛnna Balak bisaa Balaam sɛ: “Dɛn na woayɛ me yi? Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua ma me, nanso wode nhyira aguare wɔn.”+ 12 Na obuaa no sɛ: “Ɛnyɛ nea Yehowa de bɛhyɛ m’ano na ɛsɛ sɛ meka?”+
13 Afei Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo bra ma yenkogyina baabi foforo a wubehu wɔn. Na ɛhɔ de, worenhu wɔn nyinaa; wɔn mu kakraa bi na wubehu wɔn.+ Na bɔ wɔn dua ma me.”+ 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim kogyinaa bepɔw Pisga+ so, na ɔyɛɛ afɔremuka ason de nantwinini biako ne odwennini biako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+ 15 Akyiri yi ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Wo de, gyina wo hyew afɔre ho na minkotie nea ɔbɛka.” 16 Na Yehowa hyiaa Balaam de n’asɛm hyɛɛ n’ano, na ɔkae sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn+ kɔka asɛm yi kyerɛ no.” 17 Enti ɔsan kɔɔ ne nkyɛn kohui sɛ ɔne Moab mpanyimfo nyinaa gyinagyina ne hyew afɔre no ho. Na Balak bisaa no sɛ: “Dɛn na Yehowa kae?” 18 Afei ɔkae wɔ anwensɛm mu sɛ:+
“Sɔre tie, Balak.
Yɛ aso ma me, Sipor ba.+
19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro,+
Na ɔnyɛ ɔdesani na wanu ne ho.+
Waka biribi a ɔrenyɛ anaa?
Na waka asɛm bi a ɔremma ɛmma mu anaa?+
21 Onhui sɛ mmusu+ bi reba Yakob so,
Na onhui sɛ amane bi reba Israel so.
Ne Nyankopɔn Yehowa ka ne ho,+
Na ne mu na wɔbɔ gye ɔhene bi so.
23 Obiara ntumi nto Yakob aduru,+
Na obiara ntumi nhyɛ abosonkɔm ntia Israel.+
Afei wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho sɛ,
‘Monhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’+
24 Hwɛ, ɔman bi bɛsɔre agyina te sɛ gyata,
Na ɔbɛma ne mu so te sɛ gyata.+
Ɔrenna hɔ gye sɛ wakyere aboa bi awe,
Na ɔbɛnom wɔn a wakum wɔn no mogya.”+
25 Afei Balak ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Sɛ wuntumi mmɔ no dua a gyae, na nhyira no nso.” 26 Balaam nso buaa no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ, ‘Nea Yehowa bɛka biara mɛyɛ’?”+
27 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mesrɛ wo bra. Ma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia ɛhɔ de nokware Nyankopɔn no bɛpene ma woabɔ no dua ama me.”+ 28 Enti Balak de no foro kɔɔ Peor a ɛhwɛ Yesimon+ no so. 29 Afei Balaam+ ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Yɛ afɔremuka ason wɔ ha na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason brɛ me.”+ 30 Na Balak yɛɛ nea Balaam kae no, na ɔde nantwinini biako ne odwennini biako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka biara so.+