Numeri
2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Wɔahyehyɛ Israelfo ayɛ wɔn asafo a mmusua abiɛsa+ na ɛwɔ asafo biara mu. Enti Israelfo no ntena baabi a obiara asafo wɔ. Wɔnyɛ saa wɔ beae a wɔn agyanom fie ahyɛnsode wɔ. Wɔnyɛ wɔn atenae wɔ ahyiae ntamadan no anim ntwa ho nhyia.
3 “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ apuei fam, baabi a owia pue fi no ne mmusua abiɛsa asafo a Yuda abusuakuw da wɔn ano no. Na Yuda abusuapanyin ne Aminadab ba Naason.+ 4 Na n’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia.+ 5 Wɔn a wɔbɛtoa no so wɔ nsraban no mu ne Isakar abusuakuw+ no. Na Isakar abusuapanyin ne Suar ba Netanel.+ 6 Na n’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonum anan ne ahanan.+ 7 Wɔn a wɔka ho ne Sebulon abusuakuw no. Na Sebulon abusuapanyin ne Helon ba Eliab.+ 8 Na n’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonum ason ne ahanan.+
9 “Enti dɔm a wɔwɔ Yuda nsraban no mu a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahanan. Wɔn na wobedi anim.+
10 “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ anafo fam ne mmusua abiɛsa asafo a Ruben abusuakuw da wɔn ano+ no. Na Ruben abusuapanyin ne Sedeo ba Elisur.+ 11 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduanan asia ne ahanum.+ 12 Wɔn a wɔbɛtoa no so wɔ nsraban no mu ne Simeon abusuakuw no. Na Simeon abusuapanyin ne Surisadai ba Selumiel.+ 13 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonum akron ne ahasa.+ 14 Wɔn a wɔka ho ne Gad abusuakuw no. Na Gad abusuapanyin ne Reuel ba Eliasaf.+ 15 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduanan anum, ahansia aduonum.+
16 “Enti dɔm a wɔwɔ Ruben nsraban mu a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduonum biako, ahanan aduonum. Wɔn na wɔbɛto so abien akɔ.+
17 “Sɛ ɛba sɛ wɔde ahyiae ntamadan+ no rekɔ a, Lewifo+ no bedi nsra no mfinimfini.
“Sɛnea wɔahyehyɛ wɔn wɔ nsraban no mu no, saa ara na wotu a wɔnhyehyɛ wɔn ho,+ obiara nni n’afa. Ɔfã a wɔde ama mmusua abiɛsa biara no, saa ara na wonni so nkɔ.
18 “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ atɔe fam ne mmusua abiɛsa asafo a Efraim abusuakuw da wɔn ano+ no. Na Efraim abusuapanyin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduanan ne ahanum.+ 20 Wɔn a wɔbɛtoa no so wɔ nsraban no mu ne Manase abusuakuw no. Na Manase abusuapanyin+ ne Pedasur ba Gamaliel.+ 21 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduasa abien ne ahanu.+ 22 Wɔn a wɔka ho ne Benyamin abusuakuw+ no. Na Benyamin abusuapanyin ne Gideoni ba Abidan.+ 23 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduasa anum ne ahanan.+
24 “Enti dɔm a wɔwɔ Efraim nsraban mu a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha. Wɔn na wɔbɛto so abiɛsa akɔ.+
25 “Wɔn a wobesi wɔn ntamadan wɔ atifi fam ne mmusua abiɛsa asafo a Dan abusuakuw da wɔn ano no. Na Dan abusuapanyin ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduosia abien ne ahanson.+ 27 Wɔn a wɔbɛtoa no so ne Aser abusuakuw no. Na Aser abusuapanyin ne Okran ba Pagiel.+ 28 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduanan biako ne ahanum.+ 29 Wɔn a wɔka ho ne Naftali abusuakuw+ no. Na Naftali abusuapanyin ne Enan ba Ahira.+ 30 N’asafo a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahanan.+
31 “Enti wɔn a wɔwɔ Dan nsraban mu a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia. Wɔn na wobedi akyi,+ sɛnea mmusua abiɛsa asafo horow no te.”
32 Eyinom ne Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn agyanom fie te. Nsraban no nyinaa mufo ne wɔn dɔm a wɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem ahansia ne abiɛsa, ahanum aduonum.+ 33 Nanso sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo+ no anka Israelfo a aka no ho. 34 Na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa.+ Ɔfã a wɔde maa mmusua abiɛsa biara no, saa ara na wɔhyehyɛɛ wɔn ho+ wɔ nsraban no mu, na wotu nso a, wɔhyehyɛ wɔn ho saa ara.+ Obiara ne n’abusua ne n’agyanom fie wɔ faako.