Hosea
6 “Mommra mma yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn,+ efisɛ watetew yɛn mu de,+ nanso ɔbɛsa yɛn yare;+ wapira yɛn, nanso ɔbɛkyekyere yɛn akuru.+ 2 Nnanu akyi no, ɔbɛma yɛanya nkwa.+ Na da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛatena ase wɔ n’anim.+ 3 Yebehu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no ahu no.+ Obefi adi; eyi si pi+ te sɛ adekyee.+ Ɔbɛba ama yɛn te sɛ osu a ɛretɔ,+ te sɛ adonsu a ɛfɔw asase.”+
4 “Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda?+ Hwɛ, mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, te sɛ obosu a ɛyera ntɛm. 5 Enti mɛma adiyifo no atwa wɔn afi hɔ;+ mede m’anom asɛm bekum wɔn.+ Na atemmu bɛba wo so te sɛ hann a apue.+ 6 Mepɛ adɔe,+ na ɛnyɛ afɔrebɔ;+ Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre.+ 7 Nanso wɔabu apam no so+ te sɛ ɔdesani, na ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.+ 8 Gilead+ yɛ amumɔyɛfo kurow; wɔn anammɔn yɛ mogya.+ 9 Asɔfo no yɛ adwowtwafo+ dɔm a wɔtɛw nnipa.+ Na wodi awu wɔ Sekem+ kwankyɛn, efisɛ abusude adi wɔn ti.+ 10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israel fie.+ Ɛhɔ na Efraim bɔɔ aguaman.+ Israel agu ne ho fĩ.+ 11 O Yuda, wɔayi otwabere bi asi hɔ ama wo, bere a mɛboa me manfo a wɔwɔ nkoasom mu ano aba no.”+