Hesekiel
18 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Motaa fa abebusɛm yi ka wɔ Israel asase so sɛ, ‘Agyanom di bobe bun, nanso mma na wɔn sẽ fem.’+ Asɛm yi, mote ase dɛn?
3 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Sɛ mete ase yi, morentumi mmu bɛ yi bio wɔ Israel. 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛnea agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na obewu.+
5 “‘Sɛ ɔtreneeni di asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ;+ 6 sɛ wanni abosonnuan+ wɔ bepɔw so,+ wamma n’ani so anhwɛ Israel fie abosom fĩ,+ wangu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na wankɔ ɔbea a ne ho agu fĩ ho;+ 7 sɛ wantan obiara ani+ na ɔde ohiani awowade san ma no,+ na ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no+ na ofura nea ne ho da so ntama;+ 8 sɛ wamfa biribiara amma annye mfɛntom+ anaa apempensika,+ na oyi ne nsa fi nsisi ho,+ na obu onipa ne ne yɔnko ntam atɛmpa;+ 9 sɛ ɔnantew m’ahyɛde mu,+ na odi m’atemmusɛm so na odi nokware+ a, na ɔyɛ ɔtreneeni.+ Ɔbɛtena nkwa mu,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.
10 “‘Sɛ obi ba dan odwowtwafo+ hwie mogya gu+ na ɔyɛ eyinom nyinaa bi 11 (nanso ɔno de, wanyɛ eyinom biara bi); sɛ odi abosonnuan wɔ bepɔw so+ na ogu ne yɔnko yere ho fĩ;+ 12 sɛ ɔtan ɔbrɛfo ne ohiani ani+ na ɔbɔ nkurɔfo apoo hwim wɔn nsam nneɛma,+ ɔmfa ahiafo awowade mma wɔn+ na ɔma n’ani so hwɛ abosom fĩ+ a, na wayɛ akyide.+ 13 Sɛ ɔbɔ bosea gye apempensika+ ne mfɛntom+ a, ɔrennya nkwa. Esiane sɛ wayɛ akyide yi nyinaa bi nti,+ okum na wobekum no. Ɔno ankasa mogya bebua ne ti so.+
14 “‘Obi nso wɔ ɔba a ohuu bɔne a ne papa yɛe nyinaa, nanso wanyɛ bi.+ 15 Wanni abosonnuan wɔ bepɔw so, wamma n’ani so anhwɛ Israel fie abosom fĩ,+ na wangu ne yɔnko yere ho fĩ;+ 16 wantan obiara ani+ na wannye ohiani awowade,+ wammɔ obiara apoo,+ ɔde n’aduan ama nea ɔkɔm de no,+ na wafura nea ne ho da so ntama;+ 17 sɛ wanhaw ɔbrɛfo na wannye apempensika+ anaa mfɛntom+ biara, na odi m’atemmusɛm so+ na ɔnantew m’ahyɛde mu+ a, ɔrenwu wɔ ne papa bɔne mu.+ Nkwa na obenya.+ 18 Ne papa de, esiane sɛ ɔyɛ osisifo+ na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma+ na nea enye nkutoo na ɔyɛe wɔ ne man mu nti,+ obewu ne bɔne mu.+
19 “‘Afei mubebisa sɛ: “Dɛn nti na ɔba no ansoa agya no bɔne no bi?”+ Ɔba no de, odii asɛntrenee yɛɛ nea ɛteɛ,+ na odii m’ahyɛde nyinaa so, na ɔda so di so.+ Enti nkwa na obenya.+ 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.+ Ɔba rensoa agya bɔne, na agya rensoa ɔba bɔne.+ Ɔtreneeni trenee bɛba n’ankasa so,+ na ɔbɔnefo nso bɔne bɛba n’ankasa so.+
21 “‘Sɛ ɔbɔnefo dan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho+ bedi m’ahyɛde nyinaa so, na odi asɛntrenee yɛ nea ɛteɛ a,+ nkwa na obenya; ɔrenwu.+ 22 Bɔne a wayɛ biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Adetrenee a wayɛ nti, obenya nkwa.’+
23 “‘So ɔbɔnefo wu na m’ani gye ho?+ Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ ɔbɛdan afi n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.
24 “‘Sɛ ɔtreneeni dan fi ne trenee ho kodi amumɔyɛsɛm,+ na ɔyɛ akyide a ɔbɔnefo yɛ no nyinaa bi+ na ɔda so te ase a, wɔrenkae adetrenee a wayɛ no mu biara.+ N’amumɔyɛ ne ne bɔne nti, obewu.+
25 “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, monyɛ aso ntie. So m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?+
26 “‘Sɛ ɔtreneeni dan fi ne trenee ho kodi amumɔyɛsɛm+ na owu wɔ mu a, n’amumɔyɛ nti na wawu.+
27 “‘Nanso sɛ ɔbɔnefo dan fi ne kwammɔne so bedi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a,+ obegye ne kra nkwa.+ 28 Sɛ ohu+ abɔnefosɛm a wadi na ogyae ne nyinaa a,+ nkwa na obenya; ɔrenwu.+
29 “‘Afei Israel fie bɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fie, so m’akwan nteɛ ampa?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?’+
30 “‘Enti Israel fie, mebu mo atɛn sɛnea obiara akwan te,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.+ ‘Ne saa nti monsan na monnan mfi mo akwammɔne nyinaa so,+ na mommma biribiara nnto mo hintidua nnkɔ bɔne mu.+ 31 Montow mo mmaratosɛm a mode too mmara+ no nyinaa mfi mo so ngu na munnya koma+ foforo ne honhom foforo.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi,+ Israel fie?’
32 “‘M’ani nnye ho sɛ obi bewu.+ Enti monsan na munnya nkwa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”