Yeremia
37 Na Yosia+ ba Ɔhene Sedekia+ a Babilon hene Nebukadresar sii no hene Yuda+ asase so no, obesii Yehoiakim+ ba Konia+ ananmu dii ade. 2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nnipa antie Yehowa asɛm+ a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.+
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal+ ne ɔsɔfo Maaseia+ ba Sefania+ kɔɔ odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mpae ma yɛn.”+ 4 Saa bere no, na Yeremia di ɔman no mu akɔneaba,+ efisɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. 5 Na Farao asraafodɔm fi Egypt+ bae, na Kaldeafo a wɔabetwa Yerusalem ho ahyia no tee. Enti wɔtwee wɔn ho fii Yerusalem kɔe.+ 6 Ɛnna Yehowa asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: 7 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa me hɔ ade no+ sɛ: “Hwɛ! Farao asraafodɔm a wɔafi adi reba mo nkyɛn abɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn asase so wɔ Egypt.+ 8 Kaldeafo no bɛsan aba na wɔne nkurow yi abɛko afa na wɔde ogya ahyew.”+ 9 Nea Yehowa aka ni: “Monnnaadaa mo kra+ na monnka sɛ, ‘Kaldeafo no befi yɛn so akɔ,’ efisɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mukunkum Kaldeafo asraafodɔm a wɔne mo reko+ no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo+ mpo a, wɔbɛsɔre afi wɔn ntamadan mu mmiako mmiako na wɔde ogya abɛhyew kurow yi.”’”
11 Na bere a Farao+ asraafodɔm nti Kaldeafo asraafodɔm twee wɔn ho fii Yerusalem kɔe no,+ 12 Yeremia siim sɛ ɔrefi Yerusalem akɔ Benyamin+ asase so na wakogye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfo mu. 13 Na bere a oduu Benyamin Pon+ no ano no, ɔkɔtoo ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no wɔ hɔ. Ɛhɔ ara na osoo odiyifo Yeremia mu sɛ: “Kaldeafo afã na woredan akɔ!” 14 Na Yeremia kae sɛ: “Ɛnyɛ nokware!+ Mennan nkɔɔ Kaldeafo afã.” Nanso wantie. Enti Yiria soo Yeremia mu de no kɔmaa mpanyimfo no. 15 Na mpanyimfo+ no bo fuw Yeremia,+ na wɔhwee no+ de no too afiase+ wɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan fie,+ efisɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ afiase.+ 16 Bere a Yeremia kɔɔ abura+ dan no ne ntokuru no mu no, Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahintawee mu.+ Na obisaa no sɛ: “Asɛm bi a efi Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Afei Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi+ a enti mode me ato afiase yi? 19 Ɛhe na mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo ne asase yi so’+ no wɔ? 20 Enti afei me wura ɔhene, mesrɛ wo tie. Ma m’adesrɛ+ nnu w’anim, na nsan mfa me nkɔ ɔkyerɛwfo Yehonatan+ fie hɔ na manwu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfo Aban+ mu. Na wɔmaa no paanoo a efi paanootofo borɔn+ so daa kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban+ mu hɔ.