Yesaia
7 Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no bere so no, Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no bae sɛ wɔrebɛko atia Yerusalem, nanso wɔantumi kurow no.+ 2 Na wɔbɛbɔɔ Dawid fie amanneɛ sɛ: “Siria de ne ho atweri Efraim.”+
Na ne koma ne ne man koma wosowee te sɛ kwae mu nnua a mframa wosow no.+
3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Mesrɛ wo, fi adi na wo ne wo ba Sear-Yasub*+ nkohyia Ahas. Wubehu no wɔ atifi fam ɔtare no suka ho,+ ɔtempɔn a ɛkɔ ntamasifo asase so no so.+ 4 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yiye, mma biribiara nnhaw wo.+ Nsuro, na mma wo koma nntu,+ nnyentia abien a etu wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia+ ba no abufuhyew nti. 5 Nsuro sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no abɔ wo ho pɔw bɔne sɛ: 6 “Momma yɛnkɔ Yuda so nkɔtetew ne mu na yemmubu mfa, na yensi Tabeel ba hene wɔ hɔ.”+
7 “‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Ɛrennyina, ɛremma so.+ 8 Siria ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin; mfe aduosia anum ntam wobebubu Efraim pasaa na anyɛ ɔman bio.+ 9 Efraim ti ne Samaria,+ na Samaria ti ne Remalia ba no.+ Sɛ munni gyidi a, morenkyɛ.”’”+
10 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 “Bisa Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmma wo sɛnkyerɛnne bi,+ sɛ ɛkɔ fam kodu Adamoa* mu tɔnn anaa ɛkɔ soro kodu ɔsoro pɛɛ mpo a.” 12 Nanso Ahas kae sɛ: “Meremmisa, na merensɔ Yehowa nhwɛ.”
13 Na ɔkae sɛ: “Dawid fie, mesrɛ mo muntie. Mususuw sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ mobɛhyɛ nnipa brɛ ɛnna moresan ahyɛ me Nyankopɔn brɛ yi?+ 14 Afei Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa+ no benyinsɛn+ awo ɔbabarima+ na wato no din Imanuel. 15 Bere a obehu sɛnea wɔpo bɔne paw papa no,+ na odi bɔta ne ɛwo. 16 Ansa na abofra no behu sɛnea wɔpo bɔne paw papa no,+ na wɔagyaw ahene baanu a musuro wɔn yi asase ato hɔ ma ada mpan.+ 17 Yehowa de nna bi bɛba wo ne wo manfo ne w’agya fie so,+ nna a efi bere a Efraim dan fii Yuda ho+ ebi mmae da; ɛno ne Asiria hene.+
18 “Na saa da no, Yehowa bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a wɔwɔ Egypt Nil asuasu ano ne nnowa+ a wɔwɔ Asiria asase so.+ 19 Wɔn nyinaa bɛba yuu abesisi nsubon kuronkuron ne abotan mu ntokuru mu ne nsɔe so ne mmeae a nsu wɔ nyinaa.+
20 “Saa da no, Yehowa de oyiwan a wɔabɔ no paa wɔ asubɔnten kɛse no ho,+ kyerɛ sɛ Asiria hene,+ beyi eti ne nan ho nhwi na awerɛw bogyesɛ mpo.+
21 “Ɛda no, onipa bɛkora nantwi ba biako ne nguan abien so.+ 22 Na nufusu bebu so ma wadi bɔta, efisɛ bɔta ne ɛwo+ na wɔn a wɔaka asase no so nyinaa bedi.
23 “Saa da no, baabi a na bobe apem a ne bo yɛ nnwetɛbona apem+ wɔ no, ɛhɔ nyinaa bɛdan nsɔe ne nkyɛkyerɛ.+ 24 Bɛmma ne agyan na ɔde bɛba hɔ,+ efisɛ asase no nyinaa bɛdan nsɔe ne nkyɛkyerɛ. 25 Na mmepɔw a kan no na wɔde asɔw adɔw so nwura bɔne nyinaa no, worenkɔ hɔ bio, nsɔe ne nkyɛkyerɛ nti; na wobegyaa anantwi akɔ hɔ na nguan adi aforosian wɔ so.”+