Yesaia
58 “Teɛm denneennen; ntwentwɛn wo nan ase.+ Ma wo nne nnyigye sɛ abɛn na ka me man atuatew kyerɛ wɔn,+ na ka Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn. 2 Nanso wɔhwehwɛ me daa, na wɔpɛ sɛ wohu m’akwan+ te sɛ ɔman a wodi asɛntrenee, ɔman a wɔmpoo wɔn Nyankopɔn atɛntrenee;+ na wobisa atɛntrenee fi me nkyɛn, na wotwiw bɛn Onyankopɔn a wɔn ani gye ne ho no.+
3 “Na wobisa sɛ: ‘Dɛn nti na yedi mmuada na wunhu,+ na yɛn kra di awerɛhow+ na ɛmfa wo ho yi?’+
“Da a moredi mmuada no mugyee mo ani, na mupiapiaa mo adwumayɛfo nyinaa kɔyɛɛ adwuma.+ 4 Ntɔkwaw ne aperepere nti na mudii mmuada,+ na mobɔɔ akuturuku atirimɔden so.+ So moanni mmuada ansusuw sɛ ɛyɛ da a wɔbɛte mo nne wɔ soro? 5 Sɛɛ na ɛsɛ sɛ mmuadadi a mapaw no yɛ? So ɛsɛ sɛ ɛyɛ da a ɔdesani ma ne kra di awerɛhow?+ So ɛsɛ sɛ osi ne ti ase te sɛ demmire, na ɔtrɛw atweaatam mu de nsõ yɛ ne mpa?+ So eyi na mofrɛ no mmuadadi ne da a Yehowa ani sɔ no?+
6 “So ɛnyɛ eyi ne mmuadadi a mapaw? Sɛ mobɛsansan amumɔyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn,+ na moayi kɔndua ahama,+ na moama wɔn a wɔteetee wɔn no ade wɔn ho,+ na moabubu kɔndua nyinaa mu?+ 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+
8 “Ɛba saa a, wo hann bepue sɛ adekyee,+ na akwahosan befifi ama wo ntɛm.+ Wo trenee bedi w’anim+ na Yehowa anuonyam abɔ wo kyidɔm.+ 9 Afei wobɛfrɛ na Yehowa ankasa begye so; wubesu afrɛ no,+ na ɔbɛka sɛ, ‘Mini!’
“Sɛ wubeyi kɔndua afi wo mu,+ na woagyae wo nsa a wode kyerɛkyerɛ nkurɔfo so+ ne kasatia,+ 10 na wode nea wo kɔn dɔ ma nea ɔkɔm de no,+ na woma nea ne kra werɛ ahow mee a, wo hann bɛhyerɛn esum mu na wo sum kabii adan awia ketee.+ 11 Ɛbɛma Yehowa adi w’anim+ daa,+ na ɔbɛma wo kra amee wɔ asase kesee so+ na wama wo nnompe mu ayɛ den;+ wobɛyɛ sɛ turo a nsu sen wom,+ te sɛ asuti a emu nsu nni huammɔ. 12 Wo nti nnipa bɛkyekye tete amamfõ;+ wobɛma awo ntoatoaso nyinaa fapem so.+ Na wɔbɛfrɛ wo nea ɔyɛ akwan yiye,+ nea osiesie akwan ma wɔtena hɔ.
13 “Sɛ homeda nti wosan w’akyi na woanyɛ nea wopɛ me da kronkron no,+ na wofrɛ homeda ahurusidi, Yehowa da kronkron, nea wɔahyɛ no anuonyam,+ na wohyɛ no anuonyam na woamfa w’ankasa akwan so, anyɛ nea ɛsɔ w’ani ankeka nsɛnhunu a, 14 ɛnde wubedi ahurusi Yehowa mu,+ na mɛma woafa mmepɔw ne nkoko so.+ Na wubedi wo nana Yakob agyapade,+ efisɛ Yehowa ankasa ano na aka.”+