Yesaia
34 Aman, mommra mmetie;+ amanaman,+ monyɛ aso. Asase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,+ wiase+ ne nea ɛwom nyinaa.+ 2 Yehowa bo afuw aman nyinaa,+ na n’abufuhyew wɔ hɔ ma wɔn asraafodɔm nyinaa.+ Ɔbɛsɛe wɔn, ɔbɛma wɔakum wɔn.+ 3 Wɔbɛtow wɔn a wɔakunkum wɔn no agu, na wɔn afunu bɛbɔn kankaankan;+ na wɔn mogya bɛhono mmepɔw.+ 4 Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw.+ Na wɔbɛbobɔw ɔsoro+ sɛ nhoma mmobɔwee, na wɔn asafo bɛpo sɛnea bobe ahaban ne borɔdɔma a atwintwam po no.+
5 “Me nkrante ano bɛfɔw+ wɔ ɔsoro. Hwɛ, ebesian aba Edom so,+ ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn ama ɔsɛe+ no so. 6 Yehowa wɔ nkrante bi; ɛbɛnom mogya amee+ na srade afɔw ho twɔnn: adwennini ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade.+ Yehowa wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra, ne okunkɛse wɔ Edom+ asase so. 7 Na ɛkoɔ+ ne wɔn bɛba, anantwinini nkumaa ne wɔn a wɔn ho yɛ den+ nyinaa; na mogya bɛdonnɔn wɔn asase na srade afɔw wɔn dɔte twɔnn.”+
8 Yehowa wɔ akatua da,+ asotwe afe a obedi ama Sion.+
9 Ne nsuten bɛdan kootaa na ne dɔte adan sufre, na n’asase bɛyɛ sɛ kootaa a ɛrehyew.+ 10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wusiw bɛkɔ soro daa.+ Kurow no bɛwo ayɛ kesee wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+ 11 Na pokupoku ne kɔtɔkɔ begye hɔ afa, na patu asotenten ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ;+ na ɔde ɔsɛe susuhama+ ne amamfoyɛ prumo bɛto so. 12 N’adehye no mu biara nni hɔ a wɔde no bedi hene, na n’abirɛmpɔn nyinaa bɛyera koraa.+ 13 Nsɔe befifi n’abantenten so, na nsasono ne kokora afifi n’abannennen mu.+ Ɔbɛyɛ sakraman asoɛe+ ne sohori adiwo.+ 14 Ɛhɔ na sare so mmoa ne mmoa a wɔpa so behyia, na adaemone abirekyi*+ besu afrɛ ne yɔnko. Anadwoboa bɛba abedwudwo ne ho na ɔde hɔ ayɛ n’ahomegyebea.+ 15 Ɛhɔ na ɔkyereben ayɛ ne buw atow ne nkesua, na ɛhɔ na obesow na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwini ase. Yiw, ɛhɔ na asansa+ behyia, obiara ne ne hokafo.
16 Monhwehwɛ Yehowa nhoma+ mu na monkenkan no den: biako mpo nyerae;+ obiara nni hɔ a onni ɔhokafo, efisɛ Yehowa ankasa ano na aka,+ na ne honhom na aboa wɔn ano.+ 17 Ɔno na wabɔ ntonto ama wɔn, na n’ankasa ne nsa na ɛde susuhama asusuw ama wɔn.+ Ɛbɛyɛ wɔn agyapade na wɔatena hɔ daa, awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.