Yesaia
13 Babilon ho atemmusɛm+ a Amus+ ba Yesaia hui ni: 2 “Momma ahyɛnsode+ bi so mfa nsi bepɔw petee so. Momma mo nne so mfrɛ wɔn, munnyama mo nsa+ na wɔmmra mmapɔmma pon ano.+ 3 Mede ahyɛde ama dɔm a matew wɔn ho no.+ Mafrɛ nnɔmmarima, nnipa a wɔn ahurusidi nni ano, sɛ wɔmpae m’abufuw nkyerɛ.+ 4 Muntie! Nnipadɔm wɔ mmepɔw so, biribi te sɛ dɔm gyegyeegye!+ Muntie! Ahenni bu fa so, aman a wɔaboaboa wɔn ano!+ Asafo Yehowa reboaboa asraafodɔm ano ama ɔko.+ 5 Wofi asase so akyirikyiri,+ ɔsoro ano tɔnn, reba, Yehowa ne n’atemmu akode, na wɔrebɛsɛe asase nyinaa.+
6 “Muntwa adwo+ na Yehowa da no abɛn!+ Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi ade nyinaa so Tumfoɔ no ankasa hɔ.+ 7 Enti nsa nyinaa mu begow na ɔdesani koma mũ no nyinaa anan.+ 8 Nkurɔfo adwene atu afra.+ Wɔasinsen na wɔte yaw; wɔte yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo.+ Obiara hwɛ ne yɔnko anim hãã, na wɔn anim ayɛ bosabosaa.+
9 “Hwɛ, Yehowa da no reba, na ɛbɛyɛ anibere ne abufuhyew da, ahummɔbɔ biara nnim. Asase no bɛdan amamfõ korakora+ na ɛso abɔnefo ase ahyew.+ 10 Ɔsoro nsoromma ne Kesil nsorommakuw+ renhyerɛn; na owia beduru sum bere a ɛrepue no ara, na ɔsram rensɔ ne kanea. 11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae no na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+ 12 Mɛma onipa ho ayɛ nã asen sika kɔkɔɔ amapa,+ na ɔdesani ho ayɛ nã asen Ofir sika.+ 13 Enti mɛma ɔsoro ahuru kutukutu,+ na asase awosow kitikiti afi ne sibea, asafo Yehowa abufuw nti,+ n’abufuhyew da no nti.+ 14 Obiara bɛdan ne ho akɔ ne nkurɔfo nkyɛn, na obiara beguan akɔ n’asase+ so te sɛ ɔwansan a wɔtaa no, anaa nguan a obiara mmoaboa wɔn ano.+ 15 Obiara a wobehu no no, wɔde ade behwirew no mu, na obiara a wɔbɛkyere no bɛtɔ nkrante ano.+ 16 Wɔbɛtetew wɔn mma mu wɔ wɔn anim.+ Na wɔbɛfow wɔn afie ato wɔn yerenom mmonnaa.+
17 “Hwɛ, merema Mediafo+ akɔ wɔn so. Wɔn de, wommu dwetɛ, na wɔn ani mmere sika kɔkɔɔ. 18 Wɔn agyan bɛtetew mmerante mpo mu.+ Na wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunum mma,+ na wɔn aniwa renhu mmofra mmɔbɔ. 19 Babilon yɛ ahemman anuonyam,+ afɛfɛde a Kaldeafo de kyerɛ wɔn ho.+ Nanso ɛbɛyɛ te sɛ bere a Onyankopɔn kaa Sodom ne Gomora butuwii no.+ 20 Obiara rentena mu da,+ na ɔrennya baabi ntena, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu.+ Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ, na nguanhwɛfo remma wɔn nguan mmutuw hɔ. 21 Ɛhɔ na kwayow so mmoa bɛda, na mpatu bɛhyɛ afie a wobegyaw ato hɔ no mu mã.+ Nsohori de hɔ bɛyɛ wɔn fie, na adaemone mmirekyi* behuruhuruw wɔ hɔ.+ 22 N’aban mu na sakraman besu,+ na ahemfie fɛfɛ hɔ na awɔ akɛse bɛtena. Ne bere abɛn, ne nna adu, na wɔrentwentwɛn so.”+