Ɔsɛnkafo
9 Mede eyi nyinaa hyɛɛ me komam, sɛ mɛhwehwɛ ne nyinaa mu,+ ɛne sɛ, treneefo ne anyansafo nnwuma wɔ nokware Nyankopɔn nsam.+ Adesamma nnim ɔdɔ ne ɔtan a aba atwam.+ 2 Nnipa nyinaa yɛ pɛ, na ade koro na wɔn nyinaa wɔ.+ Awiei koro+ na ɛda hɔ ma ɔtreneeni+ ne ɔdebɔneyɛfo,+ onipa pa ne ɔhotefo ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre nyinaa. Onipa pa ne ɔdebɔneyɛfo nyinaa yɛ pɛ;+ nea ɔka ntam ne nea osuro ntanka+ nso yɛ pɛ. 3 Eyi ne ɔbrɛ hunu nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu, sɛ́ awiei koro na ɛda hɔ ma obiara,+ enti nso na bɔne ahyɛ nnipa mma koma mã;+ abɔdansɛm+ wɔ wɔn komam, wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔde kɔ owu mu!+
4 Anidaso wɔ hɔ ma obiara a wɔkan no fra ateasefo, efisɛ ɔkraman a ɔte ase+ ye sen gyata a wawu.+ 5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu;+ awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+ 6 Afei nso wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw,+ na wonni nea wɔyɛ owia ase biara mu kyɛfa bio.+
7 Kɔ; fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsã,+ efisɛ nokware Nyankopɔn ani asɔ wo nnwuma dedaw.+ 8 Ma wo ntade nyɛ fitaa+ bere nyinaa, na mma ngo mmpa wo ti so.+ 9 Wo ne wo yere a wodɔ no ani nnye,+ wo nkwa nna huhuw a Onyankopɔn de ama wo owia ase, w’ahuhude nna nyinaa mu, efisɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu+ ne wo brɛ a wobrɛ owia ase no nyinaa mu. 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamoa*+ mu a worekɔ no.+
11 Mesan hwɛɛ owia ase na mihui sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu,+ na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu,+ na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan,+ na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade,+ na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom;+ efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.+ 12 Na onipa+ nso nnim ne bere.+ Sɛnea mpataa a woyi wɔn asau bɔne mu+ ne nnomaa a woyi wɔn afiri+ mu te no, saa ara na da bɔne+ to nnipa mma prɛko pɛ,+ na eyi wɔn sɛ afiri.
13 Eyi nso ne ade a mihui wɔ nyansa ho owia ase, na mihui sɛ ɛsõ: 14 Kurow ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi; ɔhenkɛse bi betwaa ho hyiae na ogyee ho aban akɛse.+ 15 Ná onyansafo hiani bi wɔ kurow no mu, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kurow no.+ Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16 Ɛnna mekae sɛ: “Nyansa ye sen tumi;+ nanso wobu ohiani nyansa animtiaa, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.”+
17 Anyansafo nsɛm a wɔka no brɛoo no, wotie+ sen nkwasea hene nteɛteɛm.+
18 Nyansa ye sen akode, na ɔdebɔneyɛfo biako pɛ betumi asɛe adepa bebree.+