Ɔsɛnkafo
1 Dawid ba, ɔsɛnkafo*+ a odii hene wɔ Yerusalem+ no nsɛm ni. 2 “Ahuhude mu ahuhude!”+ ɔsɛnkafo no na ose, “ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ ahuhude!”+ 3 Mfaso bɛn na onipa nya wɔ adwuma a ɔbrɛ yɛ+ owia ase nyinaa mu?+ 4 Awo ntoatoaso kɔ,+ na awo ntoatoaso ba,+ na asase de, etim hɔ daa.+ 5 Owia nso pue, na ɛkɔtɔ;+ ɛde ahopere kɔ n’afã, na ɛhɔ na ɛsan pue fi.+
6 Mframa kɔ anafo, na etwa ne ho kɔ atifi.+ Etwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ,+ na ɛsan twa kontonkron+ besi n’ananmu.
7 Nsubɔnten+ nyinaa sen kogu po+ mu, nanso ɛpo nyɛ mã+ da. Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba.+ 8 Ade nyinaa yɛ ɔbrɛ nko;+ obiara ntumi nka ho asɛm. Aniwa hwɛ ade a ɛmmee,+ na asõ nso tie asɛm a ɛmmrɛ.+ 9 Nea aba no, ɛno ara na ɛbɛba;+ na nea wɔayɛ no, ɛno ara na wɔbɛyɛ; enti ade foforo biara nni owia ase.+ 10 Dɛn na ɛwɔ hɔ a obi betumi aka ho asɛm sɛ: “Hwɛ ade foforo a aba”? Ɛno ara na ɛwɔ hɔ fi tete;+ nea aba biara wɔ hɔ ansa na yɛreba.+ 11 Nkae biara nni hɔ mma tetefo no, na nkyirimma nso rennya nkae bi.+ Wɔn a wɔbɛba wɔn akyi nso rennya nkae bi mma wɔn.+
12 Me, ɔsɛnkafo no, midii Israel so hene wɔ Yerusalem.+ 13 Na mede me koma sii so sɛ mɛpɛ nyansa+ akyi kwan na mahwehwɛ mu ahu biribiara a wɔyɛ wɔ ɔsoro ase no mu—ɔbrɛdwuma a Onyankopɔn de ama adesamma sɛ wɔnyɛ no.+ 14 Na mihuu nnwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa,+ na hwɛ! ade nyinaa yɛ ahuhude ne adehunu akyidi.+
15 Nea akyea no, wɔrentumi nteɛ no,+ na nea enni hɔ nso, wɔrentumi nkan. 16 Na me de, mekae wɔ me komam+ sɛ: “Hwɛ! Mahu nyansa pii asen wɔn a wodii m’anim Yerusalem+ nyinaa, na me koma ahu nyansa ne nimdeɛ pii.”+ 17 Mede me koma hwehwɛɛ nyansa ne adammɔ,+ na mabehu nkwaseasɛm;+ ɛno nso yɛ adehunu akyidi.+ 18 Nyansa bebrebe de ahometew bebree ba,+ enti nea ɔma ne nimdeɛ dɔɔso no ma ne yaw dɔɔso.+