Mmebusɛm
5 Me ba, tie me nyansa.+ Yɛ aso ma me na woanya nhumu,+ 2 na woakora adwempa+ so; ma w’ano nkora nimdeɛ+ so.
3 Ɔbea hohwini* anom nsɛm sosɔ sɛ ɛwokyɛm,+ n’ano yɛ dɛ.*+ 4 Na akyi asɛm yɛ nwene sɛ awɔnwene;+ ano yɛ nnam sɛ nkrante anofanu.+ 5 Ne nan sian kɔ owu mu.+ Na n’anammɔn kɔ Adamoa* mu.+ 6 Nkwa kwan de, onnwen ho.+ N’akwan man kɔ baabi a onnim.+ 7 Na afei, me mma, muntie me,+ mummfi m’anom nsɛm ho.+ 8 Twe wo ho fi ne ho koraa, na mmɛn ne fie kwan ano,+ 9 na woamfa w’anuonyam amma ebinom,+ na woamfa wo mfe ansesa amanehunu;+ 10 na ahɔho amfa w’ahoɔden annyigye wɔn ani,+ na nea wobrɛ pɛe no ankodi ɔnanani fie,+ 11 na ɔkyena bi woansi apini,+ bere a wo nipadua ne wo honam asɛe awie+ no, 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛnea metan nteɛso+ na me koma buu ɔkasakyerɛ animtiaa!+ 13 Mantie m’afotufo nne,+ na manyɛ asõ amma m’akyerɛkyerɛfo.+ 14 Ankyɛ koraa, maba amanehunu nyinaa bi mu+ wɔ asafo ne baguafo anim.”+
15 Nom w’ahina mu nsu, ne nsu a ɛba w’abura mu.+ 16 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo nsu bɔ pete abɔnten,+ na w’asuten sen fa mmorɔn so? 17 Ma ɛnyɛ wo nkutoo dea, na ɛnnyɛ wo ne ahɔho dea.+ 18 Ma w’asuti nyɛ nhyira,+ na wo ne wo mmeranteberem yere ani nnye,+ 19 ɔdɔ satwe ne ɔwansan ɔhoɔfɛfo* no.+ Ma ne mpokua mmɔ wo dam daa.+ Tɔ ne dɔ mu ntintan bere nyinaa.+ 20 Enti me ba, adɛn na ɛsɛ sɛ wotɔ ɔbea hohwini ho ntintan, na wofam ɔbea huhuni?+ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ 22 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ebeyi no,+ na n’ankasa bɔne nhama na ɛbɛkyekyere no.+ 23 Owu na obewu efisɛ wannye nteɛso,+ na ne nkwaseasɛm dodow nti ɔyera.+