Mmebusɛm
3 Me ba, mma wo werɛ mmfi m’ahyɛde,+ na me mmara nsɛm nso, ma wo koma nni so,+ 2 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe+ ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.+ 3 Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo.+ Fa to wo kɔn mu.+ Kyerɛw wɔ wo koma pon so,+ 4 na woanya adom ne ntease pa wɔ Onyankopɔn ne onipa anim.+ 5 Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.+ 6 Hu no w’akwan nyinaa mu,+ na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.+
7 Nyɛ w’ani so onyansafo.+ Suro Yehowa na dan fi bɔne ho.+ 8 Ma ɛnyɛ ayaresa+ mma wo funuma, na ɛnyɛ ahotɔ mma wo nnompe.+
9 Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,+ ne wo nnɔbae nyinaa mu nea edi kan.+ 10 Ɛno na adedodow bɛyɛ w’adekora adan mã ama abu so,+ na nsã foforo abu so wɔ wo nsã-kyi-amoa mu.+
11 Me ba, mpo Yehowa nteɛso,+ na n’animka nso, nkyi,+ 12 efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim,+ sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm+ no.
13 Anigye ne onipa a ohu nyansa,+ ne onipa a onya nhumu,+ 14 efisɛ ɛyɛ ahonyade sen dwetɛ, na n’aba sen sika.+ 15 Ɛsom bo sen mmota,+ na afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ. 16 Onyinkyɛ wɔ ne nsa nifa mu;+ na ahonya ne anuonyam nso wɔ ne benkum mu.+ 17 N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’atempɔn nyinaa yɛ asomdwoe.+ 18 Ɛyɛ nkwa dua+ ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den+ no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.+
19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem.+ Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+ 20 Ne nimdeɛ mu na ɔpaee subun mu+ ma ɔsoro mununkum sosɔ obosu daa.+ 21 Me ba, mma emmfi w’ani so.+ Kora nyansa ne adwempa,+ 22 na ɛbɛyɛ nkwa ama wo kra+ ne anuonyam wɔ wo kɔn mu.+ 23 Ɛno na wobɛnantew dwoodwoo+ wo kwan so, na wo nan rempem biribi.+ 24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ hu;+ na wobɛda, na wo nna ayɛ wo dɛ.+ 25 Worensuro akomatusɛm a ɛbɛba wo so mpofirim biara,+ anaa ahum a ɛbɛba abɔnefo so no;+ 26 efisɛ Yehowa na ɔbɛyɛ w’ahotoso,+ na ɔno na ɔbɛbɔ wo nan ho ban na wɔankyere wo.+
27 Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ 28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ, na san bra, na ɔkyena mɛma wo,” bere a wowɔ biribi.+ 29 Mmɔ wo yɔnko ho pɔw bɔne+ biara, bere a ɔne wo te asomdwoe mu.+ 30 Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+ bere a ɔnyɛɛ wo bɔne+ biara.
31 Mma w’ani mmmere ɔsɛmmɔnedifo,+ na mfa n’akwan+ biara. 32 Yehowa+ kyi okontomponi,+ na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.+ 33 Yehowa nnome wɔ ɔbɔnefo fie so,+ na treneefo tenabea de, ohyira.+ 34 Afɛwdifo+ de, obedi wɔn ho fɛw;+ na ɔbɛdom ahobrɛasefo.+ 35 Anuonyam na anyansafo benya,+ na nkwasea de, animguasede na wɔn ani gye ho.+