Mmebusɛm
25 Eyinom nso yɛ Solomon mmebusɛm+ a Yuda hene Hesekia+ mmarima fa kyerɛwee:
2 Onyankopɔn anuonyam ne asɛm a wɔkora so,+ na ahene anuonyam ne asɛm a wɔhwehwɛ mu.+
3 Ɔsoro ware a ɛware,+ ne asase mu dɔ a ɛdɔ,+ ne ahene komam, enni hwehwɛbea.+
4 Ma wonyiyi dwetɛ mu fĩ, na ne nyinaa ho befi.+
5 Ma wonyi nnebɔneyɛfo mfi ɔhene anim,+ na n’ahengua betim trenee mu.+
6 Nhyɛ wo ho anuonyam ɔhene anim,+ na nkogyina atitiriw gyinabea.+ 7 Eye sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Bra soro ha,”+ sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw a w’aniwa ahu no no anim.+
8 Mpere wo ho nkɔtwe manso, na ebewie ase a wo yɔnko agu w’anim ase no, wo ho ankyere wo amma woanka sɛ menyɛ dɛn?+ 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi,+ 10 na nea otie no angu w’anim ase, na asɛmmɔne a woaka no anka hɔ.
11 Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.+
12 Onyansafo kasakyerɛ te sɛ sika asomuade ne sika amapa agude.+
13 Sɛnea sukyerɛmma dwo+ wɔ twabere mu no, saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no, efisɛ ɔma ne wuranom kra ahoɔden foforo.+
14 Nea ɔde nkontompo akyɛde hoahoa ne ho no te sɛ amununkum ne mframa a osu nni mu.+
15 Ntoboase na wɔde dan ɔsahene ti, na odwo tɛkrɛma tumi bu dompe mu.+
16 Ɛwo na woanya anaa?+ Di nea ɛbɛsõ wo, na woanni ammoro so, na woamfe.+
17 Mma wo nan nnyɛ ntiantia wɔ wo yɔnko fie, na wo ho amfono no amma wantan wo.
18 Sɛnea aporibaa ne nkrante ne agyan a wɔasew ano te no, saa ara na onipa a odi ne yɔnko ho adansekurum te.+
19 Hiada mu okontomponi mu ahotoso te sɛ ɛsẽ a abubu ne nan a ahodwow.+
20 Nea oyi n’atade wɔ awɔw mu no te sɛ nsã nyinyanyinya a wohwie gu gyakisi so ne odwontofo dwom wɔ awerɛhow koma mu.+
21 Sɛ ɔkɔm de nea ɔtan wo a, ma no aduan nni; na sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.+ 22 Na nsramma na woreboaboa ano agu n’atifi,+ na Yehowa na obetua wo ka.+
23 Atifi mframa wo osutɔ;+ na tɛkrɛma a eyi ahintasɛm adi nso wo amunamuna anim.+
24 Eye sɛ obi bɛtena ɔdan atifi mantwea baabi sen sɛ ɔne ɔyere gyigyefo bɛtena ofie biako mu.+
25 Sɛnea nsuonwini yɛ ɔkra a wabrɛ no,+ saa ara na amanneɛbɔ pa a efi akyirikyiri asase so te.+
26 Ɔtreneeni a ne ho popo ɔdebɔneyɛfo anim no te sɛ asuti a efĩ wom ne abura a asɛe.+
27 Ɛwo a wodi no fuu nye;+ na anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho no, so ɛyɛ anuonyam?+
28 Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so te sɛ kurow a wobubu kɔ mu a enni ɔfasu.+