Exodus
15 Afei Mose ne Israelfo no fii ase too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+
“Mɛto dwom ama Yehowa, efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+
Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte ne so nyinaa, waka wɔn ahyɛ po mu.+
2 Yah ne m’ahoɔden ne me tumi,+ ɔne me nkwagye.+
Me Nyankopɔn ni, meyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no ni,+ mɛma no so.+
3 Yehowa yɛ ɔko mu dɔmmarima.+ Ne din ne Yehowa.+
4 Farao nteaseɛnam ne n’asraafodɔm nyinaa, waka wɔn agu po mu,+
N’akofo mu akunini amem Po Kɔkɔɔ no mu.+
5 Nsu no bu faa wɔn so,+ na wɔkɔɔ ase tɔnn te sɛ ɔbo.+
7 W’anuonyam kɛse mu na wode wɔn a wɔsɔre tia wo hwe fam;+
Wosoma w’abufuhyew, na ɛhyew wɔn sɛ sare.+
8 Wo hwene mu huruhuro+ ka nsu boa ano;
Nsu a ayiri asram so gyinae dinn sɛ asubɔnten a wɔagye ho ban;
Na nsu no dae wɔ po no mfinimfini.
9 Ɔtamfo no kae sɛ, ‘Metiw wɔn;+ mɛto wɔn!+
Mɛkyɛ asade+ mu ama me kra amee!
Mɛtwe me nkrante, na me nsa bɛpam wɔn!’+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+
Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+
Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
12 Woteɛɛ wo nsa nifa,+ na asase menee wɔn.+
13 W’adɔe mu na wudii ɔman a woagye wɔn+ no anim;
Wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.+
16 Ehu bɛma wɔn ho awosow biribiri.+
Wo basa kɛse no bɛma wɔayɛ komm sɛ ɔbo,
Kosi sɛ wo Yehowa, wo man+ betwam,
17 Wode wɔn bɛba abedua wo bepɔw so, w’agyapade so,+
Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,+
Kronkronbea+ a wo, Yehowa, wo nsa de asi hɔ.
19 Bere a Farao apɔnkɔ+ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo no kɔɔ po no mu no,+
Yehowa maa po no mu nsu bɛkataa wɔn so,+
Na Israelfo no faa asase kesee so wɔ po no mfinimfini.”+
20 Afei odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nua+ no faa mpintin kurae,+ na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw dii n’akyi.+ 21 Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:+
“Monto dwom mma Yehowa,+ efisɛ n’anuonyam ayɛ kɛse.+
Waka ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so nyinaa ahyɛ po mu.”+
22 Akyiri yi Mose maa Israelfo no fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur+ sare so na wotwaa kwan nnansa wɔ sare no so, nanso wɔannya nsu.+ 23 Afei wobeduu Mara,+ nanso na ɛhɔ nsu no yɛ nwene, enti wɔantumi anom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no.+ 24 Na nkurɔfo no fii ase nwiinwii hyɛɛ Mose+ sɛ: “Dɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti osu frɛɛ Yehowa.+ Na Yehowa kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu ma ɛyɛɛ dɛ.+
Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde ne atemmusɛm, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe.+ 26 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara di n’ahyɛde nyinaa so+ a, meremfa ɔyare a mede baa Egyptfo so no biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+
27 Afei wobeduu Elim, na na asuti dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.+ Enti wɔsoɛɛ nsu no ho.