Exodus
13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ɔbarima biara a obebue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a odi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+
3 Na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Monkae da a woyii mo fii Egypt+ nkoafie no, efisɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii mo fii ha.+ Enti munnni biribiara a mmɔkaw wom.+ 4 Morefi ha nnɛ wɔ ɔsram Abib mu.+ 5 Na sɛ Yehowa de wo du Kanaanfo ne Hitifo ne Amorifo ne Hiwifo ne Yebusifo+ asase a nufusu ne ɛwo+ sen wɔ so a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo+ no so a, yɛ saa amanne yi wɔ ɔsram yi mu. 6 Di paanoo a mmɔkaw nnim nnanson,+ na da a ɛto so ason no yɛ Yehowa afahyɛ.+ 7 Enti di paanoo a mmɔkaw nnim nnanson;+ na ɛnsɛ sɛ wohu biribiara a mmɔkaw wom wɔ wo ho+ wɔ w’asase so baabiara.+ 8 Saa da no, ka kyerɛ wo ba sɛ, ‘Nea Yehowa yɛ maa me bere a mifii Egypt no nti na mereyɛ eyi.’+ 9 Ma ɛnyɛ sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyekyere wo nsa ne nkaede a ɛwɔ wo moma so+ na ama Yehowa mmara aka w’anom,+ efisɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo fii Egypt.+ 10 Na afe biara, bere no du a, kae na di saa ahyɛde yi so.+
11 “Afei sɛ Yehowa de wo du Kanaanfo+ asase so, sɛnea waka wo ne w’agyanom ntam+ no, na ɔde ma wo a, 12 fa ɔbarima biara a obue yafunu ano no ma Yehowa,+ ne wo mmoa mmakan+ nso. Anini no yɛ Yehowa dea.+ 13 Afurum ba a odi kan de, fa oguan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu.+ Na wo babarima biara a ɔyɛ abakan de, tɔ no.+
14 “Na sɛ akyiri yi wo ba bisa wo+ sɛ, ‘Eyi kyerɛ dɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii yɛn fii Egypt+ nkoafie.+ 15 Na Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ,+ enti Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asase so,+ efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a ebue yafunu ano+ nyinaa bɔ afɔre ma Yehowa no, nanso m’abakan biara de, metɔ no.’+ 16 Ma ɛnyɛ sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyekyere wo nsa ne nkaede a ɛbɔ wo moma so,+ efisɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii yɛn fii Egypt.”+
17 Na bere a Farao maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amfa wɔn amfa Filistifo asase so, ɛwom sɛ na ɛhɔ yɛ tiaa de, efisɛ Onyankopɔn kae sɛ: “Sɛ ɔko bi si a, nkurɔfo no benu wɔn ho sɛ wɔbae, na wɔbɛsan akɔ Egypt.”+ 18 Enti Onyankopɔn ma wɔkɔnwonwan faa sare so wɔ Po Kɔkɔɔ+ no ho. Nso bere a Israelfo no fi Egypt reba nyinaa, na wɔahyehyɛ wɔn ho sɛ asafodɔm.+ 19 Na Mose faa Yosef nnompe kaa ne ho, efisɛ na wama Israelfo no aka ntam, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn bɛdan n’ani aba mo so.+ Na monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afi ha akɔ.”+ 20 Afei wofii Sukot kɔsoɛɛ Etarm, wɔ sare no ano.+
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+ 22 Na omununkum dum no amfi wɔn anim awia, na ogya dum no nso amfi wɔn anim anadwo.+