Wɔde ma dwonkyerɛfo. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam; bere a Saul nti oguan kɔhyɛɛ ɔbodan mu no.+
57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,+
Na wo na me kra aguan abɛtoa wo;+
Wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ amanehunu yi betwam.+
2 Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na mefrɛ no, nokware Nyankopɔn no, nea me nti ɔde amanehunu no bɛba awiei no.+
3 Ɔbɛsoma afi soro abegye me.+
Ɔbɛma nea ɔpɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.
Onyankopɔn bɛsoma n’adɔe ne ne nokware.+
4 Me kra da agyata mu;+
Wɔn a wɔmene me, nnipa mma mu na meda,
Wɔn sẽ te sɛ mpeaw ne agyan,+
Na wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante nnamnam.+
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Ma w’anuonyam ntra asase nyinaa.+
6 Wɔde asau asum m’anammɔn afiri;+
Me kra abotow.+
Wɔatu amoa wɔ m’anim;
Wɔn ankasa akɔtɔ mu.+ Sela.
7 Me koma atim, O Onyankopɔn,+
Me koma atim.
Mɛto ayeyi dwom.+
8 M’anuonyam, nyan ɛ;+
Sanku, nyan ɛ; sankuten, wo nso nyan.+
Na menyan anɔpahema.
9 O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu;+
Mɛto ayeyi dwom ama wo aman nyinaa mu.+
10 Efisɛ w’adɔe sõ kodu ɔsoro,+
Na wo nokware kodu omununkum mu.+
11 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Ma w’anuonyam ntra asase nyinaa.