Wɔde ma dwonkyerɛfo, Adekyee Ɔforote so. Dawid dwom.
22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?+
Dɛn nti na wuntie+
Me nsɛm a mede teɛm?+
2 O me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyee, nanso wummua me;+
Na edu anadwo nso a, menka m’ano ntom.+
3 Woyɛ kronkron,+
Na Israel ayeyi atwa wo ho ahyia.+
4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo so;+
Wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn.+
5 Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo,+ na wugyee wɔn;+
Wo na wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.+
6 Na me de, meyɛ osunson,+ menyɛ onipa,
Meyɛ ahohorade ma nnipa ne atantanne ma aman.+
7 Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw;+
Wɔbaabae wɔn anom, na wɔwosowosow wɔn ti+ ka sɛ:
8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so.+ Ma Onnye no ɛ!+
Sɛ wagye no atom ampa a, ma onnye no nkwa!”+
9 Wone Nea oyii me fii ɔyafunu mu,+
Bere a mitua me maame nufu ano no,+ woma minyaa ahotoso.
10 Mifi ɔyafunu+ mu na wɔde me too wo so;
Wone me Nyankopɔn fi me maame yam.+
11 Mma me ne wo ntam nnware, efisɛ ahohia abɛn me,+
Na ɔboafo foforo bi nni hɔ.+
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+
Basan anantwinini ahoɔdenfo atwa me ho ahyia.+
13 Wɔabuebue wɔn anom hwɛ me+
Sɛ gyata a ɔretetew nam mu na ɔrebobom.+
14 Wɔahwie me agu sɛ nsu,+
Na me nnompe nyinaa ahunhuan.+
Me koma ayɛ sɛ srade;+
Anan wɔ me mu tɔnn.+
15 M’ahoɔden asa sɛ kyɛmfɛre,+
Me tɛkrɛma afam me dodom;+
Owu mfutuma mu na wode me asi.+
16 Akraman atwa me ho ahyia;+
Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+
Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.
17 Mitumi kan me nnompe nyinaa.+
Wɔn de, wɔhwɛ me, wɔhwɛ me hãã.+
18 Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa,+
Na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.+
19 O Yehowa, mma me ne wo ntam nnware.+
O m’ahoɔden,+ yɛ ntɛm bɛboa me.+
20 Gye me kra fi nkrante ano;+
Gye m’ade koro no fi ɔkraman nsam.+
21 Gye me fi gyata anom,+
Tie me na gye me fi ɛkoɔ mmɛn mu.+
22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+
Meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.+
23 Mo a musuro Yehowa nyinaa, munyi no ayɛ!+
Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam!+
Israel asefo nyinaa, mo ho mpopo n’anim.+
24 Wammu ɔmanehunufo animtiaa,+
Na wantan no n’amanehunu mu;+
Wamfa n’anim anhintaw no;+
Osu frɛɛ no no, otiei.+
25 Nea woayɛ nti na meyi wo ayɛ asafo kɛse mu;+
Metua me bɔhyɛ ade wɔ wɔn a wosuro wo no anim.+
26 Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee;+
Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no beyi no ayɛ.+
Mo koma nnya nkwa daa.+
27 Asase ano nyinaa bɛkae, na wɔadan aba Yehowa nkyɛn.+
Amanaman mmusuakuw nyinaa bɛkotow w’anim.+
28 Yehowa na ahenni wɔ no,+
Ɔno na odi amanaman so.+
29 Asase so akɛsefo nyinaa bedidi na wɔakotow;+
Wɔn a wɔkɔ mfutuma mu nyinaa bɛkotow n’anim,+
Na obiara renkora ne kra so da.+
30 Nkyirimma bɛsom no;+
Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso.+
31 Wɔbɛba na wɔabɛka ne trenee ho asɛm+
Akyerɛ wɔn a wɔbɛwo wɔn no sɛ ɔno na wayɛ eyi.+