148 Munyi Yah ayɛ!+
Mumfi ɔsoro nyi Yehowa ayɛ,+
Munyi no ayɛ wɔ sorosoro.+
2 N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ.+
N’asafodɔm nyinaa, munyi no ayɛ.+
3 Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ.+
Nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, munyi no ayɛ.+
4 Ɔsoro mu soro, munyi no ayɛ,+
Nsu a ɛwɔ ɔsoro atifi+ nso, munyi no ayɛ.
5 Momma ne nyinaa nyi Yehowa din ayɛ,+
Na ɔno na ɔhyɛ ma ɛbae.+
6 Ɔma ne nyinaa gyina daa daa.+
Ɔde ahyɛde ama, na ɛrentwam.+
7 Munyi Yehowa ayɛ wɔ asase so,+
Nsuboa ne subun nyinaa,+
8 Ogya ne amparuwbo, sukyerɛmma ne wusiw kumɔnn,+
Ahum a edi n’asɛm so,+
9 Mmepɔw ne nkoko nyinaa,+
Nnua a ɛsow aba ne nkyeneduru nyinaa,+
10 Wuram mmoa ne afieboa nyinaa,+
Mmoa a mowea ne ntakraboa,+
11 Asase so ahene+ ne aman nyinaa,
Mmapɔmma+ ne asase so atemmufo nyinaa,+
12 Mmerante+ ne mmaabun,+
Nkwakoraa+ ne mmarimaa.+
13 Momma wonyi Yehowa din ayɛ,+
Na ne din nkutoo na ɛkorɔn kyɛn so.+
Ne nidi tra asase ne ɔsoro.+
14 Ɔbɛma ne man abɛn so,+
Ɔbɛma n’anokwafo nyinaa ayeyi so,+
Ɔbɛma Israel mma a wɔbɛn no no ayeyi so.+
Munyi Yah ayɛ!+