Nnwom Ɔsoro-foro Dwom. 121 Mɛma m’ani so akyerɛ mmepɔw.+Ɛhe na me mmoa befi aba?+ 2 Me mmoa fi Yehowa,+Ɔsoro ne asase Yɛfo no.+ 3 Ɔremma wo nan nhintiw da.+Nea ɔwɛn wo no, ɔrentɔ nko.+ 4 Hwɛ! Nea ɔwɛn Israel no,+Ɔrentɔ nko na wada.+ 5 Yehowa wɛn wo.+Yehowa ne wo nwini,+ wo nsa nifa so.+ 6 Owia renhye wo awiabere,+Na ɔsram nso rempira wo anadwo.+ 7 Yehowa na ɔbɛwɛn wo, mmusu nyinaa mu.+Ɔbɛwɛn wo kra.+ 8 Yehowa bɛwɛn wo nkɔree ne wo mmae+Afi nnɛ de akosi daa.+